< ヨハネの福音書 13 >

1 過越の祭の前に、イエスは、この世を去って父のみもとに行くべき自分の時がきたことを知り、世にいる自分の者たちを愛して、彼らを最後まで愛し通された。
Adeɛ rebɛkye ama Twam Afahyɛ no aduru no, Yesu hunuu sɛ afei, berɛ aso sɛ ɔfiri ewiase kɔ nʼAgya nkyɛn. Yesu yɛ obi a na ɔdɔ nʼakyidifoɔ, na ɔdɔɔ wɔn kɔsii sɛ ɔwuiɛ.
2 夕食のとき、悪魔はすでにシモンの子イスカリオテのユダの心に、イエスを裏切ろうとする思いを入れていたが、
Ɛberɛ a na Yesu ne nʼasuafoɔ te adidiiɛ no, ɔbonsam kɔhyɛɛ Yuda Iskariot a ɔyɛ Simon ba no mu sɛ ɔnyi Yesu mma.
3 イエスは、父がすべてのものを自分の手にお与えになったこと、また、自分は神から出てきて、神にかえろうとしていることを思い、
Yesu nim sɛ nʼAgya de tumi nyinaa ahyɛ ne nsa, na ɔfiri Onyankopɔn nkyɛn na ɔbaeɛ, na ɔresane akɔ ne nkyɛn.
4 夕食の席から立ち上がって、上着を脱ぎ、手ぬぐいをとって腰に巻き、
Yesu sɔre firii didipono no ho, yii nʼatadeɛ ngugusoɔ guu hɔ, de mpepaho twaa nʼasene.
5 それから水をたらいに入れて、弟子たちの足を洗い、腰に巻いた手ぬぐいでふき始められた。
Ɔhwiee nsuo guu dwaresɛn bi mu na ɔhyɛɛ aseɛ hohoroo asuafoɔ no nan ase de mpepaho no pepaeɛ.
6 こうして、シモン・ペテロの番になった。すると彼はイエスに、「主よ、あなたがわたしの足をお洗いになるのですか」と言った。
Ɛberɛ a Yesu duruu Simon Petro so no, Petro bisaa no sɛ. “Awurade, worebɛhohoro me nan ase anaa?”
7 イエスは彼に答えて言われた、「わたしのしていることは今あなたにはわからないが、あとでわかるようになるだろう」。
Yesu buaa no sɛ, “Deɛ mereyɛ yi, worente aseɛ seesei, nanso akyire no wobɛte aseɛ.”
8 ペテロはイエスに言った、「わたしの足を決して洗わないで下さい」。イエスは彼に答えられた、「もしわたしがあなたの足を洗わないなら、あなたはわたしとなんの係わりもなくなる」。 (aiōn g165)
Petro ampene asɛm a ɔkaeɛ no so kaa sɛ, “Ɛnyɛ wo na ɛsɛ sɛ wohohoro me nan ase.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ manhohoro wo nan ase a, na wonka me ho.” (aiōn g165)
9 シモン・ペテロはイエスに言った、「主よ、では、足だけではなく、どうぞ、手も頭も」。
Simon Petro kaa sɛ, “Awurade, ɛnneɛ na ɛnyɛ me nan ase nko, na mmom, me nsa ho ne me tirim nso ka ho.”
10 イエスは彼に言われた、「すでにからだを洗った者は、足のほかは洗う必要がない。全身がきれいなのだから。あなたがたはきれいなのだ。しかし、みんながそうなのではない」。
Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Obiara a wadware no, adwareɛ ho nhia no bio gye ne nan ase nko na ɛsɛ sɛ ɔhohoro, ne onipadua no deɛ, efi biara nni ho. Mo nyinaa ho ate, gye mo mu baako pɛ.”
11 イエスは自分を裏切る者を知っておられた。それで、「みんながきれいなのではない」と言われたのである。
Na Yesu nim onipa ko a ɔrebɛyi no ama no, ɛno enti na ɔkaa sɛ ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔn ho ate no.
12 こうして彼らの足を洗ってから、上着をつけ、ふたたび席にもどって、彼らに言われた、「わたしがあなたがたにしたことがわかるか。
Yesu hohoroo wɔn nan ase wieeɛ no, ɔfaa nʼatadeɛ ngugusoɔ no hyɛeɛ, sane kɔtenaa didipono no ho. Afei, ɔbisaa nʼasuafoɔ no sɛ, “Mote deɛ mayɛ yi ase anaa?
13 あなたがたはわたしを教師、また主と呼んでいる。そう言うのは正しい。わたしはそのとおりである。
Mofrɛ me ‘Ɔkyerɛkyerɛfoɔ’ ne ‘Awurade’ a, modi me frɛ; ɛfiri sɛ, ɛno ne deɛ meyɛ.
14 しかし、主であり、また教師であるわたしが、あなたがたの足を洗ったからには、あなたがたもまた、互に足を洗い合うべきである。
Sɛ me a meyɛ mo Awurade ne Ɔkyerɛkyerɛfoɔ no mpo ahohoro mo nan ase a, ɛnneɛ, na ɛsɛ sɛ mo nso mohohoro hohoro mo ho mo ho nan ase.
15 わたしがあなたがたにしたとおりに、あなたがたもするように、わたしは手本を示したのだ。
Mayɛ yei de ayɛ nhwɛsoɔ ama mo sɛdeɛ mo nso mobɛyɛ saa ara.
16 よくよくあなたがたに言っておく。僕はその主人にまさるものではなく、つかわされた者はつかわした者にまさるものではない。
Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ, akoa nsene ne wura; saa ara nso na ɔsomafoɔ nsene deɛ ɔsomaa no no.
17 もしこれらのことがわかっていて、それを行うなら、あなたがたはさいわいである。
Afei a moate deɛ meyɛeɛ no ase yi, sɛ moyɛ saa bi a, mobɛnya nhyira.
18 あなたがた全部の者について、こう言っているのではない。わたしは自分が選んだ人たちを知っている。しかし、『わたしのパンを食べている者が、わたしにむかってそのかかとをあげた』とある聖書は成就されなければならない。
“Ɛnyɛ mo nyinaa na mereka saa asɛm yi akyerɛ mo, menim wɔn a mayi wɔn. Nanso, ɛsɛ sɛ Atwerɛsɛm a ɛka sɛ, ‘Onipa a ɔne me to nsa didi no, bɛyi me ama’ no ba mu.
19 そのことがまだ起らない今のうちに、あなたがたに言っておく。いよいよ事が起ったとき、わたしがそれであることを、あなたがたが信じるためである。
“Mereka yeinom nyinaa akyerɛ mo ansa na aba mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mobɛgye adi.
20 よくよくあなたがたに言っておく。わたしがつかわす者を受けいれる者は、わたしを受けいれるのである。わたしを受けいれる者は、わたしをつかわされたかたを、受けいれるのである」。
Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔbɛgye deɛ masoma no no, ɔgye me nso, na obiara a ɔgye me no nso gye deɛ ɔsomaa me no.”
21 イエスがこれらのことを言われた後、その心が騒ぎ、おごそかに言われた、「よくよくあなたがたに言っておく。あなたがたのうちのひとりが、わたしを裏切ろうとしている」。
Yesu kaa yeinom nyinaa wieeɛ no, ne ho yeraa no ma ɔpaee mu kaa sɛ, “Mereka nokorɛ akyerɛ mo, mo mu baako bɛyi me ama!”
22 弟子たちはだれのことを言われたのか察しかねて、互に顔を見合わせた。
Asuafoɔ no de ahodwirie hwehwɛhwehwɛɛ wɔn ho wɔn ho anim pɛɛ sɛ wɔhunu deɛ ɔde no no.
23 弟子たちのひとりで、イエスの愛しておられた者が、み胸に近く席についていた。
Na asuafoɔ no mu baako a Yesu pɛ nʼasɛm no te ne nkyɛn pɛɛ.
24 そこで、シモン・ペテロは彼に合図をして言った、「だれのことをおっしゃったのか、知らせてくれ」。
Simon Petro buu nʼani sɛ, “Bisa no na ɔnkyerɛ wo onipa ko a ɔreka ne ho asɛm no.”
25 その弟子はそのままイエスの胸によりかかって、「主よ、だれのことですか」と尋ねると、
Ɛno enti saa osuani no twe bɛn Yesu bisaa no sɛ, “Awurade, ɛyɛ hwan?”
26 イエスは答えられた、「わたしが一きれの食物をひたして与える者が、それである」。そして、一きれの食物をひたしてとり上げ、シモンの子イスカリオテのユダにお与えになった。
Yesu buaa sɛ, “Deɛ mede burodo bɛbɔ mu ama no no, ɔno na ɔbɛyi me ama.” Na ɔde burodo bɔɔ mu de maa Yuda Iskariot a ɔyɛ Simon ba no.
27 この一きれの食物を受けるやいなや、サタンがユダにはいった。そこでイエスは彼に言われた、「しようとしていることを、今すぐするがよい」。
Ɛberɛ a Yuda gyee burodo no pɛ na ɔbonsam bɛhyɛɛ ne mu. Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Deɛ wopɛ sɛ woyɛ no, yɛ no ntɛm!”
28 席を共にしていた者のうち、なぜユダにこう言われたのか、わかっていた者はひとりもなかった。
Wɔn a na wɔte adidiiɛ no mu biara ante asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no no ase.
29 ある人々は、ユダが金入れをあずかっていたので、イエスが彼に、「祭のために必要なものを買え」と言われたか、あるいは、貧しい者に何か施させようとされたのだと思っていた。
Esiane sɛ Yuda na ɔhwɛ asuafoɔ no sika so enti, na wɔsusu sɛ, Yesu reka akyerɛ no sɛ, ɔnkɔtɔ biribi a ɛho hia ma afahyɛ no anaasɛ ɔnkɔma ahiafoɔ biribi.
30 ユダは一きれの食物を受けると、すぐに出て行った。時は夜であった。
Yuda gyee burodo no pɛ na ɔfirii adi; saa ɛberɛ no na ɛyɛ anadwo.
31 さて、彼が出て行くと、イエスは言われた、「今や人の子は栄光を受けた。神もまた彼によって栄光をお受けになった。
Yuda firii adi kɔeɛ akyi no, Yesu kaa sɛ, “Afei na Onipa Ba no animuonyam ada adi; na Onyankopɔn nam Ɔba no so ada nʼanimuonyam adi.
32 彼によって栄光をお受けになったのなら、神ご自身も彼に栄光をお授けになるであろう。すぐにもお授けになるであろう。
Na sɛ ɛnam Ɔba no so na Onyankopɔn animuonyam da adi a, Onyankopɔn nso nam ne tumi so bɛda Onipa Ba no animuonyam adi. Ɔbɛyɛ yei ntɛm so.
33 子たちよ、わたしはまだしばらく、あなたがたと一緒にいる。あなたがたはわたしを捜すだろうが、すでにユダヤ人たちに言ったとおり、今あなたがたにも言う、『あなたがたはわたしの行く所に来ることはできない』。
“Me mma, ɛrenkyɛre biara, mɛgya mo hɔ. Sɛdeɛ meka kyerɛɛ Yudafoɔ mpanin no, mobɛhwehwɛ me, nanso morentumi mma faako a merekɔ hɔ no.
34 わたしは、新しいいましめをあなたがたに与える、互に愛し合いなさい。わたしがあなたがたを愛したように、あなたがたも互に愛し合いなさい。
“Ahyɛdeɛ foforɔ na mede regya mo sɛ, ‘Monnodɔ mo ho sɛdeɛ medɔ mo no.
35 互に愛し合うならば、それによって、あなたがたがわたしの弟子であることを、すべての者が認めるであろう」。
Na sɛ mododɔ mo ho mo ho a, obiara bɛhunu sɛ moyɛ mʼasuafoɔ.’”
36 シモン・ペテロがイエスに言った、「主よ、どこへおいでになるのですか」。イエスは答えられた、「あなたはわたしの行くところに、今はついて来ることはできない。しかし、あとになってから、ついて来ることになろう」。
Simon Petro bisaa Yesu sɛ, “Awurade, ɛhe na worekɔ?” Yesu buaa no sɛ, “Faako a merekɔ no deɛ, worentumi nni mʼakyi; daakye bi wobɛba abɛka me ho.”
37 ペテロはイエスに言った、「主よ、なぜ、今あなたについて行くことができないのですか。あなたのためには、命も捨てます」。
Petro bisaa no sɛ, “Awurade, adɛn enti na merentumi nni wʼakyi saa ɛberɛ yi? Ɛyɛ owuo mpo a, mɛwu ama wo.”
38 イエスは答えられた、「わたしのために命を捨てると言うのか。よくよくあなたに言っておく。鶏が鳴く前に、あなたはわたしを三度知らないと言うであろう」。
Yesu bisaa no sɛ, “Woasiesie wo ho ampa ara sɛ wobɛwu ama me anaa? Mereka nokorɛ akyerɛ wo sɛ, ansa na akokɔ bɛbɔn no, na woapa me mprɛnsa.”

< ヨハネの福音書 13 >