< レビ記 3 >

1 もし彼の供え物が酬恩祭の犠牲であって、牛をささげるのであれば、雌雄いずれであっても、全きものを主の前にささげなければならない。
“‘Sɛ obiara pɛ sɛ ɔbɔ asomdwoe afɔre ma Awurade a, otumi de nantwinini anaa nantwibere bɔ, nanso ɛsɛ sɛ aboa no yɛ nea ne ho nni dɛm biara.
2 彼はその供え物の頭に手を置き、会見の幕屋の入口で、これをほふらなければならない。そしてアロンの子なる祭司たちは、その血を祭壇の周囲に注ぎかけなければならない。
Onipa a ɔde aboa no aba no de ne nsa begu aboa no apampam na wakum no wɔ Ahyiae Ntamadan no ano. Na Aaron mmabarima asɔfo no apete aboa no mogya agu afɔremuka no ho.
3 彼はまたその酬恩祭の犠牲のうちから火祭を主にささげなければならない。すなわち内臓をおおう脂肪と、内臓の上のすべての脂肪、
Ɛsɛ sɛ mufi asomdwoe afɔre mu de nʼayamde ne srade a ɛwɔ ho nyinaa bɛbɔ aduan afɔre ma Awurade,
4 二つの腎臓とその上の腰のあたりにある脂肪、ならびに腎臓と共にとられる肝臓の上の小葉である。
a nʼasaabo abien no ne ne sisi ne nea ne mmerɛbo sa so a mubeyi aka asaabo no ho no.
5 そしてアロンの子たちは祭壇の上で、火の上のたきぎの上に置いた燔祭の上で、これを焼かなければならない。これは火祭であって、主にささげる香ばしいかおりである。
Na ɛsɛ sɛ Aaron mma hyew wɔ afɔremuka no so, wɔ ɔhyew afɔre a ɛda dua a ɛrehyew no so; ɛyɛ aduan afɔre, ehua a ɛsɔ Awurade ani.
6 もし彼の供え物が主にささげる酬恩祭の犠牲で、それが羊であるならば、雌雄いずれであっても、全きものをささげなければならない。
“‘Sɛ abirekyi anaa oguan na mode bɛbɔ asomdwoe afɔre ama Awurade a, ɛnsɛ sɛ dɛm biara ba ne ho na ɛsɛ sɛ ɔyɛ onini anaa ɔbere.
7 もし小羊を供え物としてささげるならば、それを主の前に連れてきて、
Sɛ mode oguan ba sɛ mo akyɛde a,
8 その供え物の頭に手を置き、それを会見の幕屋の前で、ほふらなければならない。そしてアロンの子たちはその血を祭壇の周囲に注ぎかけなければならない。
momfa mo nsa ngu nʼapampam na munkum no wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano. Afei, Aaron mmabarima no bɛpete mogya no agu afɔremuka no ho nyinaa.
9 彼はその酬恩祭の犠牲のうちから、火祭を主にささげなければならない。すなわちその脂肪、背骨に接して切り取る脂尾の全部、内臓をおおう脂肪と内臓の上のすべての脂肪、
Saa asomdwoe afɔrebɔde yi fa bi na wɔmfa mma Awurade sɛ ɔhyew afɔrebɔde a ne dua ne mu nneɛma ne ɛho srade, srade a ɛwɔ nʼayamde ho no nyinaa,
10 二つの腎臓とその上の腰のあたりにある脂肪、ならびに腎臓と共に取られる肝臓の上の小葉である。
ne asaabo abien ne ɛho srade a ɛbɛn ne sisia ne ne merɛbo a wobeyi a nʼasaabo ka ho no.
11 祭司はこれを祭壇の上で焼かなければならない。これは火祭であって、主にささげる食物である。
Ɔsɔfo no bɛhyew no wɔ afɔremuka no so sɛ aduan a ɛyɛ ɔhyew afɔre ama Awurade.
12 もし彼の供え物が、やぎであるならば、それを主の前に連れてきて、
“‘Sɛ wode abirekyi brɛ Awurade sɛ wʼafɔrebɔde a,
13 その頭に手を置き、それを会見の幕屋の前で、ほふらなければならない。そしてアロンの子たちは、その血を祭壇の周囲に注ぎかけなければならない。
fa wo nsa gu aboa no apampam na kum no wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano. Aaron mmabarima de aboa no mogya bɛpete afɔremuka no ho nyinaa.
14 彼はまたそのうちから供え物を取り、火祭として主にささげなければならない。すなわち内臓をおおう脂肪と内臓の上のすべての脂肪、
Ɛsɛ sɛ wɔhyew saa afɔrebɔde yi fa bi ma Awurade. Saa afɔrebɔde fa no yɛ aboa no yam srade,
15 二つの腎臓とその上の腰のあたりにある脂肪、ならびに腎臓と共に取られる肝臓の上の小葉である。
nʼasaabo abien ne ɛho srade a ɛbɛn nʼasen mu ne ne mmerɛbo a wobeyi aka ne asaabo no ho no.
16 祭司はこれを祭壇の上で焼かなければならない。これは火祭としてささげる食物であって、香ばしいかおりである。脂肪はみな主に帰すべきものである。
Ɔsɔfo no bɛhyew wɔ afɔremuka no so sɛ ɔhyew afɔre. Awurade ani bɛsɔ saa ɔhyew afɔre no. Kae sɛ srade no nyinaa yɛ Awurade dea.
17 あなたがたは脂肪と血とをいっさい食べてはならない。これはあなたがたが、すべてその住む所で、代々守るべき永久の定めである』」。
“‘Eyi ne mmara a munni so daa nyinaa wɔ asase yi so baabiara. Munnni srade anaa mogya.’”

< レビ記 3 >