< 역대상 25 >
1 다윗이 군대 장관들로 더불어 아삽과 헤만과 여두둔의 자손 중에서 구별하여 섬기게 하되 수금과 비파와 제금을 잡아 신령한 노래를 하게 하였으니 그 직무대로 일하는 자의 수효가 이러하니라
Dawid ne asahene no yiyii mmarima firii Asaf, Heman ne Yedutun mmusua mu sɛ wɔmfa nsankuten, mmɛnta ne kyankyan mmɔ Onyankopɔn asɛm no ho dawuro. Wɔn din ne wɔn nnwuma na ɛdidi soɔ yi:
2 아삽의 아들 중 삭굴과 요셉과 느다냐와 아사렐라니 이 아삽의 아들들이 아삽의 수하에 속하여 왕의 명령을 좇아 신령한 노래를 하며
Na Asaf mmammarima no nie: Sakur, Yosef, Netania ne Asarela. Na wɔhyɛ wɔn agya Asaf ase. Ɔno na ɔhene hyɛɛ no ma ɔbɔɔ Onyankopɔn asɛm no ho dawuro.
3 여두둔에게 이르러는 그 아들 그달리야와 스리와 여사야와 하사뱌와 맛디디야 여섯 사람이니 그 아비 여두둔의 수하에 속하여 수금을 잡아 신령한 노래를 하며 여호와께 감사하며 찬양하며
Na Yedutun wɔ mmammarima a wɔn nie: Gedalia, Seri, Yesaia, Simei, Hasabia ne Matitia. Wɔyɛ baasia a wɔhyɛ wɔn agya Yedutun ase. Ɔno na ɔnam sankuten so de aseda ne nkamfo maa Awurade de bɔɔ Onyankopɔn asɛm no ho dawuro.
4 헤만에게 이르러는 그 아들 북기야와 맛다냐와 웃시엘과 스브엘과 여리못과 하나냐와 하나니와 엘리아다와 깃달디와 로암디에셀과 요스브가사와 말로디와 호딜과 마하시옷이라
Na Heman mmammarima din nie: Bukia, Matania, Usiel, Sebuel, Yerimot, Hanania, Hanani, Eliata, Gidalti, Romamti-Eser, Yosbekasa, Maloti, Hotir, ne Mahasiot.
5 이는 다 헤만의 아들들이니 나팔을 부는 자며 헤만은 하나님의 말씀을 받드는 왕의 선견자라 하나님이 헤만에게 열 네 아들과 세 딸을 주셨더라
Yeinom ne Heman a ɔyɛ ɔhene nkɔmhyɛni no mmammarima. Onyankopɔn domm no mmammarima dunan ne mmammaa baasa.
6 이들이 다 그 아비의 수하에 속하여 제금과 비파와 수금을 잡아 여호와 하나님의 전에서 노래하여 섬겼으며 아삽과 여두둔과 헤만은 왕의 수하에 속하였으니
Na saa mmarima yi nyinaa hyɛ wɔn agyanom ase, na wɔnam so too nnwom wɔ Awurade fie. Wɔn nnwuma ne sɛ wɔbɔ kyankyan, mmɛnta ne nsankuten wɔ Onyankopɔn fie. Na Asaf, Yedutun ne Heman hyɛ ɔhene no ase.
7 저희와 모든 형제 곧 여호와 찬송하기를 배워 익숙한 자의 수효가 이백 팔십 팔인이라
Na wɔatete wɔn ne wɔn abusuafoɔ nyinaa wɔ nnwom a wɔbɔ wɔ Awurade anim no mu. Na wɔn nyinaa dodoɔ yɛ ahanu aduɔwɔtwe nwɔtwe na wɔn mu biara wɔ nnwontoɔ ho nimdeɛ.
8 이 무리의 큰 자나 작은 자나 스승이나 제자를 무론하고 일례로 제비뽑아 직임을 얻었으니
Wɔnam ntontobɔ kronkron so yiyii nnwomtofoɔ tuatuaa nnwuma ahodoɔ ano a wɔanhwɛ sɛ obi yɛ abɔfra anaa ɔpanin, ɔkyerɛkyerɛfoɔ anaa osuani.
9 첫째로 제비 뽑힌 자는 아삽의 아들 중 요셉이요 둘째는 그달리야니 저와 그 형제와 아들 십이인이요
Ntonto a ɛdi ɛkan no bɔɔ Yosef a ɔfiri Asaf abusua mu, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ Ntonto a ɛtɔ so mmienu no bɔɔ Gedalia, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ
10 세째는 삭굴이니 그 아들과 형제와 십 이인이요
Ntonto a ɛtɔ so mmiɛnsa no bɔɔ Sakur, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ
11 네째는 이스리니 그 아들과 형제와 십 이인이요
Ntonto a ɛtɔ so ɛnan no bɔɔ Yisri, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ
12 다섯째는 느다냐니 그 아들과 형제와 십 이인이요
Ntonto a ɛtɔ so enum no bɔɔ Netania, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ
13 여섯째는 북기야니 그 아들과 형제와 십 이인이요
Ntonto a ɛtɔ so nsia no bɔɔ Bukia, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ
14 일곱째는 여사렐라니 그 아들과 형제와 십 이인이요
Ntonto a ɛtɔ so nson no bɔɔ Yesarela, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ
15 여덟째는 여사야니 그 아들과 형제와 십이인이요
Ntonto a ɛtɔ so nwɔtwe no bɔɔ Yesaia, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ
16 아홉째는 맛다냐니 그 아들과 형제와 십 이인이요
Ntonto a ɛtɔ so nkron no bɔɔ Matania, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ
17 열째는 시므이니 그 아들과 형제와 십이인이요
Ntonto a ɛtɔ so edu no bɔɔ Simei, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ
18 열 한째는 아사렐이니 그 아들과 형제와 십 이인이요
Ntonto a ɛtɔ so dubaako no bɔɔ Asarel, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ
19 열 둘째는 하사뱌니 그 아들과 형제와 십 이인이요
Ntonto a ɛtɔ so dumienu no bɔɔ Hasabia, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ
20 열 세째는 수바엘이니 그 아들과 형제와 십 이인이요
Ntonto a ɛtɔ so dumiɛnsa no bɔɔ Subael, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ
21 열 네째는 맛디디야니 그 아들과 형제와 십 이인이요
Ntonto a ɛtɔ so dunan no bɔɔ Matitia, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ
22 열 다섯째는 여레못이니 그 아들과 형제와 십 이인이요
Ntonto a ɛtɔ so dunum no bɔɔ Yeremot, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ
23 열 여섯째는 하나냐니 그 아들과 형제와 십 이인이요
Ntonto a ɛtɔ so dunsia no bɔɔ Hanania, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ
24 열 일곱째는 요스브가사니 그 아들과 형제와 십 이인이요
Ntonto a ɛtɔ so dunson no bɔɔ Yosbekasa, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ
25 열 여덟째는 하나니니 그 아들과 형제와 십 이인이요
Ntonto a ɛtɔ so dunwɔtwe no bɔɔ Hanani, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ
26 열 아홉째는 말로디니 그 아들과 형제와 십 이인이요
Ntonto a ɛtɔ so dunkron no bɔɔ Maloti, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ
27 스무째는 엘리아다니 그 아들과 형제와 십 이인이요
Ntonto a ɛtɔ so aduonu no bɔɔ Eliata, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ
28 스물 한째는 호딜이니 그 아들과 형제와 십 이인이요
Ntonto a ɛtɔ so aduonu baako no bɔɔ Hotir, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ
29 스물 둘째는 깃달디니 그 아들과 형제와 십 이인이요
Ntonto a ɛtɔ so aduonu mmienu no bɔɔ Gidalti, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ
30 스물 세째는 마하시옷이니 그 아들과 형제와 십 이인이요
Ntonto a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa no bɔɔ Mahasiot, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ
31 스물 네째는 로암디에셀이니 그 아들과 형제와 십 이인이었더라
Ntonto a ɛtɔ so aduonu ɛnan no bɔɔ Romamti-Eser, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ