< 詩篇 21 >

1 伶長にうたはしめたるダビデのうた ヱホバよ王はなんぢの力によりてたのしみ汝のすくひによりて奈何におほいなる歓喜をなさん
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Dawid dwom. Ao Awurade, ɔhene no anigye wɔ wʼahoɔden mu. Nʼani gye mmorosoɔ wɔ nkonimdie a wo ma no nti!
2 なんぢ彼がこころの願望をゆるし そのくちびるの求をいなみ給はざりき (セラ)
Woama no deɛ nʼakoma pɛ; woamfa nʼabisadeɛ ankame no.
3 そはよきたまものの恵をもてかれを迎へ まじりなきこがねの冕弁をもてかれの首にいただかせ給ひたり
Wode nhyira a ɛdi mu hyiaa no na wode sikakɔkɔɔ amapa ahenkyɛ hyɛɛ no.
4 かれ生命をもとめしに汝これをあたへてその齢の日を世々かぎりなからしめ給へり
Ɔbisaa wo hɔ nkwa, na wode maa no, nna tentene a ɛnni awieeɛ.
5 なんぢの救によりてその榮光おほいなり なんぢは尊貴と稜威とをかれに衣せたまふ
Nkonimdie a woma no enti, nʼanimuonyam so; wode kɛseyɛ ne anidie adom no.
6 そは之をとこしへに福ひなるものとなし聖顔のまへの歓喜をもて樂しませたまへばなり
Ampa ara, woama no nhyira a ɛnsa da na wo nsrahwɛ ama me ho ahosɛpɛ me.
7 王はヱホバに依頼み いとたかき者のいつくしみを蒙るがゆゑに動かさるることなからん
Ɔhene no de ne ho to Awurade so; Ɔsorosoroni no nokorɛ dɔ no enti, Ɔhene renhinhim.
8 なんぢの手はそのもろもろの仇をたづねいだし 汝のみぎの手はおのれを憎むものを探ねいだすべし
Wo nsa bɛka wʼatamfoɔ nyinaa; wo nsa nifa bɛsɔ wɔn a wɔkyiri woɔ mu.
9 なんぢ怒るときは彼等をもゆる爐のごとくにせんヱホバはげしき怒によりてかれらを呑たまはん 火はかれらを食つくさん
Ɛberɛ a wobɛyi wo ho adi no wobɛyɛ wɔn sɛ fononoo a emu adɔ. Awurade firi nʼabufuhyeɛ mu bɛmene wɔn, na ne ogya no ahye wɔn.
10 汝かれらの裔を地よりほろぼし かれらの種を人の子のなかよりほろぼさん
Wobɛtɔre wɔn ase wɔ asase so, na wɔn asefoɔ afiri adasamma mu.
11 かれらは汝にむかひて惡事をくはだて遂がたき謀略をおもひまはせばなり
Ɛwom sɛ wɔbɔ pɔ tia wo na wɔyɛ nhyehyɛeɛ bɔne, nanso wɔrenni nkonim;
12 汝かれらをして背をむけしめ その面にむかひて弓絃をひかん
ɛfiri sɛ wobɛma wɔasane wɔn akyi ɛberɛ a woatwe bɛmma akyerɛ wɔn so.
13 ヱホバよ能力をあらはしてみづからを高くしたまへ 我儕はなんぢの稜威をうたひ且ほめたたへん
Yɛma wo so, Ao Awurade, wɔ wʼahoɔden mu; yɛbɛto nnwom na yɛakamfo wo kɛseyɛ.

< 詩篇 21 >