< 士師記 12 >

1 エフライムの人々は集まってザポンに行き、エフタに言った、「なぜあなたは進んで行ってアンモンの人々と戦いながら、われわれを招いて一緒に行かせませんでしたか。われわれはあなたの家に火をつけてあなたを一緒に焼いてしまいます」。
Efraim abusuakuw no boaboaa asraafo ano twa kɔɔ Safon. Wɔde nkra yi kɔmaa Yefta: “Adɛn nti na woansoma ammɛka ankyerɛ yɛn sɛ yɛmmɛboa mo nko ntia Amonfo? Yɛrebɛhyew wo ne wo fi nyinaa pasaa!”
2 エフタは彼らに言った、「かつてわたしとわたしの民がアンモンの人々と大いに争ったとき、あなたがたを呼んだが、あなたがたはわたしを彼らの手から救ってくれませんでした。
Yefta buae se, “Mansotwe no mfiase no, mefrɛɛ mo, nanso moamma. Moammɛboa annye me wɔ Amonfo nsam.
3 あなたがたが救ってくれないのを見たから、わたしは命がけでアンモンの人々のところへ攻めて行きますと、主は彼らをわたしの手にわたされたのです。どうしてあなたがたは、きょう、わたしのところに上ってきて、わたしと戦おうとするのですか」。
Mede me nkwa too me nsam kɔkoe a monnka ho, nanso Awurade ma midii Amonfo so nkonim. Na adɛn nti na afei woaba sɛ wo ne me rebɛko?”
4 そこでエフタはギレアデの人々をことごとく集めてエフライムと戦い、ギレアデの人々はエフライムを撃ち破った。これはエフライムが「ギレアデびとよ、あなたがたはエフライムとマナセのうちにいるエフライムの落人だ」と言ったからである。
Efraimfo ntuanofo no buae se, “Gileadfo nyɛ nnipa biara sɛ aguanfo a wofi Efraim ne Manase.” Enti Yefta frɛɛ nʼakofo; wɔtow hyɛɛ Efraimfo so, dii wɔn so nkonim.
5 そしてギレアデびとはエフライムに渡るヨルダンの渡し場を押えたので、エフライムの落人が「渡らせてください」と言うとき、ギレアデの人々は「あなたはエフライムびとですか」と問い、その人がもし「そうではありません」と言うならば、
Yefta ko faa Yordan aworoe so. Bere biara a oguanfo bi a ofi Efraim pɛ sɛ ɔfa hɔ guan kɔ nʼakyi no, Gileadfo no bisa no se, “Wufi Efraim abusua mu ana?” Sɛ ɔbarima no bua se, “Dabi” a,
6 またその人に「では『シボレテ』と言ってごらんなさい」と言い、その人がそれを正しく発音することができないで「セボレテ」と言うときは、その人を捕えて、ヨルダンの渡し場で殺した。その時エフライムびとの倒れたものは四万二千人であった。
wɔka kyerɛ no se, ɔnka “Sibolet.” Sɛ ofi Efraim a, ɔka, “Sibolet,” Efisɛ nnipa a wofi Efraim no ntumi nka saa asɛm no yiye. Sɛ ɛba saa a, na wɔakyere no akokum no wɔ Asubɔnten Yordan aworoe so hɔ. Enti Efraimfo mpem aduanan abien na wokunkum wɔn saa bere no.
7 エフタは六年の間イスラエルをさばいた。ギレアデびとエフタはついに死んで、ギレアデの自分の町に葬られた。
Yefta yɛɛ Israel so temmufo mfe asia. Owui no, wosiee no wɔ Gilead nkurow no baako so.
8 彼の後にベツレヘムのイブザンがイスラエルをさばいた。
Yefta akyi no, Ibsan na ɔbɛyɛɛ otemmufo wɔ Israel. Ɔtenaa Betlehem.
9 彼に三十人のむすこがあった。また三十人の娘があったが、それを自分の氏族以外の者にとつがせ、むすこたちのためには三十人の娘をほかからめとった。彼は七年の間イスラエルをさばいた。
Na ɔwɔ mmabarima aduasa ne mmabea nso aduasa. Ɔmaa ne mmabea no wareware fii mmusua foforo mu. Ne mmabarima no de, ɔfaa mmabun aduasa fii mmusua foforo mu ma wɔbɛwarewaree wɔn. Ibsan buu Israel atɛn mfe ason.
10 イブザンはついに死んで、ベツレヘムに葬られた。
Owui no, wosiee no wɔ Betlehem.
11 彼の後にゼブルンびとエロンがイスラエルをさばいた。彼は十年の間イスラエルをさばいた。
Ibsan akyi no, Elon a ofi Sebulon na ɔbɛyɛɛ otemmufo wɔ Israel. Obuu Israel atɛn mfe du.
12 ゼブルンびとエロンはついに死んで、ゼブルンの地のアヤロンに葬られた。
Bere a owui no, wosiee no wɔ Ayalon, Sebulon asase so.
13 彼の後にピラトンびとヒレルの子アブドンがイスラエルをさばいた。
Elon wu akyi no, Hilel babarima Abdon a ofi Piraton na ɔbɛyɛɛ otemmufo wɔ Israel.
14 彼に四十人のむすこ及び三十人の孫があり、七十頭のろばに乗った。彼は八年の間イスラエルをさばいた。
Onyaa mmabarima aduanan ne nananom aduasa a na wɔn mu biara tena mfurum so. Ɔyɛɛ otemmufo wɔ Israel mfe awotwe.
15 ピラトンびとヒレルの子アブドンはついに死んで、エフライムの地のアマレクびとの山地にあるピラトンに葬られた。
Owu ma wosiee no wɔ Piraton wɔ Efraim asase a ɛwɔ Amalekfo bepɔw asase no so.

< 士師記 12 >