< 箴言 知恵の泉 19 >

1 正しく歩む貧しい者は、曲ったことを言う愚かな者にまさる。
Ohiani a ne nanteɛ ho nni asɛm no yɛ sene ɔkwasea a nʼasɛm mfa ɛkwan mu.
2 人が知識のないのは良くない、足で急ぐ者は道に迷う。
Mmɔdemmɔ a nimdeɛ nka ho no nyɛ, saa ara na ntɛmpɛ a ɛma obi yera ɛkwan nso nyɛ.
3 人は自分の愚かさによって道につまずき、かえって心のうちに主をうらむ。
Onipa agyimisɛm sɛe nʼabrabɔ, nanso nʼakoma huru tia Awurade.
4 富は多くの新しい友を作る、しかし貧しい人はその友に捨てられる。
Ahonya frɛfrɛ nnamfonom bebree; nanso ohiani adamfo gya no hɔ.
5 偽りの証人は罰を免れない、偽りをいう者はのがれることができない。
Adansekurumni bɛnya nʼakatua, na deɛ ɔtwa nkontompo remfa ne ho nni.
6 気前のよい人にこびる者は多い、人はみな贈り物をする人の友となる。
Nnipa pii pɛ adom firi sodifoɔ nkyɛn, na deɛ ɔkyɛ adeɛ yɛ obiara adamfo.
7 貧しい者はその兄弟すらもみなこれを憎む、ましてその友はこれに遠ざからないであろうか。言葉をかけてこれを呼んでも、去って帰らないのである。
Ohiani abusuafoɔ nyinaa po no, na saa ara na ne nnamfonom po no! Mpo ɔhwehwɛ wɔn pɛ sɛ ɔpa wɔn kyɛw, nanso ɔnhunu wɔn baabiara.
8 知恵を得る者は自分の魂を愛し、悟りを保つ者は幸を得る。
Deɛ ɔnya nyansa no dɔ ne kra; deɛ ɔpɛ nhunumu no nya nkɔsoɔ.
9 偽りの証人は罰を免れない、偽りをいう者は滅びる。
Adansekurumni bɛnya asotwe, na deɛ ɔtwa nkontompo no bɛyera.
10 愚かな者が、ぜいたくな暮しをするのは、ふさわしいことではない、しもべたる者が、君たる者を治めるなどは、なおさらである。
Akɛsesɛm mfata ɔkwasea, anaasɛ akoa bɛdi mmapɔmma so!
11 悟りは人に怒りを忍ばせる、あやまちをゆるすのは人の誉である。
Onipa nyansa ma no ntoboaseɛ; sɛ ɔbu nʼani gu mfomsoɔ bi so a ɛhyɛ no animuonyam.
12 王の怒りは、ししのほえるようであり、その恵みは草の上におく露のようである。
Ɔhene abufuo te sɛ gyata mmobom, na nʼadom te sɛ ɛserɛ so bosuo.
13 愚かな子はその父の災である、妻の争うのは、雨漏りの絶えないのとひとしい。
Ɔba kwasea yɛ nʼagya ɔsɛeɛ, ɔyere ntɔkwapɛfoɔ te sɛ nsusosɔ a ɛntwa da.
14 家と富とは先祖からうけつぐもの、賢い妻は主から賜わるものである。
Afie ne ahonyadeɛ yɛ agyapadeɛ a ɛfiri awofoɔ, na ɔyere nimdefoɔ firi Awurade.
15 怠りは人を熟睡させる、なまけ者は飢える。
Akwadworɔ de nnahɔɔ ba, na ɛkɔm de ɔkwadwofoɔ.
16 戒めを守る者は自分の魂を守る、み言葉を軽んじる者は死ぬ。
Deɛ ɔdi nkyerɛkyerɛ so no bɔ ne nkwa ho ban, na deɛ ɔgyaagyaa ne ho no bɛwu.
17 貧しい者をあわれむ者は主に貸すのだ、その施しは主が償われる。
Deɛ ɔyɛ adɔeɛ ma ohiani no yɛ de fɛm Awurade, na ɔbɛtua no deɛ ɔyɛ no so ka.
18 望みのあるうちに、自分の子を懲らせ、これを滅ぼす心を起してはならない。
Tene wo ba, na ɛno mu na anidasoɔ wɔ, na ɛnyɛ wɔn a wɔde no kɔ owuo mu no mu baako.
19 怒ることの激しい者は罰をうける、たとい彼を救ってやっても、さらにくり返さねばならない。
Ɛsɛ sɛ onipa a nʼakoma ha no no tua so ka; sɛ woka ma no a wobɛyɛ bio.
20 勧めを聞き、教訓をうけよ、そうすれば、ついには知恵ある者となる。
Tie afotuo na gye nkyerɛkyerɛ to mu, na awieeɛ no, wobɛhunu nyansa.
21 人の心には多くの計画がある、しかしただ主の、み旨だけが堅く立つ。
Nhyehyɛeɛ bebree wɔ onipa akoma mu, nanso deɛ Awurade pɛ no na ɛba mu.
22 人に望ましいのは、いつくしみ深いことである、貧しい人は偽りをいう人にまさる。
Deɛ onipa pɛ ne nokorɛ dɔ; ɛyɛ sɛ wobɛyɛ ohiani sene sɛ wobɛyɛ ɔtorofoɔ.
23 主を恐れることは人を命に至らせ、常に飽き足りて、災にあうことはない。
Awurade suro kɔ nkwa mu; na onipa de abotɔyam home a ɔhaw bi nni mu.
24 なまけ者は、手を皿に入れても、それを口に持ってゆくことをしない。
Ɔkwadwofoɔ nsa ka ayowaa mu na ɔremma so mpo nkɔ nʼano!
25 あざける者を打て、そうすれば思慮のない者も慎む。さとき者を戒めよ、そうすれば彼は知識を得る。
Twa ɔfɛdifoɔ mmaa, na atetekwaa bɛfa adwene; ka deɛ ɔwɔ nhunumu anim, na ɔbɛnya nimdeɛ.
26 父に乱暴をはたらき、母を追い出す者は、恥をきたらし、はずかしめをまねく子である。
Deɛ ɔbɔ nʼagya korɔno na ɔpamo ne maame no yɛ ɔba a ɔde aniwuo ne animguaseɛ ba.
27 わが子よ、知識の言葉をはなれて人を迷わせる教訓を聞くことをやめよ。
Me ba, sɛ wogyae nkyerɛkyerɛ tie a, wobɛmane afiri nimdeɛ nsɛm ho.
28 悪い証人はさばきをあざけり、悪しき者の口は悪をむさぼり食う。
Adansekurumni di atɛntenenee ho fɛw; na omumuyɛfoɔ ano mene bɔne.
29 さばきはあざける者のために備えられ、むちは愚かな者の背のために備えられる。
Wɔasiesie asotwe ama fɛdifoɔ, ne mmaabɔ ama nkwaseafoɔ akyi.

< 箴言 知恵の泉 19 >