< ゼカリヤ書 12 >

1 託宣 イスラエルについての主の言葉。すなわち天をのべ、地の基をすえ、人の霊をその中に造られた主は、こう仰せられる、
Nkɔmhyɛ: Yei ne Awurade asɛm a ɛfa Israel ho. Awurade a ɔtrɛ ɔsoro mu, deɛ ɔto asase fapem, deɛ ɔyɛ honhom a ɔte onipa mu asɛm nie:
2 「見よ、わたしはエルサレムを、その周囲にあるすべての民をよろめかす杯にしようとしている。これはエルサレムの攻め囲まれる時、ユダにも及ぶ。
“Merebɛyɛ Yerusalem kuruwa a ɛbɛma aman a atwa ne ho ahyia no atɔ ntintan. Wɔbɛto ahyɛ Yuda ne Yerusalem so.
3 その日には、わたしはエルサレムをすべての民に対して重い石とする。これを持ちあげる者はみな大傷を受ける。地の国々の民は皆集まって、これを攻める。
Saa ɛda no a ewiase aman nyinaa aboa wɔn ho ano retia no no, mɛma Yerusalem ayɛ ɔbotantim ama aman no nyinaa. Wɔn a wɔbɛpɛ sɛ wopire no no nyinaa bɛpirapira wɔn ho.
4 主は言われる、その日には、わたしはすべての馬を撃って驚かせ、その乗り手を撃って狂わせる。しかし、もろもろの民の馬を、ことごとく撃って、めくらとするとき、ユダの家に対しては、わたしの目を開く。
Saa ɛda no, mɛma ɔpɔnkɔ biara abɔ huboa, na mɛma ne sotefoɔ nso abɔ dam,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. “Mɛbue mʼani ahwɛ Yuda fie, na mɛfirafira aman ahodoɔ no apɔnkɔ ani.
5 その時ユダの諸族は、その心の中に『エルサレムの住民は、その神、万軍の主によって力強くなった』と言う。
Na Yuda ntuanofoɔ bɛka wɔ wɔn akoma mu sɛ, ‘Yerusalemfoɔ yɛ ahoɔdenfoɔ, ɛfiri sɛ Asafo Awurade yɛ wɔn Onyankopɔn.’
6 その日には、わたしはユダの諸族を、たきぎの中の火皿のようにし、麦束の中のたいまつのようにする。彼らは右に左に、その周囲にあるすべての民を、焼き滅ぼす。しかしエルサレムはなお、そのもとの所、すなわちエルサレムで、人の住む所となる。
“Saa ɛda no, mɛyɛ Yuda ntuanofoɔ sɛ ogya ayowaa a ɛhyɛ nnyina mu, te sɛ ogyatɛn a ɛrederɛ wɔ wira a wɔaboa ano mu. Wɔbɛhye nnipa a wɔatwa wɔn ho ahyia nyinaa wɔ benkum ne nifa, nanso hwee renka Yerusalem wɔ baabi a ɔwɔ hɔ.
7 主はまずユダの幕屋を救われる。これはダビデの家の光栄と、エルサレムの住民の光栄とが、ユダの光栄にまさることのないようにするためである。
“Awurade bɛbɔ Yuda atenaeɛ ho ban kane, sɛdeɛ Dawid fie ne wɔn a wɔte Yerusalem animuonyam renkyɛne Yudafoɔ animuonyam.
8 その日、主はエルサレムの住民を守られる。彼らの中の弱い者も、その日には、ダビデのようになる。またダビデの家は神のように、彼らに先だつ主の使のようになる。
Saa ɛda no, Awurade bɛbɔ wɔn a wɔte Yerusalem ho ban, deɛ ɔyɛ mmerɛ koraa wɔ wɔn mu no bɛyɛ sɛ Dawid. Na Dawid asefoɔ bɛyɛ sɛ Onyankopɔn, te sɛ Awurade Bɔfoɔ a ɔdi wɔn anim.
9 その日には、わたしはエルサレムに攻めて来る国民を、ことごとく滅ぼそうと努める。
Saa ɛda no, mɛhyɛ aseɛ asɛe aman a wɔko tia Yerusalem nyinaa.
10 わたしはダビデの家およびエルサレムの住民に、恵みと祈の霊とを注ぐ。彼らはその刺した者を見る時、ひとり子のために嘆くように彼のために嘆き、ういごのために悲しむように、彼のためにいたく悲しむ。
“Mehwie adom ne nkotosrɛ honhom agu Dawid fie ne wɔn a wɔte Yerusalem so. Wɔbɛhwɛ me a wɔahwire me, na wɔatwa adwo ama no te sɛ obi a ɔretwa adwo wɔ ɔba korɔ ho, na wɔasu yaaya te sɛ obi a ɔresu ne ba barima piesie.
11 その日には、エルサレムの嘆きは、メギドの平野にあったハダデ・リンモンのための嘆きのように大きい。
Saa ɛda no agyaadwo twerɛ a ɛwɔ Yerusalem no ano bɛyɛ den te sɛ Hadad-Rimon agyaadwo twerɛ wɔ Megido asase tam so.
12 国じゅう、氏族おのおの別れて嘆く。すなわちダビデの家の氏族は別れて嘆き、その妻たちも別れて嘆く。ナタンの家の氏族は別れて嘆き、その妻たちも別れて嘆く。
Asase no sofoɔ nyinaa bɛdi awerɛhoɔ, abusua biara ne wɔn yerenom; Dawid fie abusua ne wɔn yerenom, Natan fie abusua ne wɔn yerenom,
13 レビの家の氏族は別れて嘆き、その妻たちも別れて嘆く。シメイの氏族は別れて嘆き、その妻たちも別れて嘆く。
Lewifie abusua ne wɔn yerenom, Simei abusua ne wɔn yerenom,
14 その他の氏族も皆別れて嘆き、その妻たちも別れて嘆くのである。
ne mmusua a aka no nyinaa ne wɔn yerenom.

< ゼカリヤ書 12 >