< ヨナ書 1 >

1 主の言葉がアミッタイの子ヨナに臨んで言った、
Awurade asɛm baa Amitai babarima Yona nkyɛn se,
2 「立って、あの大きな町ニネベに行き、これに向かって呼ばわれ。彼らの悪がわたしの前に上ってきたからである」。
“Kɔ kuropɔn Ninewe mu na kɔka asɛmpa no tia wɔn, efisɛ wɔn atirimɔdensɛm aforo abedu mʼanim.”
3 しかしヨナは主の前を離れてタルシシへのがれようと、立ってヨッパに下って行った。ところがちょうど、タルシシへ行く船があったので、船賃を払い、主の前を離れて、人々と共にタルシシへ行こうと船に乗った。
Nanso Yona guan fii Awurade anim na ɔde nʼani kyerɛɛ Tarsis. Ɔkɔɔ Yopa, na okonyaa hyɛn wɔ hɔ a na ɛrekɔ Tarsis. Otuaa ka kɔtenaa hyɛn no mu, sɛ ɔrefi Awurade anim akɔ Tarsis.
4 時に、主は大風を海の上に起されたので、船が破れるほどの激しい暴風が海の上にあった。
Nanso Awurade maa mframa kɛse bi bɔɔ wɔ po no so; ɛmaa ahum tui a, anka hyɛn no rebɛbɔ.
5 それで水夫たちは恐れて、めいめい自分の神を呼び求め、また船を軽くするため、その中の積み荷を海に投げ捨てた。しかし、ヨナは船の奥に下り、伏して熟睡していた。
Hyɛn no mufo no nyinaa suroe, na obiara su frɛɛ ne nyame. Wɔtotoo aguade a ɛwɔ hyɛn no mu guguu po no mu sɛnea hyɛn no mu bɛyɛ hare. Nanso na Yona akɔhyɛ hyɛn no ase baabi ada hatee.
6 そこで船長は来て、彼に言った、「あなたはどうして眠っているのか。起きて、あなたの神に呼ばわりなさい。神があるいは、われわれを顧みて、助けてくださるだろう」。
Na hyɛn no so panyin no kɔɔ ne nkyɛn kɔkae se, “Adɛn na woada? Sɔre na frɛ wo nyame! Ebia, obehu yɛn mmɔbɔ, na yɛanwuwu.”
7 やがて人々は互に言った、「この災がわれわれに臨んだのは、だれのせいか知るために、さあ、くじを引いてみよう」。そして彼らが、くじを引いたところ、くじはヨナに当った。
Afei hyɛn no mufo no keka kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho se, “Momma yɛmmɔ ntonto nhwehwɛ nea saa amanehunu yi nam ne so aba.” Wɔbɔɔ ntonto no na ɛbɔɔ Yona.
8 そこで人々はヨナに言った、「この災がだれのせいで、われわれに臨んだのか、われわれに告げなさい。あなたの職業は何か。あなたはどこから来たのか。あなたの国はどこか。あなたはどこの民か」。
Enti wobisaa no se, “Kyerɛ yɛn, hena na wama saa ɔhaw yi nyinaa aba? Adwuma bɛn na woyɛ? Ɛhe na wufi? Ɔman bɛn so na wufi? Ɛhefo ne wo nkurɔfo?”
9 ヨナは彼らに言った、「わたしはヘブルびとです。わたしは海と陸とをお造りになった天の神、主を恐れる者です」。
Obuae se, “Meyɛ Hebrini, na mesom Awurade, ɔsoro Nyankopɔn a, ɔbɔɔ po ne asase.”
10 そこで人々ははなはだしく恐れて、彼に言った、「あなたはなんたる事をしてくれたのか」。人々は彼がさきに彼らに告げた事によって、彼が主の前を離れて、のがれようとしていた事を知っていたからである。
Eyi bɔɔ wɔn hu, enti wobisaa Yona se, “Dɛn na woayɛ?” (Na wonim sɛ ɔreguan afi Awurade nkyɛn, efisɛ na waka saa akyerɛ wɔn dedaw).
11 人々は彼に言った、「われわれのために海が静まるには、あなたをどうしたらよかろうか」。それは海がますます荒れてきたからである。
Na ahum no kɔ so tu denneennen ara. Enti wobisaa no se, “Dɛn na yɛnyɛ wo a ɛbɛma ahum yi ano abrɛ ase ama yɛn?”
12 ヨナは彼らに言った、「わたしを取って海に投げ入れなさい。そうしたら海は、あなたがたのために静まるでしょう。わたしにはよくわかっています。この激しい暴風があなたがたに臨んだのは、わたしのせいです」。
Yona buaa wɔn se, “Momma me so ntow me nkyene po yi mu, na ano bedwo. Minim sɛ me nti na ahum kɛse yi retu wɔ mo so.”
13 しかし人々は船を陸にこぎもどそうとつとめたが、成功しなかった。それは海が彼らに逆らって、いよいよ荒れたからである。
Mmarima no yɛɛ nea wobetumi biara sɛ wɔbɛhare hyɛn no akɔ mpoano. Nanso, wɔantumi, esiane sɛ na po no so ahum no ano ayɛ den asen kan no.
14 そこで人々は主に呼ばわって言った、「主よ、どうぞ、この人の生命のために、われわれを滅ぼさないでください。また罪なき血を、われわれに帰しないでください。主よ、これはみ心に従って、なされた事だからです」。
Afei wosu frɛɛ Awurade se, “Awurade yɛsrɛ wo mma yennwuwu sɛ yɛama ɔbarima yi ahwere ne nkwa nti. Mma yennni fɔ wɔ ɔbarima yi mogya ho, efisɛ, Awurade wayɛ nea wopɛ.”
15 そして彼らはヨナを取って海に投げ入れた。すると海の荒れるのがやんだ。
Afei, wɔmaa Yona so tow no kyenee po no mu, na po a na ehuru so no yɛɛ komm.
16 そこで人々は大いに主を恐れ、犠牲を主にささげて、誓願を立てた。
Eyi maa mmarima no suroo Awurade pa ara na wɔbɔɔ afɔre maa Awurade, na wɔhyɛɛ no bɔ.
17 主は大いなる魚を備えて、ヨナをのませられた。ヨナは三日三夜その魚の腹の中にいた。
Na Awurade maa bonsu kɛse bi bɛmenee Yona, na Yona daa bonsu no yam nnansa, awia ne anadwo.

< ヨナ書 1 >