< 民数記 15 >

1 主はモーセに言われた、
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
2 「イスラエルの人々に言いなさい、『あなたがたが、わたしの与えて住ませる地に行って、
“Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Sɛ mokɔtena asase a mede ama mo no so
3 主に火祭をささげる時、すなわち特別の誓願の供え物、あるいは自発の供え物、あるいは祝のときの供え物として、牛または羊を燔祭または犠牲としてささげ、主に香ばしいかおりとするとき、
na mopɛ sɛ mobɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa afɔdeɛ biara a wɔbɔ no ogya so ma ɛsɔ Awurade ani a, ɛsɛ sɛ afɔrebɔdeɛ no yɛ aboa a ɔfiri mo nnwankuo anaa anantwibuo mu. Sɛ ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, anaa afɔrebɔ a wɔde hyɛ bɔ, anaa afɔrebɔ a ɛfiri ɔpɛ mu, anaa afɔrebɔ a wɔbɔ no afirinhyia mu nnapɔnna bi mu no a, ɛsɛ sɛ wɔde aduane afɔrebɔdeɛ ka ho.
4
Deɛ ɔde ba no, ɛsɛ sɛ ɔde aduane afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ esiam kilogram mmienu a wɔde ngo lita baako afra ka ho ma Awurade.
5 その供え物を主にささげる者は、燔祭または犠牲と共に、小羊一頭ごとに、麦粉一エパの十分の一に、油一ヒンの四分の一を混ぜたものを、素祭としてささげ、ぶどう酒一ヒンの四分の一を、灌祭としてささげなければならない。
Odwammaa biara a wɔde bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no, ɛsɛ sɛ wɔde nsã afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ bobesa lita baako ka ho.
6 もし、また雄羊を用いるときは、麦粉一エパの十分の二に、油一ヒンの三分の一を混ぜたものを、素祭としてささげ、
“‘Sɛ odwennini na wode rebɔ afɔdeɛ a, fa esiam lita mmiɛnsa fra ngo lita baako,
7 また、ぶどう酒一ヒンの三分の一を、灌祭としてささげて、主に香ばしいかおりとしなければならない。
ne bobesa lita baako sɛ ɔnom afɔrebɔdeɛ. Yei ne afɔrebɔ a ɛbɛsɔ Awurade ani.
8 またあなたが特別の誓願の供え物、あるいは酬恩祭を、主にささげる時、若い雄牛を、燔祭または犠牲とするならば、
“‘Sɛ wosiesie nantwie ba ma ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa afɔrebɔdeɛ de hyɛ bɔ sononko bi anaa ayɔnkofa asikyiresiam afɔdeɛ a worebɔ ama Awurade a,
9 麦粉一エパの十分の三に、油一ヒンの二分の一を混ぜたものを、素祭として、若い雄牛と共にささげ、
fa atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu lita nsia ne fa ne ngo lita mmienu ka nantwie no ho
10 また、ぶどう酒一ヒンの二分の一を、灌祭としてささげなければならない。これは火祭であって、主に香ばしいかおりとするものである。
a bobesa lita mmienu ka ho sɛ ɔnom afɔrebɔdeɛ. Egya na wɔde bɛbɔ saa afɔdeɛ yi na asɔ Awurade ani.
11 雄牛、あるいは雄羊、あるいは小羊、あるいは子やぎは、一頭ごとに、このようにしなければならない。
Yei ne mmara a ɛka nantwie, odwennini, odwammaa anaa abirekyie ba a wɔde bɔ afɔdeɛ ho.
12 すなわち、あなたがたのささげる数にてらし、その数にしたがって、一頭ごとに、このようにしなければならない。
Afɔrebɔdeɛ biara a mo mu biara de bɛkɔ no, ɛsɛ sɛ ɔfa saa ɛkwan yi so.
13 すべて国に生れた者が、火祭をささげて、主に香ばしいかおりとするときは、このように、これらのことを行わなければならない。
“‘Ɛsɛ sɛ Israelfoɔ ne ahɔhoɔ a wɔne mo teɛ a wɔpɛ sɛ wɔfa ogya afɔrebɔ so sɔ Awurade ani no nyinaa di saa mmara yi so.
14 またあなたがたのうちに寄留している他国人、またはあなたがたのうちに、代々ながく住む者が、火祭をささげて、主に香ばしいかおりとしようとする時は、あなたがたがするように、その人もしなければならない。
Na sɛ ahɔhoɔ a wɔte mo mu no pɛ sɛ wɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma ɛsɔ Awurade ani a, ɛsɛ sɛ wɔfa saa ɛkwan korɔ no ara so.
15 会衆たる者は、あなたがたも、あなたがたのうちに寄留している他国人も、同一の定めに従わなければならない。これは、あなたがたが代々ながく守るべき定めである。他国の人も、主の前には、あなたがたと等しくなければならない。
Mmara no wɔ hɔ ma mo nyinaa—ɔmanfoɔ ne ahɔhoɔ; na ɛyɛ nokorɛ a ɛtim hɔ daa firi awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so sɛ wɔn nyinaa yɛ pɛ wɔ Awurade anim.
16 すなわち、あなたがたも、あなたがたのうちに寄留している他国人も、同一の律法、同一のおきてに従わなければならない』」。
Mmara baako na ɛwɔ hɔ ma mo nyinaa.’”
17 主はまたモーセに言われた、
Awurade ka kyerɛɛ Mose saa ɛberɛ no sɛ,
18 「イスラエルの人々に言いなさい、『わたしが導いて行く地に、あなたがたがはいって、
“Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, sɛ wɔduru asase a mede rebɛma wɔn no so
19 その地の食物を食べるとき、あなたがたは、ささげ物を主にささげなければならない。
na wɔdi asase no so aduane a, wɔmfa bi mmɔ afɔdeɛ mma Awurade.
20 すなわち、麦粉の初物で作った菓子を、ささげ物としなければならない。これを、打ち場からのささげ物のように、ささげなければならない。
Atokoɔ a mobɛyam a ɛdi ɛkan no, momfa nto ɔfam nto nkyɛn sɛ akyɛdeɛ sɛdeɛ moyɛ atokoɔ otwakane no wɔ ayuporobea no.
21 あなたがたは代々その麦粉の初物で、主にささげ物をしなければならない。
Ɛfiri awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba no, ɛsɛ sɛ mode saa afɔdeɛ a ɛfiri mo aduane a ɛdi ɛkan a moanya mu yi ma Awurade.
22 あなたがたが、もしあやまって、主がモーセに告げられたこのすべての戒めを行わず、
“‘Sɛ mo mu bi firi awerɛfirie mu bu saa mmara a Awurade nam Mose so de ama mo yi so,
23 主がモーセによって戒めを与えられた日からこのかた、代々にわたり、あなたがたに命じられたすべての事を行わないとき、
na sɛ daakye mo asefoɔ bu mmara ahodoɔ a Awurade nam Mose so de ama mo yi so,
24 すなわち、会衆が知らずに、あやまって犯した時は、全会衆は若い雄牛一頭を、燔祭としてささげ、主に香ばしいかおりとし、これに素祭と灌祭とを定めのように加え、また雄やぎ一頭を、罪祭としてささげなければならない。
na sɛ wɔfom awerɛfirie mu a nnipa no nnim a, ɛsɛ sɛ wɔde aduane afɔrebɔdeɛ ne ɔnom afɔrebɔdeɛ ne ɔpapo a wɔde no bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ ka ho ma Awurade.
25 そして祭司は、イスラエルの人々の全会衆のために、罪のあがないをしなければならない。そうすれば、彼らはゆるされるであろう。それは過失だからである。彼らはその過失のために、その供え物として、火祭を主にささげ、また罪祭を主の前にささげなければならない。
Na ɔsɔfoɔ no ayɛ mpatadeɛ ama Israelfoɔ nyinaa na wɔde wɔn bɔne akyɛ wɔn; ɛfiri sɛ, ɛyɛ mfomsoɔ, na wɔnam ɔhyeɛ afɔrebɔ so abɔ afɔdeɛ wɔ Awurade anim a wɔn bɔne afɔrebɔdeɛ ka ho.
26 そうすれば、イスラエルの人々の全会衆はゆるされ、また彼らのうちに寄留している他国人も、ゆるされるであろう。民はみな過失を犯したからである。
Wɔde nnipa no nyinaa a ahɔhoɔ a wɔte wɔn mu ka ho no bɔne bɛkyɛ wɔn, ɛfiri sɛ, ɔmanfoɔ no nyinaa na wɔyɛɛ mfomsoɔ a wɔanhyɛ da; na wɔde akyɛ wɔn nyinaa.
27 もし人があやまって罪を犯す時は、一歳の雌やぎ一頭を罪祭としてささげなければならない。
“‘Sɛ obi yɛ mfomsoɔ awerɛfirie mu a, ɛsɛ sɛ ɔde abirekyibereɛ ba a wadi afe bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ
28 そして祭司は、人があやまって罪を犯した時、そのあやまって罪を犯した人のために、主の前に罪のあがないをして、その罪をあがなわなければならない。そうすれば、彼はゆるされるであろう。
na ɔsɔfoɔ no ayɛ mpatadeɛ ama no wɔ Awurade anim na wɔde ne bɔne akyɛ no.
29 イスラエルの人々のうちの、国に生れた者でも、そのうちに寄留している他国人でも、あやまって罪を犯す者には、あなたがたは同一の律法を用いなければならない。
Saa mmara yi wɔ hɔ ma Israelfoɔ ne ananafoɔ a wɔte mu mu no.
30 しかし、国に生れた者でも、他国の人でも、故意に罪を犯す者は主を汚すもので、その人は民のうちから断たれなければならない。
“‘Na sɛ obi boapa yɛ mfomsoɔ a, sɛ ɔyɛ Israelni anaa ɔnanani no, ɔgu Awurade din ho fi, enti wɔbɛyi no afiri nnipa no mu.
31 彼は主の言葉を侮り、その戒めを破ったのであるから、必ず断たれ、その罪を負わなければならない』」。
Mperɛ dodoɔ a wɔabu Awurade asɛm animtiaa na wɔboapa abu Awurade mmara so no, ɛsɛ sɛ wɔyi no firi nnipa no mu na ne bɔne gu ne tiri so.’”
32 イスラエルの人々が荒野におるとき、安息日にひとりの人が、たきぎを集めるのを見た。
Ɛda bi a Israelfoɔ no wɔ ɛserɛ so no, wɔkyeree wɔn mu baako sɛ ɔrebubu mmabaa homeda.
33 そのたきぎを集めるのを見た人々は、その人をモーセとアロン、および全会衆のもとに連れてきたが、
Wɔkyeree no de no kɔɔ Mose ne Aaron ne atemmufoɔ bi anim.
34 どう取り扱うべきか、まだ示しを受けていなかったので、彼を閉じ込めておいた。
Wɔde no too afiase kɔsii sɛ wɔhunuu Awurade adwene a ɔwɔ wɔ saa onipa no ho.
35 そのとき、主はモーセに言われた、「その人は必ず殺されなければならない。全会衆は宿営の外で、彼を石で撃ち殺さなければならない」。
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ɛsɛ sɛ wɔkum saa onipa no. Nnipa no nyinaa nsi no aboɔ wɔ atenaeɛ no akyi baabi.”
36 そこで、全会衆は彼を宿営の外に連れ出し、彼を石で撃ち殺し、主がモーセに命じられたようにした。
Enti wɔde no kɔɔ atenaeɛ no akyi baabi kɔsii no aboɔ sɛdeɛ Awurade hyɛeɛ no.
37 主はまたモーセに言われた、
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
38 「イスラエルの人々に命じて、代々その衣服のすその四すみにふさをつけ、そのふさを青ひもで、すその四すみにつけさせなさい。
“Ka kyerɛ Israelfoɔ na wɔmma biribi nsensɛne wɔn ntadeɛ ano mfiri awoɔ ntoatoasoɔ so nkɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so a ɛbɛyɛ mmara a ɛtim hɔ daa na wɔmfa ahoma tuntum nkyekyere sɛ nkaeɛ adeɛ mfam ntadeɛ ano.
39 あなたがたが、そのふさを見て、主のもろもろの戒めを思い起して、それを行い、あなたがたが自分の心と、目の欲に従って、みだらな行いをしないためである。
Saa mmara yi botaeɛ ne sɛ, ɛberɛ biara a mobɛhunu saa adeɛ yi no, mobɛkae Awurade mmara a wɔahyɛ mo no, na moadi nʼapɛdeɛ so, na moamfa mo ankasa mo akwan sɛdeɛ na moyɛ de som anyame afoforɔ no.
40 こうして、あなたがたは、わたしのもろもろの戒めを思い起して、それを行い、あなたがたの神に聖なる者とならなければならない。
Ɛbɛkae mo ama moayɛ kronkron ama Onyankopɔn.
41 わたしはあなたがたの神、主であって、あなたがたの神となるために、あなたがたをエジプトの国から導き出した者である。わたしはあなたがたの神、主である」。
Mene Awurade mo Onyankopɔn a mede mo firi Misraim asase so baeɛ no. Aane, mene Awurade mo Onyankopɔn.”

< 民数記 15 >