< ルカの福音書 11 >

1 斯てイエズス、或處にて祈り給へるに、其終り給ふや、弟子の一人云ひけるは、主よ、ヨハネも其弟子に教へし如く、我等に祈る事を教へ給へ、と。
Ɛda bi, na Yesu rebɔ mpaeɛ wɔ baabi. Ɔwieeɛ no, nʼasuafoɔ no mu baako ka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, kyerɛ yɛn mpaeɛbɔ, sɛdeɛ Yohane kyerɛɛ nʼasuafoɔ mpaeɛbɔ no.”
2 イエズス彼等に曰ひけるは、汝等祈る時に斯く言へ、父よ、願はくは御名の聖とせられん事を、御國の來らん事を、
Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ morebɔ mpaeɛ a, monka sɛ, “‘Agya, wo din ho nte, wʼahennie mmra.
3 我等の日用の糧を、日々我等に與へ給へ、
Ma yɛn yɛn daa aduane ɛnnɛ.
4 我等も総て己に負債ある人を免すに由り、我等の罪を免し給へ、我等を試に引き給ふこと勿れ、と。
Fa yɛn bɔne kyɛ yɛn sɛdeɛ yɛde wɔn a wɔfom yɛn no bɔne kyɛ wɔn no. Na mma yɛnkɔ sɔhwɛ mu.’”
5 又曰ひけるは、汝等の中友を有てる者、夜中に其許に往き、友よ、我に三の麪を貸せ、
Yesu bisaa wɔn sɛ, “Mo mu hwan na ɔbɛkɔ ne yɔnko hɔ dasuo mu akɔka akyerɛ no sɛ, ‘Me nua, fɛm me aduane kakra,
6 我一個の友人旅路を我許に來れるに、之に供すべき物なければ、と言はんに、
ɛfiri sɛ, ɔhɔhoɔ bi abɛfu me mu, na menni aduane biara a mede bɛma no,’
7 彼内より答へて、我を煩はすこと勿れ、戸は既に閉ぢ、我子等我と共に床に在れば、起きて汝に與ふることを得ず、と言ふ事あらんか、
na ɔbɛma no mmuaeɛ afiri ne dan mu sɛ, ‘Nha me! Mato me ɛpono mu ne me mma ada. Merentumi nsɔre mma wo biribiara.’
8 然るを猶叩きて止まざる時は、我汝等に告ぐ、彼人假令己が友なればとては起きて與へざるも、其煩はしさの為に起きて、其の要する程の物を與ふるならん。
Mereka akyerɛ mo sɛ, na ade asa no enti, ɔyɛ ne yɔnko koraa mpo a, ɔrensɔre. Nanso, ɛsiane sɛ ɔkɔɔ so srɛɛ no no enti, ɛbɛma wasɔre ama no deɛ ɛhia no no nyinaa.
9 我も汝等に告ぐ、願へ、然らば與へられん、探せ、然らば見出さん、叩け、然らば[戸を]開かれん、
“Ɛno enti mereka akyerɛ mo sɛ; Mommisa, na wɔbɛma mo; monhwehwɛ na mobɛhunu; mompem na wɔbɛbue mo.
10 其は総て願ふ人は受け、探す人は見出し、叩く人は[戸を]開かるべければなり。
Na obiara a ɔbisa no, wɔma no; na obiara a ɔhwehwɛ no, ɔhunu; na deɛ ɔpem no, wɔbue no.
11 汝等の中誰か父に麪を乞はんに其父石を與へんや、或は魚を[乞はんに]其代に蛇を與へんや、
“Agya bɛn na ɔwɔ mo mu na ne ba bisa no burodo a ɔbɛma no ɛboɔ,
12 或は卵を乞はんに蠍を與へんや、
anaasɛ ɔbisa no apataa a, ɔbɛma no ɔwɔ, anaasɛ ɔbisa nkosua a ɔbɛma no nyanyankyerɛ?
13 然れば汝等惡き者ながらも、善き賜を其子等に與ふるを知れば、况や天に在す汝等の父は、己に願ふ人々に善良なる霊を賜ふべきをや、と。
Na sɛ mo a moyɛ nnebɔneyɛfoɔ mpo nim sɛdeɛ moma mo mma nnepa a, ɛbɛyɛ dɛn na mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no remfa Honhom Kronkron no mma wɔn a wɔbisa no no!”
14 イエズス惡魔を逐出し給ふに、其人唖なりしが、既に惡魔を逐出し給ふや唖言ひしかば、群衆感嘆せり。
Ɛberɛ bi Yesu tuu honhommɔne bi a ɛyɛ mumu firii onipa bi mu. Honhommɔne no tu firii ne mu no, ɔkasaeɛ ma ɛyɛɛ nnipa a na wɔwɔ hɔ no nyinaa ahodwirie.
15 然れど其中の或人々は、彼が惡魔を逐出すは惡魔の長ベエルゼブブに依るなり、と謂ひ、
Nanso, ebinom kaa sɛ, “Ɔnam ahonhommɔne panin Beelsebul tumi so na ɛtu ahonhommɔne.”
16 又他の人は、イエズスを試みんとて、天よりの徴を之に求め居たり。
Afoforɔ nso pɛɛ sɛ wɔsɔ no hwɛ enti, wɔka kyerɛɛ no sɛ, ɔnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi a ɛfiri ɔsoro nkyerɛ wɔn.
17 イエズス其心を見抜きて彼等に曰ひけるは、総て自ら分れ争ふ國は亡び、[分れ争ふ]家と家とも亦倒るべし、
Nanso, ɔhunuu wɔn adwene maa wɔn mmuaeɛ sɛ, “Kuro biara a emu akyekyɛ no dane amamfo. Saa ara nso na efie biara a emu kyekyɛ no guo.
18 サタン若自ら分れ争はば、其國如何にしてか立つべき、蓋汝等は謂ふ、我ベエルゼブブに由りて惡魔を逐出すと。
Na sɛ ɔbonsam nso ko tia ne ho a, ɛbɛyɛ dɛn na nʼahennie agyina? Deɛ enti a mereka saa asɛm yi ne sɛ, mose menam Beelsebul tumi so na metu ahonhommɔne.
19 我若ベエルゼブブに由りて惡魔を逐出すならば、汝等の子等は誰に由りて之を逐出すぞ、然らば彼等は汝等の審判者となるべし。
Na sɛ menam Beelsebul tumi so na metu ahonhommɔne a, hwan so na mo nkurɔfoɔ nam tu ahonhommɔne? Saa na ɛteɛ de a, mo nkurɔfoɔ no ara na wɔbɛbu mo atɛn.
20 然れど我若神の指を以て惡魔を逐出すならば、神の國は眞に汝等に來れるなり。
Nanso, sɛ menam Onyankopɔn tumi so na ɛtu honhommɔne de a, na ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn Ahennie no aba mo so.
21 強き者武装して其住所を守る時は、其有てる物安全なりと雖、
“Sɛ ɔhoɔdenfoɔ de akodeɛ wɛn ne fie a, obiara rentumi nkɔwia nʼagyapadeɛ;
22 若彼より強き者襲來りて彼に勝たば、悉く其恃める武器を奪ひて、其捕獲物を分たん。
nanso, sɛ deɛ ne ho yɛ den na ɔwɔ akodeɛ pa sene no kɔ ne so a, ɔdi ne so nkonim, gye nʼakodeɛ a ɔde ne ho too so no, sesa nʼagyapadeɛ no nyinaa kɔ.
23 我と共に在らざる人は我に反し、我と共に集めざる人は散らすなり。
“Obiara a ɔnni mʼafa no tia me, na deɛ ɔne me mmoaboa ano no, hwete mu.
24 汚鬼人より出でし時、荒れたる處を巡りて安息を求むれども得ず、曰く、出でし我家に歸らん、と。
“Sɛ wɔtu honhommɔne firi onipa bi mu a, ɛkyinkyini hwehwɛ homebea, nanso, ɛnnya bi. Na sɛ wannya homebea a, ɔka sɛ, ‘Mɛsane akɔ onipa a mifirii ne mu baeɛ no mu bio.’
25 即ち來りて其家の掃清められ飾られたるを見るや、
Na sɛ ɔsane kɔ onipa no mu a, ɔbɛhunu sɛ ɛhɔ te a ɛfi biara nni mu na biribiara yɛ pɛpɛɛpɛ.
26 往きて己よりも惡き七の惡鬼を携へ、共に入りて此處に住む、斯て其人の末は前よりも更に惡くなるなり、と。
Afei, ɔsane nʼakyi kɔfa ahonhommɔne afoforɔ nson a wɔyɛ den kyɛn no ba ma wɔn nyinaa bɛtena hɔ. Yei ma onipa no sɛe koraa sene sɛdeɛ anka na ɔte kane no.”
27 此事等の事を曰へるに、或女群衆の中より聲を揚げて、福なる哉汝を孕しし胎よ、汝の吮ひし乳房よ、と云ひしかば、
Yesu gu so rekasa no, ɔbaa bi firi nnipakuo no mu kaa sɛ, “Nhyira nka yafunu a ɛwoo wo ne nufoɔ a wonumuu ano!”
28 イエズス曰ひけるは、寧ろ福なる哉、神の言を聴きて之を守る人々よ、と。
Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛwom deɛ, nanso nhyira ne wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm na wɔdi so.”
29 然て群衆馳集りければ、イエズス語出で給ひけるは、現代は邪惡の代にして、徴を求むれども、預言者ヨナの徴の外は徴を與へられじ、
Nnipa no kyeree Yesu so no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Nnɛmma yi yɛ nnebɔneyɛfoɔ. Wɔhwehwɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi ahunu nanso wɔrenhunu nsɛnkyerɛnneɛ biara sɛ Yona nsɛnkyerɛnneɛ no.
30 即ちヨナがニニヴ人に徴となりし如く、人の子の現代に於るも亦然り。
Na sɛdeɛ Yona yɛeɛ no yɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ maa Ninewefoɔ a, saa ara na Kristo nso bɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ama nnɛmma yi.
31 南方の女王は、審判に當りて、現代の人と共に立ちて之を罪に定めん、彼は地の極より、サロモンの智恵を聴かんとて來りたればなり、看よ、サロモンに優れるもの茲に在り。
Atemmuo da no, Seba Ɔhemmaa bɛsɔre atia ɔman yi, ɛfiri sɛ, ɔfiri asase ano nohoa bɛtiee Salomo nyansa nsɛm. Nanso, deɛ ɔsene Salomo no wɔ ha.
32 ニニヴ人は審判に當りて現代の人と共に立ちて之を罪に定めん、彼等はヨナの説教によりて改心したればなり、看よ、ヨナに優れるもの茲に在り。
Atemmuo da no, Ninewe mmarima bɛsɔre atia nnɛmma yi na wɔabu mo fɔ ɛfiri sɛ, ɛberɛ a Yona kaa asɛmpa no, wɔnuu wɔn ho. Nanso, deɛ ɔsene Yona wɔ ha.
33 燈を點して、隠れたる處又は桝の下に置く者はあらず、入來る人に明を見せん為に之を燭台の上に置く。
“Obiara nsɔ kanea mfa nsie, na mmom, ɔde si petee mu na ahyerɛn ama wɔn a wɔba mu no nyinaa.
34 汝の身の燈は目なり、其目にして善くば、全身明かなるべく、若惡しくば其身も亦暗かるべし。
Wʼani yɛ wo onipadua kanea. Ɛno enti, sɛ wʼani yɛ a, na wo onipadua nso yɛ hann. Nanso, sɛ ɛnyɛ a, ɛma wo onipadua no dane sum tumm.
35 此故に、汝に在る明の闇にならざる様心せよ、
Enti hwɛ yie na hann a ɛwɔ wo mu no annane sum.
36 汝の全身明かにして闇の處なくば、全體明かにして輝ける燈に照らさるる如くならん、と[語り給へり]。
Sɛ wo onipadua yɛ hann a esum nni fa baabiara a, onipadua no bɛhyerɛn sɛdeɛ kanea hyerɛn gu wo so.”
37 イエズス語り給へる中に、一人のファリザイ人、己が家にて食し給はんことを請ひしかば、入りて食に就き給ひしが、
Yesu kasa wieeɛ no, Farisini bi hyiaa no adidie enti ɔkɔeɛ sɛ ɔne no rekɔdidi.
38 イエズス食前に身を洗ひ給はざりしを、此人見て訝りければ、
Farisini no hunuu sɛ Yesu anhohoro ne nsa ansa sɛdeɛ wɔn amanneɛ kyerɛ ansa na ɔredidi no, ɛyɛɛ no nwanwa.
39 主之に曰ひけるは、偖も汝等ファリザイ人は、杯と皿との外部を淨むれど、汝等の内部は盗と不義とに満てり。
Yesu hunuu Farisini no adwene ka kyerɛɛ no sɛ, “Mo Farisifoɔ deɛ, mohohoro nkukuo ne nwowaa ho, nanso efi, anibereɛ ne nnebɔne ahyɛ mo ma tɔ!
40 愚なる者等よ、外部を造り給ひし者は、亦内部をも造り給ひしに非ずや。
Adwenemherɛfoɔ! Ɛnyɛ deɛ ɔyɛɛ akyire no ara na ɔyɛɛ emu nso?
41 然りながら餘れる物を施せ、然らば一切の物直に汝等の為に淨めらるべし。
Monyɛ ahiafoɔ adɔeɛ na biribiara ho bɛte ama mo.
42 然れど禍なる哉汝等ファリザイ人、其は薄荷、荃蓀、其他一切の野菜の十分の一を納むれど、義と神を愛する事とを措けばなり、是等を為してこそ彼等をも怠らざるべかりしなれ。
“Mo Farisifoɔ, monnue! Moma mo nnɔbaeɛ so ntotosoɔ dudu, nanso mototo adeteneneeyɛ ne ɔdɔ a mode dɔ Onyankopɔn no ase. Sɛ mokɔ hyiadan mu a, mpanin tenaberɛ na mopɛ. Saa ara nso na sɛ mokɔ badwa mu a, mopɛ sɛ nnipa hunu mo kyea mo.
43 禍いなる哉汝等ファリザイ人、其は會堂にては上座を、衢にては敬禮を好めばなり。
“Mo Farisifoɔ, monnue! Sɛ mokɔ hyiadan mu a, mpanin tenaberɛ na mopɛ.
44 禍なる哉汝等、蓋露れざる墓に似て、上を歩む人々之を知らざるなり、と。
“Monnue! Ɛfiri sɛ, mote sɛ adamena a ɛso asram na nnipa nante so a wɔnnim sɛ wɔnam adamena so.”
45 律法學士の一人之に答へて、師よ、斯く言ひては、我等にも侮辱を加ふるなり、と云ひしかば、
Mmaranimfoɔ no mu baako ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, sɛ woka saa a na woakasa atia yɛn nso.”
46 イエズス曰ひけるは、汝等も禍なる哉律法學士、其は人々には擔ひ得ざる荷を負はすれど、自らは指一だも其荷に觸れざればなり。
Yesu buaa no sɛ, “Mo mmaranimfoɔ nso, monnue! Mohyɛ mmara a ɛyɛ den ma nnipa, nanso mo deɛ, monni so sɛ sɛdeɛ ɛsɛ.
47 禍なる哉汝等、預言者等の墓標を建つる者、之を殺ししは汝等の先祖にして、
“Monnue! Ɛfiri sɛ, moatoto adiyifoɔ a mo ankasa anaa mo agyanom kumm wɔn no nna so.
48 汝等自ら其先祖の所為に同意する事を證す、其は彼等之を殺したるに汝等其墓を建つればなり。
Mo nneyɛeɛ yi di adanseɛ sɛ mopene deɛ mo agyanom yɛeɛ no so. Nʼasekyerɛ ne sɛ, mo agyanom kunkumm adiyifoɔ no na mo nso mototoo wɔn nna so maa wɔn.
49 是によりて亦神の智恵曰はく、「我彼等に預言者及び使徒等を遣はさんに、彼等は其中の者を殺し、又は迫害せん」と。
Yei ne deɛ Onyankopɔn aka afa mo ho: ‘Mɛsoma adiyifoɔ ne asomafoɔ aba mo nkyɛn na mobɛkunkum bi na moataa wɔn a aka no.’
50 然れば世界開闢以來、流されたる凡ての預言者の血、
Mereka akyerɛ mo sɛ, adiyifoɔ no mogya a wɔka gu firi ewiase ahyɛaseɛ no,
51 即ちアベルの血より祭壇と神殿との間に倒れしザカリアの血に至るまで、現代は其罪を問はれん、我誠に汝等に告ぐ、現代は斯の如く罪を問はるべし。
ɛfiri Habel kum so kɔsi Sakaria, a wɔkumm no wɔ afɔrebukyia ne kronkronbea ntam hɔ no so, wɔbɛbisa ɛho asɛm afiri mo nkyɛn.
52 禍いなる哉汝等律法學士、其は知識の鍵を奪取りて、自らも入らず、入らんとする人々をも拒みたればなり、と。
“Mo, mmaranimfoɔ, monnue! Mode nokorɛ hinta mo nkurɔfoɔ. Mo ankasa monni so, na mommma wɔn a wɔpɛ sɛ wɔdi so no kwan mma wɔnni so.”
53 是等の事を曰ふ中に、ファリザイ人、律法學士等甚しく憤出でて、様々の事を以て閉口せしめんとし、
Ɔfiri Farisini no efie hɔ a ɔrekɔ no, mmaranimfoɔ ne Farisifoɔ no dii nʼakyi de nsɛmmisa dwanee ne ho,
54 イエズスを訟へんとして陰謀を廻らし、其口より何事をか捉へんとせり。
pɛɛ sɛ ɔka biribi a wɔbɛgyina so anya no akyere no.

< ルカの福音書 11 >