< 詩篇 93 >

1 主は王となり、威光の衣をまとわれます。主は衣をまとい、力をもって帯とされます。まことに、世界は堅く立って、動かされることはありません。
Awurade di hene, wɔde tumi ahentade ahyɛ no; wɔde tumi ahentade ahyɛ Awurade na wɔde ahoɔden ayɛ nʼakode. Wɔde wiase atim hɔ pintinn; na wɔrentumi ntutu.
2 あなたの位はいにしえより堅く立ち、あなたはとこしえよりいらせられます。
Wʼahengua tim hɔ fi tete; na wowɔ hɔ fi mmeresanten.
3 主よ、大水は声をあげました。大水はその声をあげました。大水はそのとどろく声をあげます。
Awurade, po ama wɔn ho so, po ama wɔn nne so; po ama wɔn asorɔkye a ɛbɔ dennen no so.
4 主は高き所にいらせられて、その勢いは多くの水のとどろきにまさり、海の大波にまさって盛んです。
Nea ɔwɔ tumi sen nsu akɛse mmubomu, nea ɔwɔ tumi sen po nworoso, Awurade a ɔte ɔsoro no yɛ ɔkɛse.
5 あなたのあかしはいとも確かです。主よ、聖なることはとこしえまでもあなたの家にふさわしいのです。
Awurade, wo nhyehyɛe gyina hɔ pintinn; kronkronyɛ hyɛ wo fi anuonyam daa nyinaa.

< 詩篇 93 >