< マタイの福音書 15 >

1 ときに、パリサイ人と律法学者たちとが、エルサレムからイエスのもとにきて言った、
Da bi, Farisifo ne Yudafo mpanyin no bi fi Yerusalem baa Yesu nkyɛn bebisaa no se,
2 「あなたの弟子たちは、なぜ昔の人々の言伝えを破るのですか。彼らは食事の時に手を洗っていません」。
“Adɛn nti na wʼasuafo no nni Yudafo amanne so? Yɛn amanne a yɛhohoro yɛn nsa ho ansa na yɛadidi no, wonni so.”
3 イエスは答えて言われた、「なぜ、あなたがたも自分たちの言伝えによって、神のいましめを破っているのか。
Yesu nso bisaa wɔn se, “Adɛn nti na mo nso mode mo amanne no bu Onyankopɔn mmaransɛm so?
4 神は言われた、『父と母とを敬え』、また『父または母をののしる者は、必ず死に定められる』と。
Ebi ne sɛ, Onyankopɔn mmara no ka se, ‘Di wʼagya ne wo na ni,’ na baako nso ne sɛ, ‘Obiara a ɔbɛka asɛmmɔne afa nʼawofo ho no, ɛsɛ sɛ wokum no,’
5 それだのに、あなたがたは『だれでも父または母にむかって、あなたにさしあげるはずのこのものは供え物です、と言えば、
Na mo de, nea moka ne sɛ, sɛ obi ka kyerɛ ne na anaa nʼagya se, ‘Mewɔ ade bi a anka metumi de aboa mo, nanso mede rekɔma Onyankopɔn’ a, ɛnyɛ bɔne.
6 父または母を敬わなくてもよろしい』と言っている。こうしてあなたがたは自分たちの言伝えによって、神の言を無にしている。
Enti mo ara monam mo mmara a moahyɛ so bu Onyankopɔn mmara a ɔhyɛɛ sɛ di wʼagya ne wo na ni no so.
7 偽善者たちよ、イザヤがあなたがたについて、こういう適切な預言をしている、
Mo nyaatwomfo! Sɛ Yesaia hyɛɛ mo ho nkɔm sɛ,
8 『この民は、口さきではわたしを敬うが、その心はわたしから遠く離れている。
“‘Saa nnipa yi ka sɛ wodi me ni, nanso wɔn koma mmɛn me.
9 人間のいましめを教として教え、無意味にわたしを拝んでいる』」。
Wɔsom me ani so kɛkɛ, efisɛ wɔkyerɛkyerɛ mmara a onipa ayɛ na ɛnyɛ nea efi Onyankopɔn.’”
10 それからイエスは群衆を呼び寄せて言われた、「聞いて悟るがよい。
Afei Yesu frɛɛ nnipadɔm no ka kyerɛɛ wɔn se, “Muntie nea meka no na mommɔ mmɔden nte ase.
11 口にはいるものは人を汚すことはない。かえって、口から出るものが人を汚すのである」。
Ɛnyɛ ade a ɛbɛkɔ onipa mu no na ɛmma ne ho ntew, na mmom, nea ebefi ne mu aba no na egu ne ho fi.”
12 そのとき、弟子たちが近寄ってきてイエスに言った、「パリサイ人たちが御言を聞いてつまずいたことを、ご存じですか」。
Nsɛm a Yesu kaa yi maa nʼasuafo no ba bɛka kyerɛɛ no se, “Wunim sɛ wo nsɛm a wokaa no ama Farisifo no bo afuw?”
13 イエスは答えて言われた、「わたしの天の父がお植えにならなかったものは、みな抜き取られるであろう。
Yesu buaa wɔn se, “Dua biara a ɛnyɛ mʼagya na oduae no, wobetu akyene.
14 彼らをそのままにしておけ。彼らは盲人を手引きする盲人である。もし盲人が盲人を手引きするなら、ふたりとも穴に落ち込むであろう」。
Mummmua wɔn koraa! Na wɔyɛ anifuraefo a wɔrekyerɛ anifuraefo kwan nti wɔn nyinaa bɛkɔ akɔtew ahwe amoa mu.”
15 ペテロが答えて言った、「その譬を説明してください」。
Petro ka kyerɛɛ Yesu se, “Kyerɛ yɛn bɛ no ase.”
16 イエスは言われた、「あなたがたも、まだわからないのか。
Yesu nso bisaa no se, “Ampa ara sɛ monte ase?
17 口にはいってくるものは、みな腹の中にはいり、そして、外に出て行くことを知らないのか。
Munnim sɛ ade a ɛfa onipa anom no fa onipadua no mu na asan aba bio?
18 しかし、口から出て行くものは、心の中から出てくるのであって、それが人を汚すのである。
Asɛm a ho ntew biara fi koma a mu ntew mu ma egu nea ɔkaa saa asɛm no ho fi.
19 というのは、悪い思い、すなわち、殺人、姦淫、不品行、盗み、偽証、誹りは、心の中から出てくるのであって、
Koma mu na adwemmɔne, awudi, ayefasɛm, aguamammɔ, korɔn, atoro ne ntwatoso fi.
20 これらのものが人を汚すのである。しかし、洗わない手で食事することは、人を汚すのではない」。
Eyinom na egu onipa ho fi. Nanso sɛ obi anhohoro ne nsa sɛnea mo amanne te no na odidi a, ne ho nguu fi honhom mu.”
21 さて、イエスはそこを出て、ツロとシドンとの地方へ行かれた。
Yesu fii ɔman no mu hɔ kɔɔ Tiro ne Sidon.
22 すると、そこへ、その地方出のカナンの女が出てきて、「主よ、ダビデの子よ、わたしをあわれんでください。娘が悪霊にとりつかれて苦しんでいます」と言って叫びつづけた。
Kanaanni bea bi a ɔte ɔman no mu hɔ de osu baa Yesu nkyɛn bɛkae se, “Awurade, Dawid Ba, hu me mmɔbɔ! Honhommɔne hyɛ me ba mu na sɛ ɛka ne ho a, ɛma ne ho yeraw no.”
23 しかし、イエスはひと言もお答えにならなかった。そこで弟子たちがみもとにきて願って言った、「この女を追い払ってください。叫びながらついてきていますから」。
Yesu anka hwee. Nʼasuafo no hyɛɛ no sɛ ɔmpam ɔbea no mfi hɔ. Wotii mu ka kyerɛɛ no se, “Ka kyerɛ no na omfi ha nkɔ, na ɔde nʼadesrɛ no retuatua yɛn aso.”
24 するとイエスは答えて言われた、「わたしは、イスラエルの家の失われた羊以外の者には、つかわされていない」。
Yesu ka kyerɛɛ ɔbea no se, “Wɔsomaa me baa Yudafo, Israel nguan a wɔayera no nkyɛn na ɛnyɛ amanamanmufo.”
25 しかし、女は近寄りイエスを拝して言った、「主よ、わたしをお助けください」。
Ɔba bɛkotow no kɔɔ so srɛɛ no se, “Me wura, boa me!”
26 イエスは答えて言われた、「子供たちのパンを取って小犬に投げてやるのは、よろしくない」。
Yesu ka kyerɛɛ no se, “Enye sɛ wobegye aduan afi mmofra nsam atow ama akraman.”
27 すると女は言った、「主よ、お言葉どおりです。でも、小犬もその主人の食卓から落ちるパンくずは、いただきます」。
Ɔbea no nso buae se, “Ɛwɔ mu saa de, nanso akraman no nso tumi di mporoporowa a efi wɔn wura no pon so gu fam no.”
28 そこでイエスは答えて言われた、「女よ、あなたの信仰は見あげたものである。あなたの願いどおりになるように」。その時に、娘はいやされた。
Yesu ka kyerɛɛ ɔbea no se, “Ɔbea, wo gyidi mu yɛ den. Mɛyɛ wʼabisade ama wo.” Ɛhɔ ara, ne babea no ho tɔɔ no.
29 イエスはそこを去って、ガリラヤの海べに行き、それから山に登ってそこにすわられた。
Yesu san baa Galilea po no ho. Ɔforo kɔtenaa bepɔw bi so.
30 すると大ぜいの群衆が、足なえ、不具者、盲人、おし、そのほか多くの人々を連れてきて、イエスの足もとに置いたので、彼らをおいやしになった。
Nnipa bebree de mpakye, anifuraefo, apirafo, mum ne wɔn a wɔyare nyarewa ahorow baa ne nkyɛn sɛ ɔnsa wɔn yare, ma ɔsaa wɔn nyinaa yare.
31 群衆は、おしが物を言い、不具者が直り、足なえが歩き、盲人が見えるようになったのを見て驚き、そしてイスラエルの神をほめたたえた。
Nnipa no ho dwiriw wɔn. Wɔn a wɔnkasaa da kasae; mpakye nyaa ahoɔden; na mmubuafo nantew huruhuruwii na anifuraefo huu ade. Nnipadɔm no ho dwiriw wɔn ma wɔkamfoo Israel Nyankopɔn.
32 イエスは弟子たちを呼び寄せて言われた、「この群衆がかわいそうである。もう三日間もわたしと一緒にいるのに、何も食べるものがない。しかし、彼らを空腹のままで帰らせたくはない。恐らく途中で弱り切ってしまうであろう」。
Afei Yesu frɛɛ nʼasuafo no nyinaa baa ne nkyɛn ka kyerɛɛ wɔn se, “Nnipa yi yɛ me mmɔbɔ. Wɔabedi me nkyɛn ha nnansa. Aduan a ɛwɔ ha nyinaa nso asa. Nanso mempɛ sɛ mema wɔkɔ wɔn afi mu a wonnidii, anyɛ saa a, wɔbɛtotɔ piti wɔ kwan so.”
33 弟子たちは言った、「荒野の中で、こんなに大ぜいの群衆にじゅうぶん食べさせるほどたくさんのパンを、どこで手に入れましょうか」。
Nʼasuafo no nso bisaa no se, “Sare so ha de, ɛhe na yebenya nnipadɔm yi ano aduan?”
34 イエスは弟子たちに「パンはいくつあるか」と尋ねられると、「七つあります。また小さい魚が少しあります」と答えた。
Yesu nso bisaa wɔn se, “Brodo dodow ahe na mowɔ?” Wobuae se, “Yɛwɔ brodo ason ne mpataa kakraa bi.”
35 そこでイエスは群衆に、地にすわるようにと命じ、
Yesu ka kyerɛɛ nnipadɔm no maa wɔn nyinaa tenatenaa ase wɔ sare no so.
36 七つのパンと魚とを取り、感謝してこれをさき、弟子たちにわたされ、弟子たちはこれを群衆にわけた。
Afei ɔfaa brodo ason no ne mpataa no, hyiraa so na obubuu mu de maa asuafo no se wɔmfa mma nnipadɔm no nni.
37 一同の者は食べて満腹した。そして残ったパンくずを集めると、七つのかごにいっぱいになった。
Wɔn nyinaa dii aduan no mee pintinn.
38 食べた者は、女と子供とを除いて四千人であった。
Wɔn a wodii saa aduan no, na wɔn dodow yɛ nnipa mpem anan a wɔankan mmea ne mmofra anka ho. Wodidi wiei no, akyi mporoporowa a wɔtasee no yɛɛ nkɛntɛn ason.
39 そこでイエスは群衆を解散させ、舟に乗ってマガダンの地方へ行かれた。
Eyi akyi na Yesu gyaa nkurɔfo no kwan, maa ɔno nso kɔtenaa ɔkorow mu twa kɔɔ Magadan.

< マタイの福音書 15 >