< 詩篇 138 >
1 ダビデのうた われはわが心をつくしてなんぢに感謝し もろもろの神のまへにて汝をほめうたはん
Dawid deɛ. Ao Awurade, mɛfiri mʼakoma nyinaa mu ayi wo ayɛ; mɛto wʼayɛyie dwom wɔ anyame no anim.
2 我なんぢのきよき宮にむかひて伏拝み なんぢの仁慈とまこととの故によりて聖名にかんしやせん そは汝そのみことばをもろもろの聖名にまさりて高くしたまひたればなり
Mede mʼani bɛkyerɛ wʼasɔredan kronkron no, akoto wo na makamfo wo din wɔ wʼadɔeɛ ne wo nokorɛdie enti ɛfiri sɛ wɔapagya wo din ne wʼasɛm no asene nneɛma nyinaa.
3 汝わがよばはりし日にわれにこたへ わが霊魂にちからをあたへて雄々しからしめたまへり
Ɛberɛ a mesu mefrɛɛ wo no, wogyee me so; womaa me nyaa akokoɔduru ne nnamyɛ.
4 ヱホバよ地のすべての王はなんぢに感謝せん かれらはなんぢの口のもろもろの言をききたればなり
Ao Awurade, sɛ ahemfo a ɛwɔ ewiase nyinaa te wʼanomu asɛm a ma wɔn nkamfo wo.
5 かれらはヱホバのもろもろの途についてうたはん ヱホバの榮光おほいなればなり
Ma wɔnto Awurade akwan ho nnwom, na Awurade animuonyam yɛ kɛseɛ.
6 ヱホバは高くましませども卑きものを顧みたまふ されど亦おごれるものを遠よりしりたまへり
Ɛwom sɛ Awurade wɔ ɔsorosoro deɛ, nanso ɔhwɛ mmɔborɔfoɔ, na ahantanfoɔ deɛ, ɔhunu wɔn akyirikyiri.
7 縦ひわれ患難のなかを歩むとも汝われをふたたび活し その手をのばしてわが仇のいかりをふせぎ その右の手われをすくひたまふべし
Ɛwom sɛ menam ɔhaw mu deɛ, nanso wobɔ me nkwa ho ban; wotene wo nsa wɔ mʼatamfoɔ abufuo so, na wode wo nsa nifa gye me nkwa.
8 ヱホバはわれに係れることを全うしたまはん ヱホバよなんぢの憐憫はとこしへにたゆることなし願くはなんぢの手のもろもろの事跡をすてたまふなかれ
Awurade bɛma deɛ wahyehyɛ ama me no aba mu; Ao Awurade, wʼadɔeɛ wɔ hɔ daa, nnyaa wo nsa ano adwuma hɔ. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.