< ミカ書 4 >

1 末の日になって、主の家の山はもろもろの山のかしらとして堅く立てられ、もろもろの峰よりも高くあげられ、もろもろの民はこれに流れくる。
Nna a ɛdi akyire no mu no, Awurade asɔredan bepɔ no bɛtim sɛ mmepɔ no nyinaa ti; ɛbɛgye din aboro nkokoɔ nyinaa, na nnipa ahodoɔ bɛbɔ yuu akɔ hɔ.
2 多くの国民は来て言う、「さあ、われわれは主の山に登り、ヤコブの神の家に行こう。彼はその道をわれわれに教え、われわれはその道に歩もう」と。律法はシオンから出、主の言葉はエルサレムから出るからである。
Aman bebree bɛba abɛka sɛ, “Mommra mma yɛnkɔ Awurade bepɔ so, Yakob Onyankopɔn efie. Ɔbɛkyerɛ yɛn nʼakwan, sɛdeɛ yɛbɛnante soɔ.” Na mmara no bɛfiri Sion aba Awurade asɛm bɛfiri Yerusalem aba.
3 彼は多くの民の間をさばき、遠い所まで強い国々のために仲裁される。そこで彼らはつるぎを打ちかえて、すきとし、そのやりを打ちかえて、かまとし、国は国にむかってつるぎをあげず、再び戦いのことを学ばない。
Awurade bɛdi amanaman ntam nsɛm Aane ɔbɛsiesie ntawantawa ama aman a wɔyɛ den wɔ mmaa nyinaa. Wɔde wɔn akofena bɛbɔ funtumdadeɛ wɔde wɔn mpea bɛbɔ nsɔsɔwa. Ɔman bi ntwe ɔman foforɔ so akofena, na wɔrenyɛ ahoboa biara mma ɔko bio.
4 彼らは皆そのぶどうの木の下に座し、そのいちじくの木の下にいる。彼らを恐れさせる者はない。これは万軍の主がその口で語られたことである。
Obiara bɛtena ne bobe anaa ne borɔdɔma nnua ase, na obiara remmɛhunahuna wɔn, ɛfiri sɛ, Asafo Awurade akasa.
5 すべての民はおのおのその神の名によって歩む。しかしわれわれはわれわれの神、主の名によって、とこしえに歩む。
Amanaman no nyinaa bɛtumi anante wɔn anyame din mu, na yɛn deɛ, yɛbɛnante Awurade, yɛn Onyankopɔn Din mu daa daa.
6 主は言われる、その日には、わたしはかの足のなえた者を集め、またかの追いやられた者およびわたしが苦しめた者を集め、
“Saa ɛda no,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie, “Mɛboaboa mmubuafoɔ, atukɔfoɔ ɛne wɔn a mede awerɛhoɔ aba wɔn so ano.
7 その足のなえた者を残れる民とし、遠く追いやられた者を強い国民とする。主はシオンの山で、今よりとこしえに彼らを治められる。
Mɛma mmubuafoɔ ayɛ me nkurɔfoɔ wɔ asase no so, atukɔfoɔ no bɛyɛ ɔman kɛseɛ. Awurade bɛdi wɔn so ɔhene wɔ Sion bepɔ so afiri da no akɔsi daa.
8 羊の群れのやぐら、シオンの娘の山よ、以前の主権はあなたに帰ってくる。すなわちエルサレムの娘の国はあなたに帰ってくる。
Na wo, nnwankuo no abantenten, Ao, Ɔbabaa Sion, abandenden, wɔde wo tete tumidie no bɛsane abrɛ wo; Ɔbabaa Yerusalem nsa bɛsane aka nʼahennie.”
9 今あなたは何ゆえわめき叫ぶのか、あなたのうちに王がないのか。あなたの相談相手は絶えはて、産婦のように激しい痛みがあなたを捕えたのか。
Ɛdeɛn enti na afei woresu denden, wonni ɔhene anaa? Wo futufoɔ ayera, na enti, ɔyea aka wo sɛ ɔbaa ɔwɔ awokoɔ mu?
10 シオンの娘よ、産婦のように苦しんでうめけ。あなたは今、町を出て野にやどり、バビロンに行かなければならない。その所であなたは救われる。主はその所であなたを敵の手からあがなわれる。
Ɔyea enti, nukanuka wo mu, Ao Ɔbabaa Sion, te sɛ ɔbaa a awoɔ aka no, seesei ɛsɛ sɛ wofiri kuropɔn no mu kɔtena ɛserɛ so. Wobɛkɔ Babilonia; na ɛhɔ na wɔbɛgye woɔ. Ɛhɔ na Awurade bɛgye wo afiri wʼatamfoɔ nsam.
11 いま多くの国民はあなたに逆らい、集まって言う、「どうかシオンが汚されるように、われわれの目がシオンを見てあざ笑うように」と。
Seesei deɛ, aman bebree aka abɔ mu atia wo. Wɔka sɛ, “Wɔngu Sion ho fi, na yɛmfa yɛn ani nhwɛ no!”
12 しかし彼らは主の思いを知らず、またその計画を悟らない。すなわち主が麦束を打ち場に集めるように、彼らを集められることを悟らない。
Nanso, wɔnnim Awurade adwene. Wɔnte nʼagyinatuo ase. Wɔnnim sɛ ɔno na ɔboaboa wɔn ano te sɛ afiafi de kɔ ayuporobea.
13 シオンの娘よ、立って打ちこなせ。わたしはあなたの角を鉄となし、あなたのひずめを青銅としよう。あなたは多くの民を打ち砕き、彼らのぶんどり物を主にささげ、彼らの富を全地の主にささげる。
“Sɔre, na pore, Ao Ɔbabaa Sion, mɛma wo dadeɛ mmɛn; mɛma wo kɔbere ntɔte na wobɛbubu aman bebree mu nketenkete.” Wode wɔn mfasodeɛ a wɔampɛ no ɛkwan pa so bɛbrɛ Awurade, wode wɔn ahonyadeɛ bɛbrɛ asase nyinaa so wura.

< ミカ書 4 >