< 詩篇 29 >

1 ダビデの歌 神の子らよ、主に帰せよ、栄光と力とを主に帰せよ。
Dawid dwom. Momfa mma Awurade no, Ao ɔsoro abɔdeɛ, momfa animuonyam ne tumi mma Awurade.
2 み名の栄光を主に帰せよ、聖なる装いをもって主を拝め。
Momfa animuonyam a ɛfata Awurade din mma no; monsɔre Awurade wɔ nʼanimuonyam kronkron mu.
3 主のみ声は水の上にあり、栄光の神は雷をとどろかせ、主は大水の上におられる。
Awurade nne wɔ nsuo no so; animuonyam Onyankopɔn bobom, Awurade bobom wɔ nsuo akɛseɛ so.
4 主のみ声は力があり、主のみ声は威厳がある。
Awurade nne mu wɔ tumi; Awurade nne mu wɔ animuonyam.
5 主のみ声は香柏を折り砕き、主はレバノンの香柏を折り砕かれる。
Awurade nne bubu ntweneduro; Awurade nne bubu Lebanon ntweneduro mu nketenkete.
6 主はレバノンを子牛のように踊らせ、シリオンを若い野牛のように踊らされる。
Ɔma Lebanon hurihuri te sɛ nantwie ba, na Sirion nso sɛ ɛkoɔ ba.
7 主のみ声は炎をひらめかす。
Awurade nne pa ma anyinam ogya dɛre
8 主のみ声は荒野を震わせ、主はカデシの荒野を震わされる。
Awurade nne woso ɛserɛ so; Awurade woso Kades serɛ.
9 主のみ声はかしの木を巻きあげ、また林を裸にする。その宮で、すべてのものは呼ばわって言う、「栄光」と。
Awurade nne kyinkyim adum na ɛma kwaeɛ yɛ kwaterekwa. Nʼasɔredan mufoɔ nyinaa team ka sɛ, “Animuonyam nka Onyankopɔn!”
10 主は洪水の上に座し、主はみくらに座して、とこしえに王であらせられる。
Awurade di ɔhene wɔ nsuyire so; wɔasi Awurade ɔhene afebɔɔ.
11 主はその民に力を与え、平安をもってその民を祝福されるであろう。
Awurade ma ne nkurɔfoɔ ahoɔden, na ɔde asomdwoeɛ hyira wɔn.

< 詩篇 29 >