< 箴言 知恵の泉 9 >
Nyansa asi ne fi; wasisi nʼafadum ason.
2 獣をほふり、酒を混ぜ合わせて、ふるまいを備え、
Wasiesie ne nam de afra ne nsa, wato ne pon.
3 はしためをつかわして、町の高い所で呼ばわり言わせた、
Wasoma ne mmaawa, na ɔfrɛ fi kuropɔn no sorɔnsorɔmmea hɔ se,
4 「思慮のない者よ、ここに来れ」と。また、知恵のない者に言う、
“Momma ntetekwaafo nyinaa mmra ha!” Ɔka kyerɛ wɔn a wonni atemmu se,
5 「来て、わたしのパンを食べ、わたしの混ぜ合わせた酒をのみ、
“Mommra mmedi mʼaduan na monnom nsa a mafra no.
6 思慮のないわざを捨てて命を得、悟りの道を歩め」と。
Munnyaw mo ntetekwaasɛm no na mubenya nkwa; monnantew ntease akwan so.”
7 あざける者を戒める者は、自ら恥を得、悪しき者を責める者は自ら傷を受ける。
Nea ɔteɛteɛ ɔfɛwdifo no frɛ ahohorabɔ; na nea ɔka amumɔyɛfo anim no nya ɔyaw.
8 あざける者を責めるな、おそらく彼はあなたを憎むであろう。知恵ある者を責めよ、彼はあなたを愛する。
Ɛno nti, nka ɔfɛwdifo anim na ɔmmɛtan wo; ka onyansafo anim na ɔbɛdɔ wo.
9 知恵ある者に教訓を授けよ、彼はますます知恵を得る。正しい者を教えよ、彼は学に進む。
Ma onyansafo akwankyerɛ na ɔbɛkɔ so ahu nyansa; kyerɛkyerɛ ɔtreneeni na ɔde bɛka nʼadesua ho.
10 主を恐れることは知恵のもとである、聖なる者を知ることは、悟りである。
Awurade suro yɛ nyansa mfiase Ɔkronkronni no ho nimdeɛ yɛ ntease.
11 わたしによって、あなたの日は多くなり、あなたの命の年は増す。
Me mu na wo nna bɛdɔɔso, na wɔde mfe bɛka wo nkwa ho.
12 もしあなたに知恵があるならば、あなた自身のために知恵があるのである。もしあなたがあざけるならば、あなたひとりがその責めを負うことになる。
Sɛ woyɛ onyansafo a, wubenya wo nyansa so mfaso; sɛ woyɛ ɔfɛwdifo a, wo nko ara na wubehu amane.
13 愚かな女は、騒がしく、みだらで、恥を知らない。
Ɔbea ɔkwasea yɛ ɔkasafo; onni ahohyɛso na onni nimdeɛ.
14 彼女はその家の戸口に座し、町の高い所にある座にすわり、
Ɔte ne fi pon ano, na ɔte akongua a esi kuropɔn no sorɔnsorɔmmea,
na ɔfrɛfrɛ wɔn a wotwa mu wɔ hɔ, wɔn a wɔnam wɔn kwan so tee se,
16 「思慮のない者よ、ここに来れ」と。また知恵のない人に向かってこれに言う、
“Momma ntetekwaafo nyinaa mmra ha” ɔka kyerɛ wɔn a wonni atemmu se,
17 「盗んだ水は甘く、ひそかに食べるパンはうまい」と。
“Nsu a wowia no yɛ fremfrem na aduan a wodi no ahintawee no yɛ dɛ!”
18 しかしその人は、死の影がそこにあることを知らず、彼女の客は陰府の深みにおることを知らない。 (Sheol )
Nanso wonnim koraa sɛ awufo wɔ hɔ sɛ nʼahɔho wɔ ɔda no ase tɔnn. (Sheol )