< 詩篇 49 >

1 聖歌隊の指揮者によってうたわせたコラの子の歌 もろもろの民よ、これを聞け、すべて世に住む者よ、耳を傾けよ。
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Kora mma dwom. Nnipa nyinaa, montie; monyɛ aso, mo a mowɔ ewiase yi mu nyinaa,
2 低きも高きも、富めるも貧しきも、共に耳を傾けよ。
deɛ ɔyɛ abomfiaa ne deɛ ɔdi mu, adefoɔ ne ahiafoɔ nyinaa.
3 わが口は知恵を語り、わが心は知識を思う。
Mʼano bɛka anyansasɛm; nsɛm a ɛfiri mʼakomam bɛma nhunumu.
4 わたしは耳をたとえに傾け、琴を鳴らして、わたしのなぞを解き明かそう。
Mɛbrɛ mʼaso ase atie abɛbusɛm; na menam sankubɔ so bɛte aseɛ ama makyerɛ abɛbusɛm no ase.
5 わたしをしえたげる者の不義がわたしを取り囲む悩みの日に、どうして恐れなければならないのか。
Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mesuro nna bɔne, ɛberɛ a amumuyɛfoɔ adaadaafoɔ atwa me ho ahyia,
6 彼らはおのが富をたのみ、そのたからの多いのを誇る人々である。
wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn ahonya soɔ na wɔde wɔn adedodoɔ hoahoa wɔn ho?
7 まことに人はだれも自分をあがなうことはできない。そのいのちの価を神に払うことはできない。
Onipa biara rentumi nnye nʼankasa nkwa na ɔrentumi mfa mpata biara mma Onyankopɔn.
8
Nkwa ho mpata boɔ yɛ den, sika biara rentumi ntɔ,
9 とこしえに生きながらえて、墓を見ないためにそのいのちをあがなうには、あまりに価高くて、それを満足に払うことができないからである。
sɛ ɛbɛma no atena ase afebɔɔ a ɔrenhunu porɔeɛ.
10 まことに賢い人も死に、愚かな者も、獣のような者も、ひとしく滅んで、その富を他人に残すことは人の見るところである。
Obiara nim pefee sɛ anyansafoɔ wu; saa ara na nkwaseafoɔ ne agyimifoɔ nso wuo na wɔgya wɔn ahonya hɔ ma afoforɔ.
11 たとい彼らはその地を自分の名をもって呼んでも、墓こそ彼らのとこしえのすまい、世々彼らのすみかである。
Wɔn adamena bɛyɛ wɔn afie afebɔɔ. Ɛhɔ na wɔbɛtena awoɔ ntoatoasoɔ kɔsi ɛberɛ a ɛnni awieeɛ mu, wɔn din a wɔde totoo nsase so nyinaa akyi.
12 人は栄華のうちに長くとどまることはできない、滅びうせる獣にひとしい。
Na onipa ahonya nyinaa akyi no, ɔrentena hɔ daa; ɔte sɛ mmoa a wɔwuo no ara.
13 これぞ自分をたのむ愚かな者どもの成りゆき、自分の分け前を喜ぶ者どもの果である。 (セラ)
Yei ne deɛ ɛda hɔ ma wɔn a wɔgye wɔn ho die, ne wɔn akyidifoɔ a wɔfoa wɔn nsɛm soɔ.
14 彼らは陰府に定められた羊のように死が彼らを牧するであろう。彼らはまっすぐに墓に下り、そのかたちは消えうせ、陰府が彼らのすまいとなるであろう。 (Sheol h7585)
Wɔte sɛ nnwan na wɔbɛkɔ damena mu, na owuo de wɔn bɛyɛ nʼaduane. Teneneefoɔ bɛdi wɔn so anɔpa; wɔn onipadua bɛporɔ wɔ damena mu, na wɔne wɔn adan akɛseɛ no ntam kwan bɛware. (Sheol h7585)
15 しかし神はわたしを受けられるゆえ、わたしの魂を陰府の力からあがなわれる。 (セラ) (Sheol h7585)
Nanso, Onyankopɔn de ne tumi bɛgye me afiri damena mu; ampa ara, ɔde me bɛkɔ ne nkyɛn. (Sheol h7585)
16 人が富を得るときも、その家の栄えが増し加わるときも、恐れてはならない。
Sɛ onipa nya ne ho a, mma ɛnha wo; na sɛ ne fie anigyeɛ yɛ bebree a, mma no nha wo;
17 彼が死ぬときは何ひとつ携え行くことができず、その栄えも彼に従って下って行くことはないからである。
ɛfiri sɛ, sɛ ɔwu a, ɔremfa hwee nkɔ, nʼanimuonyam ne no renkɔ amena mu.
18 たとい彼が生きながらえる間、自分を幸福と思っても、またみずから幸な時に、人々から称賛されても、
Mpo ɔte ase no, ɔfaa no sɛ wɔahyira no, ɛfiri sɛ wɔkamfo nnipa ɛberɛ a wɔdi yie,
19 彼はついにおのれの先祖の仲間に連なる。彼らは絶えて光を見ることがない。
nanso ɔbɛkɔ akɔka nʼagyanom ho, wɔn a wɔrenhunu nkwa hann ara da no.
20 人は栄華のうちに長くとどまることはできない。滅びうせる獣にひとしい。
Onipa a ɔwɔ ahonya na ɔnni nhunumu no, ɔte sɛ aboa a ɔwuo.

< 詩篇 49 >