< ヨハネの黙示録 1 >
1 イエス・キリストの黙示。この黙示は、神が、すぐにも起るべきことをその僕たちに示すためキリストに与え、そして、キリストが、御使をつかわして、僕ヨハネに伝えられたものである。
Saa nhoma yi fa adiyisɛm a Onyankopɔn de maa Yesu Kristo sɛ ɔnkyerɛ nʼasomfo nea ɛrebɛba no ho. Kristo somaa ne bɔfo kɔɔ nʼakoa Yohane nkyɛn kɔdaa asɛm yi adi kyerɛɛ no,
2 ヨハネは、神の言とイエス・キリストのあかしと、すなわち、自分が見たすべてのことをあかしした。
sɛnea ɛbɛyɛ a Yohane bɛka biribiara a ohui. Eyi ne nʼadansedi ne asɛm a efi Onyankopɔn nkyɛn ne nokware a Yesu Kristo daa no adi no.
3 この預言の言葉を朗読する者と、これを聞いて、その中に書かれていることを守る者たちとは、さいわいである。時が近づいているからである。
Nhyira nka obiara a ɔbɛkenkan saa nhoma yi, na nhyira nka wɔn nso a wotie adiyisɛm no na wodi so sɛnea wɔakyerɛw wɔ saa nhoma yi mu no. Bere no abɛn.
4 ヨハネからアジヤにある七つの教会へ。今いまし、昔いまし、やがてきたるべきかたから、また、その御座の前にある七つの霊から、
Yohane, Nkyia a okyia asafo ahorow ason a ɛwɔ Asia no ni: Adom ne asomdwoe a efi nea ɔwɔ hɔ, na ɔtenaa hɔ, na ɔreba no ne ahonhom ason a wɔwɔ nʼahengua anim,
5 また、忠実な証人、死人の中から最初に生れた者、地上の諸王の支配者であるイエス・キリストから、恵みと平安とが、あなたがたにあるように。わたしたちを愛し、その血によってわたしたちを罪から解放し、
ne Yesu Kristo a ɔyɛ ɔdanseni nokwafo ne awufo mu abakan ne asase so ahene sodifo no nkyɛn nka mo. Ɔdɔ yɛn, na ɔnam ne wu no so agye yɛn afi yɛn bɔne mu.
6 わたしたちを、その父なる神のために、御国の民とし、祭司として下さったかたに、世々限りなく栄光と権力とがあるように、アァメン。 (aiōn )
Wayɛ yɛn ahemman ne asɔfo sɛ yɛnsom ne Nyankopɔn ne nʼAgya. Ɔno na wɔmfa anuonyam ne tumi mma no daa daa! Amen. (aiōn )
7 見よ、彼は、雲に乗ってこられる。すべての人の目、ことに、彼を刺しとおした者たちは、彼を仰ぎ見るであろう。また地上の諸族はみな、彼のゆえに胸を打って嘆くであろう。しかり、アァメン。
Hwɛ, ɔnam omununkum mu reba. Wɔn a wɔwɔɔ no peaw no ne obiara behu no. Asase so nnipa nyinaa besu no; ne nti
8 今いまし、昔いまし、やがてきたるべき者、全能者にして主なる神が仰せになる、「わたしはアルパであり、オメガである」。
Awurade Nyankopɔn Tumfo no se, “Mene Alfa ne Omega a ɔwɔ hɔ mprempren na ɔwɔ hɔ dedaw na ɔyɛ nea ɔrebɛba no.”
9 あなたがたの兄弟であり、共にイエスの苦難と御国と忍耐とにあずかっている、わたしヨハネは、神の言とイエスのあかしとのゆえに、パトモスという島にいた。
Me Yohane, a me ne mo nyinaa yɛ akyidifo. Yehu amane efisɛ Yesu ne yɛn hene, na ɔma yɛn ahoɔden wɔ ahohia mu. Esiane sɛ mekaa Onyankopɔn asɛm kaa nokware a Yesu daa no adi nti, wotwaa me asu de me kɔɔ Supɔw Patmo so.
10 ところが、わたしは、主の日に御霊に感じた。そして、わたしのうしろの方で、ラッパのような大きな声がするのを聞いた。
Awurade da no, Honhom no faa me na metee nne dennen bi a ɛte sɛ torobɛnto a ɛrebɔ wɔ mʼakyi.
11 その声はこう言った、「あなたが見ていることを書きものにして、それをエペソ、スミルナ、ペルガモ、テアテラ、サルデス、ヒラデルヒヤ、ラオデキヤにある七つの教会に送りなさい」。
Ɛkae se, “Kyerɛw biribiara a wuhu, na fa nhoma no kɔma saa asafo ahorow ason a ɛwɔ Efeso ne Smirna ne Pergamo ne Tiatira ne Sardi ne Filadelfia ne Laodikea no.”
12 そこでわたしは、わたしに呼びかけたその声を見ようとしてふりむいた。ふりむくと、七つの金の燭台が目についた。
Medan mʼani, pɛɛ sɛ mihu nea ɔrekasa kyerɛ me no. Ɛhɔ na mihuu sikakɔkɔɔ akaneadua ason.
13 それらの燭台の間に、足までたれた上着を着、胸に金の帯をしめている人の子のような者がいた。
Na akaneadua no mfimfini na onipa bi a ɔte sɛ Onipa Ba a ɔhyɛ batakari yuu a esi nʼanan ase a sika abɔso kyekyere ne koko no gyina.
14 そのかしらと髪の毛とは、雪のように白い羊毛に似て真白であり、目は燃える炎のようであった。
Na ne tinwi yɛ fitaa te sɛ asaawamfuturu anaasɛ sukyerɛmma, na nʼani dɛw sɛ ogya.
15 その足は、炉で精錬されて光り輝くしんちゅうのようであり、声は大水のとどろきのようであった。
Ne nan ase hyerɛnee sɛ asanka a wɔanan wɔ fononoo mu na afei wɔatwiw ho na ne nne woro so te sɛ asuworoe a ano yɛ den.
16 その右手に七つの星を持ち、口からは、鋭いもろ刃のつるぎがつき出ており、顔は、強く照り輝く太陽のようであった。
Na okura nsoromma ason wɔ ne nsa nifa mu na afoa anofanu a ɛyɛ nnam fi nʼanom bae. Na nʼanim hyerɛn te sɛ owigyinae wia.
17 わたしは彼を見たとき、その足もとに倒れて死人のようになった。すると、彼は右手をわたしの上において言った、「恐れるな。わたしは初めであり、終りであり、
Mihuu no no, mekɔhwee nʼanan ase te sɛ owufo. Ɔde ne nsa nifa too me so kae se, “Nsuro! Mene Ɔkannifo ne Okyikafo.
18 また、生きている者である。わたしは死んだことはあるが、見よ、世々限りなく生きている者である。そして、死と黄泉とのかぎを持っている。 (aiōn , Hadēs )
Mene ɔteasefo no! Miwui, nanso mprempren mete ase daa daa. Mikura owu ne asaman safe. (aiōn , Hadēs )
19 そこで、あなたの見たこと、現在のこと、今後起ろうとすることを、書きとめなさい。
“Enti afei kyerɛw nneɛma a wuhu; nea wuhu no mprempren ne nea ɛbɛba akyiri no, kyerɛw.
20 あなたがわたしの右手に見た七つの星と、七つの金の燭台との奥義は、こうである。すなわち、七つの星は七つの教会の御使であり、七つの燭台は七つの教会である。
Nsoromma ason a wuhu wɔ me nsa nifa mu ne sika akaneadua no nkyerɛase a ɛyɛ ahintasɛm no ni; Nsoromma ason no yɛ asafo ason no abɔfo, na akaneadua ason no nso yɛ asafo ason no.”