< ゼカリヤ書 5 >

1 我また目を擧て觀しに卷物の飛あり
Mehwɛɛ bio, na mihuu nhoma mmobɔwee a ɛretu wɔ wim wɔ mʼanim!
2 彼われに汝何を見るやと言ければ我言ふ我卷物の飛ぶを見る其長は二十キユビトその寛は十キユビト
Obisaa me se, “Dɛn na wuhu yi?” Mibuae se, “Mihu nhoma mmobɔwee a ɛnenam wim a ne tenten yɛ anammɔn aduasa, na ne trɛw nso yɛ anammɔn dunum.”
3 彼またわれに言けるは是は全地の表面を往めぐる呪詛の言なり凡て竊む者は卷物のこの面に照して除かれ凡て誓ふ者は卷物の彼の面照して除かるべし
Na ɔka kyerɛɛ me se, “Eyi ne nnome a ɛreba asase yi so nyinaa; sɛnea ɔfa baako kyerɛ no, wɔbɛpam ɔkorɔmfo biara, na ɔfa baako nso kyerɛ sɛ, obiara a ɔka ntamhunu no, wɔbɛpam no.
4 萬軍のヱホバのたまふ我これを出せり是は竊盗者の家に入りまた我名を指て僞り誓ふ者の家に入てその家の中に宿りその木と石とを並せて盡く之を焼べしと
Asafo Awurade pae mu ka se, ‘Meresoma nnome yi na ɛbɛhyɛn ɔkorɔmfo ne obiara a ɔde me din ka ntamhunu no fi. Ɛbɛka ofie hɔ na asɛe ne nnua ne abo.’”
5 我に語へる天の使進み來りて我に言けるは請ふ目を擧てこの出きたれる物の何なるを見よ
Afei ɔbɔfo a na ɔne me rekasa no baa nʼanim bɛka kyerɛɛ me se, “Ma wʼani so na hwɛ eyi, nea ɛreba yi.”
6 これは何なるやと我言ければ彼言ふ此出來れる者はエパ舛なり又言ふ全地において彼等の形状は是のごとしと
Mibisa sɛ “Ɛyɛ dɛn?” Obuae se, “Ɛyɛ kɛntɛn a wɔde susuw nneɛma.” Ɔtoaa so se, “nnipa a wɔwɔ wiase yi mu bɔne ahyɛ no ma.”
7 かくて鉛の圓き蓋を取あぐれば一人の婦人エパ舛の中に坐し居る
Afei woyii kɛntɛn no so sumpii mmuaso no, na mu na na ɔbea bi hyɛ!
8 彼是は罪惡なりと言てその婦人をエパ舛の中に投いれ鉛の錘をその舛の口に投かぶらせたり
Ɔkae se, “Eyi yɛ atirimɔdensɛm,” afei ɔkaa ɔbea no hyɛɛ kɛntɛn no mu na ɔde sumpii mmuaso no kataa no so.
9 我また目を擧て觀しに婦人二人出きたれり之に鶴の翼のごとき翼ありてその翼風を含む彼等そのエパ舛を天地の間に持擧ぐ
Afei memaa me ti so huu mmea baanu a wɔwɔ ntaban te sɛ asukɔnkɔn de a wɔde dannan wɔn ho wɔ wim. Wɔmaa kɛntɛn no so kɔɔ wim, ɔsoro ne asase ntam.
10 我すなはち我に語ふ天の使にむかひて彼等エパ舛を何處へ携へゆくなるやと言けるに
Mibisaa ɔbɔfo a na ɔne me rekasa no se, “Ɛhe na wɔde kɛntɛn no rekɔ?”
11 彼我に言ふシナルの地にて之がために家を建んとてなり是は彼處に置られてその臺の上に立ん
Obuae se, “Wɔde rekɔ Babilonia asase so akosi fi ama no. Na sɛ, wowie a, wɔde kɛntɛn no bɛkɔ akosi nʼafa.”

< ゼカリヤ書 5 >