< ゼパニヤ書 1 >

1 ユダの王アモンの子ヨシヤの世に、ゼパニヤに臨んだ主の言葉。ゼパニヤはクシの子、クシはゲダリヤの子、ゲダリヤはアマリヤの子、アマリヤはヒゼキヤの子である。
Awurade asɛm a ɛbaa Sefania a ɔyɛ Kusi ba, Gedalia ba, Amaria ba, Hesekia ba nkyɛn nie. Ɛbaa Yudahene Yosia a ɔyɛ Amon ba berɛ so.
2 主は言われる、「わたしは地のおもてからすべてのものを一掃する」。
“Mɛpra biribiara afiri asase so” deɛ Awurade seɛ nie,
3 主は言われる、「わたしは人も獣も一掃し、空の鳥、海の魚をも一掃する。わたしは悪人を倒す。わたしは地のおもてから人を絶ち滅ぼす」。
“Mɛpra nnipa ne mmoa nyinaa; mɛpra nnomaa a wɔwɔ ewiem ne mpataa a wɔwɔ ɛpo mu nyinaa. Atirimuɔdenfoɔ bɛnya wira a ɛsum hɔ nko ara sɛ mesɛe adasamma a wɔwɔ asase yi so a,” deɛ Awurade seɛ nie.
4 「わたしはユダとエルサレムのすべての住民との上に手を伸べる。わたしはこの所からバアルの残党と、偶像の祭司の名とを断つ。
“Mɛtene me nsa wɔ Yuda ne wɔn a wɔte Yerusalem nyinaa so; na mɛsɛe Baal ho biribiara a aka wɔ ha, na masɛe abosonsomfoɔ ne abosomfoɔ asɔfoɔ no din
5 また屋上で天の万象を拝む者、主に誓いを立てて拝みながら、またミルコムをさして誓う者、
wɔn a wɔkoto sɔre wɔn adan atifi, de sɔre abɔdeɛ a ɛwɔ ewiem, wɔn a wɔkoto de Awurade ka ntam na wɔde Molek nso ka ntam,
6 主にそむいて従わない者、主を求めず、主を尋ねない者を断つ」。
wɔn nso a wɔgyae Awurade akyiridie na wɔnhwehwɛ Awurade anaa wɔmmisa nʼase.”
7 主なる神の前に沈黙せよ。主の日は近づき、主はすでに犠牲を備え、その招いた者を聖別されたからである。
Monyɛ komm wɔ Asafo Awurade anim, ɛfiri sɛ, Awurade ɛda no abɛn. Awurade asiesie afɔrebɔdeɛ; wadwira wɔn a wato nsa afrɛ wɔn no ho.
8 主の犠牲をささげる日に、「わたしはつかさたちと王の子たち、およびすべて異邦の衣服を着る者を罰する。
“Awurade afɔrebɔ ɛda no, mɛtwe mmapɔmma ne ahenemma ne wɔn a wɔhyehyɛ ananafoɔ ntadeɛ nyinaa aso.
9 その日にわたしはまた、すべて敷居をとび越え、暴虐と欺きとを自分の主君の家に満たす者を罰する」。
Saa ɛda no mɛtwe wɔn a wɔkwati aponnwa no nyinaa aso. Wɔn a wɔde akakabensɛm ne nsisie hyehyɛ wɔn abosomfie ma no.
10 主は言われる、「その日には魚の門から叫び声がおこり、第二の町からうめき声がおこり、もろもろの丘からすさまじい響きがおこる。
“Saa ɛda no,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie, “Esu bɛfiri Mpataa Ɛpono ano, agyaadwotwa bɛfiri Atenaeɛ Foforɔ na nnyegyeeɛ a ano yɛ den afiri nkokoɔ no so aba.
11 しっくいの家の住民よ、泣き叫べ。あきないする民は皆滅ぼされ、銀を量る者は皆断たれるからである。
Montwa adwo, mo a mote adetɔnbea hɔ no wɔbɛtɔre wɔn a mo ne wɔn di dwa ase, dwetɛ adwadifoɔ nyinaa nso wɔbɛsɛe wɔn.
12 その時、わたしはともしびをもって、エルサレムを尋ねる。そして滓の上に凝り固まり、その心の中で『主は良いことも、悪いこともしない』と言う人々をわたしは罰する。
Mede nkanea bɛkyini ahwehwɛ Yerusalem mu na matwe wɔn a wɔgyaagyaa wɔn ho aso, wɔn a wɔte sɛ bobesa puo no, a wɔdwene sɛ, ‘Awurade nnyɛ wɔn hwee sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne.’
13 彼らの財宝はかすめられ、彼らの家は荒れはてる。彼らは家を建てても、それに住むことができない、ぶどう畑を作っても、そのぶどう酒を飲むことができない」。
Wɔbɛfom wɔn ahonyadeɛ, na wɔabubu wɔn afie agu. Wɔbɛsisi afie, nanso wɔrentena mu wɔbɛyɛ bobe mfuo nanso wɔrennom emu nsã.”
14 主の大いなる日は近い、近づいて、すみやかに来る。主の日の声は耳にいたい。そこに、勇士もいたく叫ぶ。
Awurade ɛda kɛseɛ no abɛn, abɛn na ɛreba ntɛm so. Tie! Osu a wɔbɛsu Awurade ɛda no bɛyɛ ya, ɔkofoɔ a ɔwɔ hɔ nso nteamu bɛyɛ saa ara.
15 その日は怒りの日、なやみと苦しみの日、荒れ、また滅びる日、暗く、薄暗い日、雲と黒雲の日、
Saa ɛda no bɛyɛ abufuo ɛda, ɛyɛ ahoyera ne ɔyea ɛda; ɛyɛ amanehunu ne ɔsɛeɛ ɛda, ɛyɛ esum ne kusukuukuu ɛda ɛyɛ omununkum ne kusuuyɛ ɛda,
16 ラッパとときの声の日、堅固な町と高いやぐらを攻める日である。
ɛyɛ totorobɛnto hyɛn ne ɔko nteam a ɛtia nkuropɔn a ɛwɔ banbɔ ne ntwɛtwɛaso abantenten ɛda.
17 わたしは人々になやみを下して、盲人のように歩かせる。彼らが主に対して罪を犯したからである。彼らの血はちりのように流され、彼らの肉は糞土のように捨てられる。
“Mede awerɛhoɔ bɛba nnipa no so na wɔbɛnante sɛ anifirafoɔ, ɛfiri sɛ wɔayɛ bɔne atia Awurade. Wɔbɛhwie wɔn mogya agu sɛ mfuturo, na wɔn ayamdeɛ nso sɛ atantanneɛ.
18 彼らの銀も金も、主の怒りの日には彼らを救うことができない。全地は主のねたみの火にのまれる。主は地に住む人々をたちまち滅ぼし尽される。
Wɔn dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ rentumi nnye wɔn nkwa wɔ Awurade abufuo ɛda no.” Ne ninkuntwe mu ogya no bɛhye ɔman no nyinaa, na ɔbɛma asase no so tefoɔ nyinaa nkwa aba awieeɛ mpofirim.

< ゼパニヤ書 1 >