< 詩篇 79 >

1 アサフの歌 神よ、もろもろの異邦人はあなたの嗣業の地を侵し、あなたの聖なる宮をけがし、エルサレムを荒塚としました。
Asaf dwom. Ao Onyankopɔn, amanaman no ato ahyɛ wʼagyapadeɛ so; wɔagu wʼasɔredan kronkron no ho fi, wɔama Yerusalem adane mmubuiɛ.
2 彼らはあなたのしもべのしかばねを空の鳥に与えてえさとし、あなたの聖徒の肉を地の獣に与え、
Wɔde wʼasomfoɔ afunu ayɛ aduane ama ewiem nnomaa, na wɔde wʼahotefoɔ ɛnam ama asase so mmoa.
3 その血をエルサレムのまわりに水のように流し、これを葬る人がありませんでした。
Wɔahwie mogya agu te sɛ nsuo wɔ Yerusalem ho nyinaa, na obiara nni hɔ a ɔbɛsie awufoɔ no.
4 われらは隣り人にそしられ、まわりの人々に侮られ、あざけられる者となりました。
Yɛayɛ animtiabudeɛ ama yɛn mfɛfoɔ, fɛdie ne nsopa ama wɔn a atwa yɛn ho ahyia.
5 主よ、いつまでなのですか。とこしえにお怒りになられるのですか。あなたのねたみは火のように燃えるのですか。
Ao Awurade, ɛnkɔsi da bɛn? Wo bo bɛfu afebɔɔ anaa? Wo ninkunu bɛdɛre sɛ ogya akɔsi da bɛn?
6 どうか、あなたを知らない異邦人と、あなたの名を呼ばない国々の上にあなたの怒りを注いでください。
Hwie wʼabofuo gu amanaman a wɔnni woɔ no so, ahennie a wɔmmɔ wo din no;
7 彼らはヤコブを滅ぼし、そのすみかを荒したからです。
ɛfiri sɛ wɔakum Yakob na wɔasɛe nʼatenaeɛ.
8 われらの先祖たちの不義をみこころにとめられず、あわれみをもって、すみやかにわれらを迎えてください。われらは、はなはだしく低くされたからです。
Mfa yɛn agyanom bɔne so asotwe mma yɛn; ma wo mmɔborɔhunu mmra yɛn so ntɛm, na yɛwɔ ahohiahia mu.
9 われらの救の神よ、み名の栄光のためにわれらを助け、み名のためにわれらを救い、われらの罪をおゆるしください。
Ao Onyankopɔn yɛn Agyenkwa, boa yɛn, wo din no animuonyam nti; gye yɛn na fa yɛn bɔne kyɛ yɛn wo din enti.
10 どうして異邦人は言うのでしょう、「彼らの神はどこにいるのか」と。あなたのしもべらの流された血の報いをわれらのまのあたりになして、異邦人に知らせてください。
Adɛn enti na ɛsɛ sɛ amanaman ka sɛ, “Wɔn Onyankopɔn wɔ he?” Yɛn anim ha ara, ma wɔnhunu wɔ amanaman mu sɛ wotɔ wʼasomfoɔ mogya a wɔahwie agu no so werɛ.
11 捕われ人の嘆きをあなたのみ前にいたらせ、あなたの大いなる力により、死に定められた者を守りながらえさせてください。
Ma nneduafoɔ no apinisie nnuru wʼanim; fa wo basa ahoɔden no kora wɔn a wɔabu wɔn kumfɔ no.
12 主よ、われらの隣り人があなたをそしったそしりを七倍にして彼らのふところに報い返してください。
Ao Awurade, ahohora a yɛn mfɛfoɔ asum agu wo soɔ no, tua wɔn so ka mprɛnson.
13 そうすれば、あなたの民、あなたの牧の羊は、とこしえにあなたに感謝し、世々あなたをほめたたえるでしょう。
Na yɛn a yɛyɛ wo nkurɔfoɔ, wʼadidibea nnwan no, bɛyi wo ayɛ daa nyinaa; ɛfiri awoɔ ntoatoasoɔ kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ yɛbɛkɔ so aka wʼayɛyie akyerɛ.

< 詩篇 79 >