< 詩篇 12 >
1 聖歌隊の指揮者によってシェミニテにあわせてうたわせたダビデの歌 主よ、お助けください。神を敬う人は絶え、忠信な者は人の子らのなかから消えうせました。
Dawid dwom. Boa yɛn, Awurade, na nyamesurofo asa; nokwafo ayera wɔ nnipa mu.
2 人はみなその隣り人に偽りを語り、へつらいのくちびると、ふたごころとをもって語る。
Obiara di atoro kyerɛ ne yɔnko; wɔn ano a ɛdɛfɛdɛfɛ no ka nnaadaasɛm.
3 主はすべてのへつらいのくちびると、大きな事を語る舌とを断たれるように。
Ma Awurade ntwa nnaadaa ano ne tɛkrɛma biara a ɛhoahoa ne ho nkyene;
4 彼らは言う、「わたしたちは舌をもって勝を得よう、わたしたちのくちびるはわたしたちのものだ、だれがわたしたちの主人であるか」と。
nea ɛka se, “Yɛde yɛn tɛkrɛma bedi nkonim; yɛn ano bedi ama yɛn, na hena na odi yɛn so tumi?”
5 主は言われる、「貧しい者がかすめられ、乏しい者が嘆くゆえに、わたしはいま立ちあがって、彼らをその慕い求める安全な所に置こう」と。
“Esiane ɔhyɛ a wɔde hyɛ mmɔborɔni ne ohiani apinisi no nti, mɛsɔre afei,” Awurade na ose. “Mɛbɔ wɔn ho ban afi wɔn a wɔhaw wɔn no ho.”
6 主のことばは清き言葉である。地に設けた炉で練り、七たびきよめた銀のようである。
Awurade asɛm yɛ nokware te sɛ dwetɛ a wɔasɔn so wɔ fononoo mu, na wɔahoa ho mpɛn ason.
7 主よ、われらを保ち、とこしえにこの人々から免れさせてください。
Awurade, wobɛkora mmɔborɔni na woabɔ yɛn ho ban afi saa nnipa yi ho afebɔɔ.
8 卑しい事が人の子のなかにあがめられている時、悪しき者はいたる所でほしいままに歩いています。
Amumɔyɛfo nenam sɛnea wɔpɛ, bere a adesamma de nidi ma afide. Wɔde ma dwonkyerɛfo.