< ゼカリヤ書 3 >

1 時に主は大祭司ヨシュアが、主の使の前に立ち、サタンがその右に立って、これを訴えているのをわたしに示された。
Afei, ɔkyerɛɛ me ɔsɔfopanin Yosua a ɔgyina Awurade ɔbɔfoɔ anim, na Satan gyina ne nifa so rebɛbɔ no soboɔ.
2 主はサタンに言われた、「サタンよ、主はあなたを責めるのだ。すなわちエルサレムを選んだ主はあなたを責めるのだ。これは火の中から取り出した燃えさしではないか」。
Na Awurade ka kyerɛɛ Satan sɛ, “Awurade nka wʼanim, Satan! Awurade a Yerusalem yɛ ne dea no nka wʼanim. Saa ɔbarima yi nyɛ gyentia a wɔatu afiri ogya mu anaa?”
3 ヨシュアは汚れた衣を着て、み使の前に立っていたが、
Na Yosua hyɛ ntadeɛ fi ɛberɛ a ɔgyina ɔbɔfoɔ no anim.
4 み使は自分の前に立っている者どもに言った、「彼の汚れた衣を脱がせなさい」。またヨシュアに向かって言った、「見よ、わたしはあなたの罪を取り除いた。あなたに祭服を着せよう」。
Ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn a wɔgyinagyina nʼanim no sɛ, “Monnyi ne ho ntadeɛ fi no.” Afei ɔka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Hwɛ, mayi wo bɔne afiri wo so, na mede ntadeɛ a ɛyɛ fɛ bɛhyɛ wo.”
5 わたしは言った、「清い帽子を頭にかぶらせなさい」。そこで清い帽子を頭にかぶらせ、衣を彼に着せた。主の使はかたわらに立っていた。
Afei, mekaa sɛ, “Momfa abotire a ani teɛ mmɔ ne ti.” Enti, wɔde abotire a ani teɛ bɔɔ no, na wɔhyɛɛ no atadeɛ, ɛberɛ a Awurade ɔbɔfoɔ no gyina hɔ.
6 主の使は、ヨシュアを戒めて言った、
Na Awurade ɔbɔfoɔ de saa akwankyerɛ yi maa Yosua:
7 「万軍の主は、こう仰せられる、あなたがもし、わたしの道に歩み、わたしの務を守るならば、わたしの家をつかさどり、わたしの庭を守ることができる。わたしはまた、ここに立っている者どもの中に行き来することを得させる。
“Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: ‘Sɛ wobɛyɛ ɔsetie ama me na woayɛ mʼapɛdeɛ a, ɛnneɛ wobɛdi me fie so na woahwɛ mʼabannwa so, na mɛma wo baabi atena wɔ nnipa a wɔgyinagyina ha yi mu.
8 大祭司ヨシュアよ、あなたも、あなたの前にすわっている同僚たちも聞きなさい。彼らはよいしるしとなるべき人々だからである。見よ、わたしはわたしのしもべなる枝を生じさせよう。
“‘Tie, Ao ɔsɔfopanin Yosua, wo ne wo nkurɔfoɔ a wɔtete wʼanim yi, moyɛ nnipa a wɔgyina hɔ ma nneɛma a ɛrebɛsisi: Mede me ɔsomfoɔ, Dubaa, no bɛba.
9 万軍の主は言われる、見よ、ヨシュアの前にわたしが置いた石の上に、すなわち七つの目をもっているこの一つの石の上に、わたしはみずから文字を彫刻する。そしてわたしはこの地の罪を、一日の内に取り除く。
Hwɛ, aboɔdenboɔ a mede asi Yosua anim! Ani nson na ɛtuatua saa ɛboɔ baako no ho, na mekrukyire atwerɛ bi wɔ so,’ sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie, ‘na mede ɛda koro pɛ bɛpepa asase yi so bɔne.
10 万軍の主は言われる、その日には、あなたがたはめいめいその隣り人を招いて、ぶどうの木の下、いちじくの木の下に座すのである」。
“‘Saa ɛda no mo mu biara bɛto nsa afrɛ ne yɔnko ne no akɔtena ne ngo dua ne borɔdɔma dua ase,’ sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.”

< ゼカリヤ書 3 >