< 詩篇 65 >

1 聖歌隊の指揮者によってうたわせたダビデの歌、さんび 神よ、シオンにて、あなたをほめたたえることはふさわしいことである。人はあなたに誓いを果すであろう。
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Dawid dwom. Ao, Onyankopɔn, ayɛyie retwɛn wo wɔ Sion, na yɛbɛdi yɛn bɔ a yɛahyɛ wo no so.
2
Ao, wo a woyɛ mpaeɛbɔ tiefoɔ, wo nkyɛn na nnipa nyinaa bɛba.
3 祈を聞かれる方よ、すべての肉なる者は罪のゆえにあなたに来る。われらのとががわれらに打ち勝つとき、あなたはこれをゆるされる。
Ɛberɛ a yɛn bɔne menee yɛn no, wo na wɔde yɛn mmaratoɔ kyɛɛ yɛn.
4 あなたに選ばれ、あなたに近づけられて、あなたの大庭に住む人はさいわいである。われらはあなたの家、あなたの聖なる宮の恵みによって飽くことができる。
Nhyira nka wɔn a woyi wɔn ma wɔbɛn wo sɛ wɔntena wʼadihɔ hɔ! Nneɛma pa a ɛwɔ wo fie ahyɛ yɛn ma, deɛ ɛwɔ wʼasɔredan kronkron mu no.
5 われらの救の神よ、地のもろもろのはてと、遠き海の望みであるあなたは恐るべきわざにより、救をもってわれらに答えられる。
Wode tenenee nnwuma a ɛyɛ nwanwa ma yɛn mmuaeɛ, Ao Onyankopɔn yɛn agyenkwa. Woyɛ asase so afanan nyinaa anidasoɔ ne ɛpo so akyirikyiri nso.
6 あなたは大能を帯び、そのみ力によって、もろもろの山を堅く立たせられる。
Wonam wo tumi so yɛɛ mmepɔ de daa wʼahoɔden adi.
7 あなたは海の響き、大波の響き、もろもろの民の騒ぎを静められる。
Wodwodwoo ɛpo nworosoɔ, asorɔkye no a ɛbobɔ ne amanaman no hooyɛ.
8 それゆえ、地のはてに住む人々も、あなたのもろもろのしるしを見て恐れる。あなたは朝と夕の出る所をして喜び歌わせられる。
Wɔn a wɔte akyirikyiri no suro wʼanwanwadeɛ. Ɛfiri faako a adeɛ kye kɔsi deɛ onwunu dwoɔ, wofrɛ ahurisie nnwom wɔ hɔ.
9 あなたは地に臨んで、これに水をそそぎ、これを大いに豊かにされる。神の川は水で満ちている。あなたはそのように備えして彼らに穀物を与えられる。
Wohwɛ asase no gugu so nsuo; woma no yɛ asase pa ma ɛboro so. Wode nsuo hyɛ Onyankopɔn nsuwansuwa ma sɛdeɛ ɛbɛma nnipa no aduane. Sɛdeɛ woayɛ no nie.
10 あなたはその田みぞを豊かにうるおし、そのうねを整え、夕立ちをもってそれを柔らかにし、そのもえ出るのを祝福し、
Wofɔɔ deɛ woafuntum hɔ fɔkyee na wokaa nkofie no sram so; wode nsuo petee so maa no yɛɛ bɛtɛɛ na wohyiraa ɛso afifideɛ.
11 またその恵みをもって年の冠とされる。あなたの道にはあぶらがしたたる。
Wode nnɔbaeɛ bebree wiee afe no, na wo nteaseɛnam yɛɛ ma buu so.
12 野の牧場はしたたり、小山は喜びをまとい、
Ɛserɛ so wira dɔɔso na anigyeɛ baa nkokoɔ so.
13 牧場は羊の群れを着、もろもろの谷は穀物をもっておおわれ、彼らは喜び呼ばわって共に歌う。
Nnwankuo ahyɛ adidibea hɔ ma na ayuo akata mmɔnhwa no so; wɔbɔ ose, to ahosɛpɛ dwom.

< 詩篇 65 >