< ミカ書 3 >

1 わたしは言った、ヤコブのかしらたちよ、イスラエルの家のつかさたちよ、聞け、公義はあなたがたの知っておるべきことではないか。
Afei mekae se, “Muntie, mo Yakob akannifo, mo a mudi Israelfi so. Ɛsɛ sɛ muhu nea ɛyɛ atɛntrenee,
2 あなたがたは善を憎み、悪を愛し、わが民の身から皮をはぎ、その骨から肉をそぎ、
Mo a mukyi nea eye na modɔ bɔne moworɔw me nkurɔfo were na motetew nam no fi wɔn nnompe ho;
3 またわが民の肉を食らい、その皮をはぎ、その骨を砕き、これを切りきざんで、なべに入れる食物のようにし、大なべに入れる肉のようにする。
mowe me nkurɔfo nam, mowae wɔn were, bubu wɔn nnompe mu nketenkete; mutwitwa wɔn sɛ nam a mode regu kutu mu.”
4 こうして彼らが主に呼ばわっても、主はお答えにならない。かえってその時には、み顔を彼らに隠される。彼らのおこないが悪いからである。
Afei wobesu afrɛ Awurade, nanso ɔrennye wɔn so. Saa bere no ɔde nʼanim besie wɔn, bɔne a wɔayɛ nti.
5 わが民を惑わす預言者について主はこう言われる、彼らは食べ物のある時には、「平安」を叫ぶけれども、その口に何も与えない者にむかっては、宣戦を布告する。
Nea Awurade se ni: “Adiyifo a wɔdaadaa me nkurɔfo no de, obi ma wɔn biribi di a wɔpae mu ka asomdwoe nsɛm, na sɛ wɔamma wɔn biribi anni a, adiyifo no siesie wɔn ho sɛ wobetu wɔn so sa.
6 それゆえ、あなたがたには夜があっても幻がなく、暗やみがあっても占いがない。太陽はその預言者たちに没し、昼も彼らの上に暗くなる。
Enti ade bɛsa mo a morennya adaeso, sum beduru mo a morennya ahintasɛm biara. Owia bɛtɔ ama adiyifo no, na adekyee bɛdan sum ama wɔn.
7 先見者は恥をかき、占い師は顔をあからめ、彼らは皆そのくちびるをおおう。神の答がないからである。
Adehufo ani bewu na wobegu asamanfrɛfo anim ase. Wɔn nyinaa bɛkatakata wɔn anim, efisɛ mmuae biara mfi Onyankopɔn hɔ mma.”
8 しかしわたしは主のみたまによって力に満ち、公義と勇気とに満たされ、ヤコブにそのとがを示し、イスラエルにその罪を示すことができる。
Nanso me de, tumi ahyɛ me ma, Awurade Honhom ahyɛ me ma trenee ne ahoɔden a mede bɛpae mu aka Yakob amumɔyɛ ne Israel bɔne.
9 ヤコブの家のかしらたち、イスラエルの家のつかさたちよ、すなわち公義を憎み、すべての正しい事を曲げる者よ、これを聞け。
Muntie, mo Yakobfi akannifo, mo a mudi Israel so, a mukyi atɛntrenee na mokyea nea ɛteɛ nyinaa;
10 あなたがたは血をもってシオンを建て、不義をもってエルサレムを建てた。
Mo a mode mogyahwiegu kyekyeree Sion ne awurukasɛm kyekyeree Yerusalem.
11 そのかしらたちは、まいないをとってさばき、その祭司たちは価をとって教え、その預言者たちは金をとって占う。しかもなお彼らは主に寄り頼んで、「主はわれわれの中におられるではないか、だから災はわれわれに臨むことがない」と言う。
Nʼakannifo no gye adanmude ansa na wobu atɛn, nʼasɔfo gye sika ansa na wɔakyerɛkyerɛ, nʼadiyifo de nkɔmhyɛ ayɛ sikapɛ. Nanso wɔdan Awurade, na wɔka se, “Awurade nni yɛn ntam ana? Ɔhaw biara remma yɛn so.”
12 それゆえ、シオンはあなたがたのゆえに田畑となって耕され、エルサレムは石塚となり、宮の山は木のおい茂る高い所となる。
Na mo nti, wobefuntum Sion te sɛ afuw, Yerusalem bɛyɛ nnwiriwii siw, na asɔredan no pampa bɛyɛ nkɔmoa so nkyɛkyerɛ.

< ミカ書 3 >