< 역대하 21 >
1 여호사밧이 그 열조와 함께 자매 그 열조와 함께 다윗성에 장사되고 그 아들 여호람이 대신하여 왕이 되니라
Ɛberɛ a Yehosafat wuiɛ no, wɔsiee no wɔ nʼagyanom nkyɛn wɔ Dawid kurom. Na ne babarima Yehoram dii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
2 여호사밧의 아들 여호람의 아우 아사랴와 여히엘과 스가랴와 아사랴와 미가엘과 스바댜는 다 유다 왕 여호사밧의 아들이라
Yehoram nuanom mmarima a na wɔyɛ Yehosafat mmammarima foforɔ bi no ne Asaria, Yehiel, Sakaria, Asaria, Mikael ne Sefatia.
3 그 부친이 저희에게는 은금과 보물과 유다 견고한 성읍들을 선물로 후히 주었고 여호람은 장자인고로 왕위를 주었더니
Wɔn agya maa wɔn mu biara akyɛdeɛ a ɛsom bo, a ɛyɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne aboɔdenneɛ, na afei, ɔde Yuda nkuro a wɔabɔ ho ban no bi kyekyɛɛ wɔn. Na ɛsiane sɛ Yehoram yɛ abakan enti, ɔbɛyɛɛ ɔhene.
4 여호람이 그 부친의 위에 올라 세력을 얻은 후에 그 모든 아우와 이스라엘 방백 중 몇 사람을 칼로 죽였더라
Na ɛberɛ a Yehoram ahennie timiiɛ no, ɔkunkumm ne nuammarima no nyinaa ne Israelfoɔ ntuanofoɔ bi.
5 여호람이 위에 나아갈 때에 나이 삼십 이세라 예루살렘에서 팔년을 치리하니라
Ɛberɛ a Yehoram dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduasa mmienu. Na ɔdii adeɛ Yerusalem mfirinhyia nwɔtwe.
6 저가 이스라엘 왕들의 길로 행하여 아합의 집과 같이 하였으니 이는 아합의 딸이 그 아내가 되었음이라 저가 여호와 보시기에 악을 행하였으나
Na Yehoram yɛɛ sɛdeɛ Israel ahemfo yɛeɛ. Na ɔyɛ otirimuɔdenfoɔ te sɛ ɔhene Ahab, ɛfiri sɛ, na waware Ahab mmammaa no mu baako. Enti Yehoram yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so.
7 여호와께서 다윗의 집을 멸하기를 즐겨하지 아니하셨음은 이전에 다윗으로 더불어 언약을 세우시고 또 다윗과 그 자손에게 항상 등불을 주겠다고 허하셨음이더라
Nanso, na Awurade mpɛ sɛ ɔsɛe Dawid ahennie nnidisoɔ, ɛfiri sɛ, na ɔne Dawid ayɛ apam ahyɛ bɔ sɛ, nʼasefoɔ bɛkɔ so adi ɔhene afebɔɔ.
8 여호람 때에 에돔이 배반하여 유다의 수하에서 벗어나 자기 위에 왕을 세운고로
Yehoram berɛ so na Edomfoɔ sɔre tiaa Yuda, na wɔsii wɔn ankasa wɔn ɔhene.
9 여호람이 장관들과 모든 병거를 거느리고 출정하였더니 밤에 일어나서 자기를 에워싼 에돔 사람과 그 병거의 장관들을 쳤더라
Enti, Yehoram de akodɔm ne ne nteaseɛnam nyinaa kɔto hyɛɛ Edom so. Edomfoɔ twaa ɔno ne ne nteaseɛnamkafoɔ ho hyiaeɛ, nanso ɔfaa anadwo sum mu dwaneeɛ.
10 이와 같이 에돔이 배반하여 유다의 수하에서 벗어났더니 오늘날까지 그러하였으며 그 때에 립나도 배반하여 여호람의 수하에서 벗어났으니 이는 저가 그 열조의 하나님 여호와를 버렸음이더라
Edom ade ne ho a ɔnhyɛ Yuda ase de bɛsi ɛnnɛ. Saa ɛberɛ korɔ no ara mu, Libna kuro tee atua, ɛfiri sɛ, na Yehoram atwe ne ho afiri Awurade, nʼagyanom Onyankopɔn ho.
11 여호람이 또 유다 여러 산에 산당을 세워 예루살렘 거민으로 음란하듯 우상을 섬기게 하고 또 유다를 미혹케 하였으므로
Na wasisi abosonsomfoɔ asɔreeɛ wɔ Yuda mmepɔ asase so, ama nnipa a wɔwɔ Yerusalem ne Yuda akɔsom abosonsomfoɔ anyame.
12 선지자 엘리야가 여호람에게 글을 보내어 가로되 왕의 조상 다윗의 하나님 여호와의 말씀이 네가 네 아비 여호사밧의 길과 유다 왕 아사의 길로 행치 아니하고
Na odiyifoɔ Elia twerɛɛ saa krataa yi kɔmaa Yehoram: “Asɛm a Awurade, wʼagya Dawid Onyankopɔn seɛ nie: ‘Woanni wʼagya Yehosafat anaa wo nana Yudahene Asa nhwɛsoɔpa so.
13 오직 이스라엘 열왕의 길로 행하여 유다와 예루살렘 거민으로 음란하듯 우상을 섬기게 하기를 아합의 집과 같이 하며 또 너의 아비 집에서 너보다 선한 아우들을 죽였으니
Mmom, woayɛ omumuyɛfoɔ sɛ Israel ahemfo. Woama Yerusalemfoɔ ne Yudafoɔ akɔsom ahoni te sɛ deɛ ɔhene Ahab yɛɛ wɔ Israel no. Na mpo, woakunkum wʼankasa wo nuanom mmarima a na wɔdi mu sene wo.
14 여호와가 네 백성과 네 자녀와 네 아내들과 네 모든 재물을 큰 재앙으로 치리라
Enti afei, Awurade de ɔhaw kɛseɛ bɛba wo, wo nkurɔfoɔ, wo mma, wo yerenom ne biribiara a ɛyɛ wo dea so.
15 또 너는 창자에 중병이 들고 그 병이 날로 중하여 창자가 빠져나오리라 하셨다 하였더라
Wʼankasa deɛ, wɔde nsono mu yadeɛ a ɛyɛ ya yie bɛto wo so kɔsi sɛ wʼayamudeɛ bɛtu apue.’”
16 여호와께서 블레셋 사람과 구스에서 가까운 아라비아 사람의 마음을 격동시키사 여호람을 치게 하셨으므로
Na Awurade kaa Filistifoɔ ne Arabfoɔ a na wɔte bɛn Etiopiafoɔ so sɛ wɔnkɔto nhyɛ Yehoram so.
17 그 무리가 올라와서 유다를 침노하여 왕궁의 모든 재물과 그 아들들과 아내들을 탈취하였으므로 말째 아들 여호아하스 외에는 한 아들도 남지 아니하였더라
Wɔbɔɔ nsra kɔɔ Yuda so, kɔbubuu ne banbɔdeɛ nyinaa, foo aboɔden nneɛma a ɛwɔ ahemfie hɔ a ne mmammarima ne ne yerenom ka ho. Ne babarima kumaa Yehoahas nko na wɔgyaa no.
18 이 모든 일 후에 여호와께서 여호람을 치사 능히 고치지 못할 병이 그 창자에 들게 하셨으므로
Yei akyi na Awurade maa nsono mu yadeɛ a ano yɛ den bɔɔ Yehoram.
19 여러 날 후 이년만에 그 창자가 그 병으로 인하여 빠져나오매 저가 그 심한 병으로 죽으니 백성이 그 열조에게 분향하던것 같이 저에게 분향하지 아니하였으며
Ɛberɛ no mu ara, mfeɛ mmienu akyi, yadeɛ no maa nʼayamdeɛ pueeɛ, na ɔwuu ɔyea mu. Ne nkurɔfoɔ ammɔ ogyatannaa kɛseɛ, amfa anhyɛ no animuonyam wɔ nʼayiyɛ mu sɛdeɛ wɔyɛ maa nʼagyanom no.
20 여호람이 삼십 이세에 즉위하고 예루살렘에서 팔년을 치리하다가 아끼는 자 없이 세상을 떠났으며 무리가 저를 다윗성에 장사하였으나 열왕의 묘실에는 두지 아니하였더라
Yehoram dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduasa mmienu, na ɔdii adeɛ Yerusalem mfirinhyia nwɔtwe. Ɔwuiɛ no, anyɛ obiara awerɛhoɔ. Wɔsiee no Dawid kurom, nanso ɛnyɛ adehyeɛ asieeɛ.