< 詩篇 109 >
1 聖歌隊の指揮者によってうたわせたダビデの歌 わたしのほめたたえる神よ、もださないでください。
Dawid dwom. Me Nyankopɔn a mekamfo wo, nyɛ komm,
2 彼らは悪しき口と欺きの口をあけて、わたしにむかい、偽りの舌をもってわたしに語り、
na amumɔyɛfo ne nkontompofo atu wɔn ano agu me so; wɔde atoro tɛkrɛma akasa atia me.
3 恨みの言葉をもってわたしを囲み、ゆえなくわたしを攻めるのです。
Wɔde nitansɛm atwa me ho ahyia na wɔtow hyɛ me so a menkaa wɔn.
4 彼らはわが愛にむくいて、わたしを非難します。しかしわたしは彼らのために祈ります。
Wɔka nsɛm to me so de tua mʼadɔeyɛ so ka, nanso meyɛ obi a mepɛ mpaebɔ.
5 彼らは悪をもってわが善に報い、恨みをもってわが愛に報いるのです。
Wɔde bɔne tua me papayɛ so ka, na wɔde ɔtan tua mʼadɔeyɛ so ka.
6 彼の上に悪しき人を立て、訴える者に彼を訴えさせてください。
Ma onipa bɔne bi nsɔre ntia no; na Satan nnyina ne nsa nifa so.
7 彼がさばかれるとき、彼を罪ある者とし、その祈を罪に変えてください。
Wodi nʼasɛm a, ma onni fɔ, na ne mpaebɔ mmu no kumfɔ.
8 その日を少なくし、その財産をほかの人にとらせ、
Ma ne nkwa nna nyɛ kakraa bi; na ɔfoforo nsi nʼanan mu sɛ ɔkannifo.
9 その子らをみなしごにし、その妻をやもめにしてください。
Ma ne mma nyɛ ayisaa na ne yere nyɛ okunafo.
10 その子らを放浪者として施しをこわせ、その荒れたすまいから追い出させてください。
Ma ne mma nkyinkyin nsrɛsrɛ ade; ma wɔmpam wɔn mfi wɔn afi a abubu no mu.
11 彼が持っているすべての物を債主に奪わせ、その勤労の実をほかの人にかすめさせてください。
Ma ɔdefirifo bi mfa nea ɔwɔ nyinaa; na ananafo mfom nʼadwuma so aba.
12 彼にいつくしみを施す者はひとりもなく、またそのみなしごをあわれむ者もなく、
Mma obiara nhu no, anaa ne ayisaa mmɔbɔ.
13 その子孫を絶えさせ、その名を次の代に消し去ってください。
Ma nʼase nhyew, na wɔn din nyera wɔ awo ntoatoaso a ɛreba no mu.
14 その父たちの不義は主のみ前に覚えられ、その母の罪を消し去らないでください。
Ma wɔnkae nʼagyanom nnebɔne wɔ Awurade anim; na ne na bɔne no ntena hɔ daa.
15 それらを常に主のみ前に置き、彼の記憶を地から断ってください。
Wɔn bɔne nyinaa nka Awurade anim, na wɔankae wɔn bio wɔ asase so.
16 これは彼がいつくしみを施すことを思わず、かえって貧しい者、乏しい者を責め、心の痛める者を殺そうとしたからです。
Efisɛ wannwene da sɛ ɔbɛyɛ adɔe, na mmom ɔtaa ahiafo mmɔborɔfo ne wɔn a wɔn werɛ ahow de kɔɔ owu mu.
17 彼はのろうことを好んだ。のろいを彼に臨ませてください。彼は恵むことを喜ばなかった。恵みを彼から遠ざけてください。
Nʼani gyee sɛ ɔbɛdome enti nnome mmra no so; wampɛ sɛ obehyira enti nhyira mmɔ no.
18 彼はのろいを衣のように着た。のろいを水のようにその身にしみこませ、油のようにその骨にしみこませてください。
Ɔhyɛɛ nnome sɛ atade; ɛno kɔɔ ne nipadua mu sɛ nsu, ne ne nnompe mu sɛ ngo.
19 またそれを自分の着る着物のようにならせ、常に締める帯のようにならせてください。
Ma ɛnyɛ sɛ atade a ɛkyekyere ne ho, ne abɔso a ɛbɔ no daa.
20 これがわたしを非難する者と、わたしに逆らって悪いことを言う者の主からうける報いとしてください。
Ma eyi nyɛ Awurade akatua a ɔde ma me sobobɔfo, wɔn a wɔka nsɛmmɔne fa me ho no.
21 しかし、わが主なる神よ、あなたはみ名のために、わたしを顧みてください。あなたのいつくしみの深きにより、わたしをお助けください。
Nanso wo Asafo Awurade, wo din nti wo ne me nni no yiye; fi wʼadɔe mu gye me.
22 わたしは貧しく、かつ乏しいのです。わたしの心はわがうちに傷ついています。
Efisɛ meyɛ ohiani ne nea onni bi, na me koma atɔ beraw wɔ me mu.
23 わたしは夕日の影のように去りゆき、いなごのように追い払われます。
Mitwaa mu sɛ anwummere sunsuma; wopia me kyene sɛ mmoadabi.
24 わたしのひざは断食によってよろめき、わたしの肉はやせ衰え、
Mmuadadi ama me nkotodwe mu agugow; mafɔn, na ama aka me nnompe.
25 わたしは彼らにそしられる者となりました。彼らはわたしを見ると、頭を振ります。
Mayɛ aserewde ama wɔn a wɔbɔ me sobo; sɛ wohu me a, wɔwosow wɔn ti.
26 わが神、主よ、わたしをお助けください。あなたのいつくしみにしたがって、わたしをお救いください。
Boa me, Awurade me Nyankopɔn; gye me sɛnea wʼadɔe te.
27 主よ、これがあなたのみ手のわざであること、あなたがそれをなされたことを、彼らに知らせてください。
Ma wonhu sɛ ɛyɛ wo nsa, na wo na woayɛ, Awurade.
28 彼らはのろうけれども、あなたは祝福されます。わたしを攻める者をはずかしめ、あなたのしもべを喜ばせてください。
Wɔbɛdome, nanso wubehyira; sɛ wɔtow hyɛ me so a wɔn anim begu ase, nanso wo somfo ani begye.
29 わたしを非難する者にはずかしめを着せ、おのが恥を上着のようにまとわせてください。
Mʼatamfo befura animguase; na akyekyere wɔn ho sɛ atade.
30 わたしはわが口をもって大いに主に感謝し、多くの人のなかで主をほめたたえます。
Mede mʼano bɛma Awurade so ayɛ no kɛse; mɛkamfo no wɔ dɔm mu.
31 主は貧しい者の右に立って、死罪にさだめようとする者から彼を救われるからです。
Efisɛ ogyina ohiani nsa nifa so sɛ obegye no nkwa afi wɔn a wobu no kumfɔ nsam.