< 民数記 24 >

1 バラムはイスラエルを祝福することが主の心にかなうのを見たので、今度はいつものように行って魔術を求めることをせず、顔を荒野にむけ、
Afei, Balaam hunuu sɛ Awurade pɛ sɛ ɔhyira Israel. Yei enti, wankɔ abisa sɛdeɛ ɔtaa yɛ no. Na mmom, ɔtoo nʼani hwɛɛ ɛserɛ no so,
2 目を上げて、イスラエルがそれぞれ部族にしたがって宿営しているのを見た。その時、神の霊が臨んだので、
hunuu sɛ Israelfoɔ mmusuakuo no abobɔ wɔn atenaeɛ. Afei, Onyankopɔn honhom baa ne so,
3 彼はこの託宣を述べた。「ベオルの子バラムの言葉、目を閉じた人の言葉、
na yei ne nkɔmhyɛ a ɔmaaeɛ: “Beor ba Balaam nkɔmhyɛ no nie; nkɔmhyɛ a ɛfiri ɔbarima a nʼani hunu adeɛ yie,
4 神の言葉を聞く者、全能者の幻を見る者、倒れ伏して、目の開かれた者の言葉。
deɛ ɔte Onyankopɔn asɛm; deɛ ɔhunu anisoadeɛ a ɛfiri Otumfoɔ hɔ; na ɔda fam, a nʼani gu so:
5 ヤコブよ、あなたの天幕は麗しい、イスラエルよ、あなたのすまいは、麗しい。
“Ao Yakob, mo ntomadan yɛ fɛ, Ao Israel, mo afie yɛ ahomeka.
6 それは遠くひろがる谷々のよう、川べの園のよう、主が植えられた沈香樹のよう、流れのほとりの香柏のようだ。
“Ɛsam mʼanim te sɛ mmɛfuo, te sɛ nturo frɔmfrɔm wɔ asubɔnten ho. Wɔte sɛ pɛperɛ a Awurade adua, te sɛ ntweneduro a ɛbɛn nsuo ho.
7 水は彼らのかめからあふれ、彼らの種は水の潤いに育つであろう。彼らの王はアガグよりも高くなり、彼らの国はあがめられるであろう。
Wɔbɛnya nsuo bebree. Wɔn mma bɛnya deɛ ɛhia wɔn nyinaa. “Wɔn ɔhene bɛyɛ kɛse akyɛn Agag; wɔn ahennie bɛkorɔn.
8 神は彼らをエジプトから導き出された、彼らは野牛の角のようだ。彼らは敵なる国々の民を滅ぼし、その骨を砕き、矢をもって突き通すであろう。
“Onyankopɔn de wɔn firi Misraim aba; ɔtwee wɔn sɛ wiram nantwie. Ɔsɛe amanaman a wɔtia no nyinaa, ɔbubu wɔn nnompe mu asinasini, ɔto bɛmma wowɔ wɔn.
9 彼らは雄じしのように身をかがめ、雌じしのように伏している。だれが彼らを起しえよう。あなたを祝福する者は祝福され、あなたをのろう者はのろわれるであろう」。
Israel butu hɔ sɛ gyata; ɔte sɛ gyataburu, na hwan na ɔbɛtumi anyane no? “Ao Israel, nhyira nka obiara a ɔhyira wo, na nnome nka obiara a ɔdome wo.”
10 そこでバラクはバラムにむかって怒りを発し、手を打ち鳴らした。そしてバラクはバラムに言った、「敵をのろうために招いたのに、あなたはかえって三度までも彼らを祝福した。
Ɔhene Balak bo fuu Balaam. Ɔde Abufuo bɔɔ ne nsam guu ne so teaam sɛ, “Mefrɛɛ wo sɛ bɛdome, mʼatamfoɔ nanso woahyira wɔn mprɛnsa.
11 それで今あなたは急いで自分のところへ帰ってください。わたしはあなたを大いに優遇しようと思った。しかし、主はその優遇をあなたに得させないようにされました」。
Firi me so kɔ! Sane kɔ wo nkyi! Meyɛɛ mʼadwene sɛ anka mɛhyɛ wo animuonyam, nanso, Awurade de akame wo!”
12 バラムはバラクに言った、「わたしはあなたがつかわされた使者たちに言ったではありませんか、
Balaam buaa no sɛ, “Wonkae asɛm a meka kyerɛɛ wʼasomafoɔ no? Mekaa sɛ,
13 『たといバラクがその家に満ちるほどの金銀をわたしに与えようとも、主の言葉を越えて心のままに善も悪も行うことはできません。わたしは主の言われることを述べるだけです』。
‘Sɛ Balak ma me ahemfie a wɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahyɛ hɔ ma koraa a, menni tumi sɛ mɛyɛ biribi atia Awurade apɛdeɛ.’ Meka kyerɛɛ wo sɛ asɛm a Awurade aka no nko ara na mɛka.
14 わたしは今わたしの民のところへ帰って行きます。それでわたしはこの民が後の日にあなたの民にどんなことをするかをお知らせしましょう」。
Afei, meresane akɔ me nkurɔfoɔ nkyɛn. Nanso, deɛ ɛdi ɛkan no, ma menka deɛ Israelfoɔ no bɛyɛ wo nkurɔfoɔ daakye no nkyerɛ wo.”
15 そしてこの託宣を述べた。「ベオルの子バラムの言葉、目を閉じた人の言葉。
Yei ne nkɔmhyɛ a Balaam de maeɛ: “Beor ba Balaam nkɔmhyɛ no nie; nkɔmhyɛ a ɛfiri ɔbarima a nʼani hunu adeɛ yie,
16 神の言葉を聞く者、いと高き者の知識をもつ者、全能者の幻を見、倒れ伏して、目の開かれた者の言葉。
deɛ ɔte Onyankopɔn asɛm; deɛ ɔwɔ nyansa a ɛfiri Ɔsorosoroni no deɛ ɔhunu anisoadeɛ a ɛfiri Otumfoɔ hɔ; na ɔda fam, a nʼani gu so:
17 わたしは彼を見る、しかし今ではない。わたしは彼を望み見る、しかし近くではない。ヤコブから一つの星が出、イスラエルから一本のつえが起り、モアブのこめかみと、セツのすべての子らの脳天を撃つであろう。
“Mɛhunu no, nanso ɛnyɛ seesei; mehwɛ no wɔ daakye akyirikyiri. Nsoromma bɛpue afiri Yakob mu! Ahempoma bɛfiri Israel mu. Ɔbɛyam Moabfoɔ tiri, na wapaapae Moab mma tikwankora.
18 敵のエドムは領地となり、セイルもまた領地となるであろう。そしてイスラエルは勝利を得るであろう。
Wɔbɛfa Edom, na Seir a ɔyɛ ne ɔtamfoɔ no, wɔbɛdi ne so nkonim, na Israel bɛkɔ so adi nkonim.
19 権を執る者がヤコブから出、生き残った者を町から断ち滅ぼすであろう」。
Ɔhene bi bɛsɔre wɔ Yakob mu ɔno na ɔbɛsɛe Ir nkaeɛfoɔ.”
20 バラムはまたアマレクを望み見て、この託宣を述べた。「アマレクは諸国民のうちの最初のもの、しかし、ついに滅び去るであろう」。
Afei, Balaam hwɛɛ Amalekfoɔ fie hyɛɛ nkɔm sɛ, “Amalek na na ɛyɛ aman nyinaa abakan, nanso ne hyɛberɛ ne ɔsɛeɛ!”
21 またケニびとを望み見てこの託宣を述べた。「お前のすみかは堅固だ、岩に、お前は巣をつくっている。
Afei, ɔhwɛɛ Kenifoɔ hyɛɛ nkɔm sɛ, “Mo atenaeɛ yɛ pa ara, wanwono mo pirebuo wɔ abotan mu.
22 しかし、カインは滅ぼされるであろう。アシュルはいつまでお前を捕虜とするであろうか」。
Nanso, wɔbɛsɛe Kenifoɔ ɛberɛ a Asurhene afa mo nnomum.”
23 彼はまたこの託宣を述べた。「ああ、神が定められた以上、だれが生き延びることができよう。
Nsɛm a ɔde wiee ne nkɔmhyɛ no ne sɛ: “Aa, sɛ Onyankopɔn yɛ sei a, hwan na ɔbɛtena nkwa mu?
24 キッテムの海岸から舟がきて、アシュルを攻めなやまし、エベルを攻めなやますであろう。そして彼もまたついに滅び去るであろう」。
Ahyɛn bɛfiri Kipro mpoano aba Na abɛka Eber ne Asur ahyɛ. Nanso wɔn nso, wɔbɛsɛe wɔn pasaa.”
25 こうしてバラムは立ち上がって、自分のところへ帰っていった。バラクもまた立ち去った。
Enti, Balaam ne Balak sane kɔɔ wɔn kurom.

< 民数記 24 >