< エレミヤ書 5 >

1 エルサレムのちまたを行きめぐり、見て、知るがよい。その広場を尋ねて、公平を行い、真実を求める者が、ひとりでもあるか捜してみよ。あれば、わたしはエルサレムをゆるす。
“Monni akɔneaba wɔ Yerusalem mmɔntene so, monhwɛ mo ho nhyia nhwɛ, monhwehwɛ adwaberem nyinaa. Sɛ mohunu onipa baako mpo a ɔyɛ pɛ na ɔdi nokorɛ a, mede kuropɔn yi ho bɛkyɛ no.
2 彼らは、「主は生きておられる」と言うけれども、実は、偽って誓うのだ。
Ɛwom sɛ wɔka sɛ, ‘Sɛ Awurade te ase yi,’ nanso wɔda so ka ntam hunu.”
3 主よ、あなたの目は、真実を顧みられるではありませんか。あなたが彼らを打たれても、痛みを覚えず、彼らを滅ぼされても、懲しめを受けることを拒み、その顔を岩よりも堅くして、悔い改めることを拒みました。
Ao Awurade, wopɛ nokorɛ enti wobɔɔ wɔn hwee fam, nanso wɔante yea biara; wodwerɛɛ wɔn, nanso wɔpoo ntenesoɔ. Wɔyɛɛ wɔn anim denden kyenee ɔboɔ na wɔpoo ahunu.
4 それで、わたしは言った、「これらはただ貧しい愚かな人々で、主の道と、神のおきてを知りません。
Mesusuu sɛ, “Yeinom nko ara ne ahiafoɔ no; wɔyɛ nkwaseafoɔ nso, ɛfiri sɛ wɔnnim Awurade akwan, deɛ wɔn Onyankopɔn hwehwɛ.
5 わたしは偉い人たちの所へ行って、彼らに語ります。彼らは主の道を知り、神のおきてを知っています」。ところが、彼らも皆おなじように、くびきを折り、なわめを断っていた。
Enti mɛkɔ ntuanofoɔ no nkyɛn akɔkasa akyerɛ wɔn; ampa ara wɔnim Awurade akwan deɛ wɔn Onyankopɔn hwehwɛ.” Nanso wɔn nso de adwene korɔ abubu kɔnnua no atete nkyehoma no mu.
6 それゆえ林から、ししが出てきて彼らを殺し、荒野から、おおかみが出てきて彼らを滅ぼす。ひょうは彼らの町々をねらっている。そこから出る者はみな裂かれる。彼らの罪が多く、その背信がはなはだしいからである。
Ɛno enti gyata bi a ɔfiri kwaeɛm bɛto ahyɛ wɔn so, pataku bi a ɔfiri anweatam so bɛtete wɔn mu. Ɔsebɔ bi bɛtɛ wɔn abɛn wɔn nkuro na obiara a ɔbɛyi ne ti no ɔbɛtete ne mu nketenkete, ɛfiri sɛ wɔn adɔnyɛ no ano yɛ den na wɔn akyirisane aboro so.
7 「わたしはどうしてあなたを、ゆるすことができようか。あなたの子どもらは、わたしを捨てさり、神でもないものをさして誓った。わたしが彼らを満ち足らせた時、彼らは姦淫を行い、遊女の家に群れ集まった。
“Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mede mo ho kyɛ mo? Mo mma apo me wɔde anyame a wɔnyɛ anyame aka ntam. Memaa wɔn deɛ wɔhia nyinaa, nanso, wɔbɔɔ adwamam na wɔbɔɔ yuu kɔɔ adwamanfoɔ afie mu.
8 彼らは肥え太った丈夫な雄馬のように、おのおの、いなないて隣の妻を慕う。
Mpɔnkɔnini aniberefoɔ a wɔhwɛ wɔn yie, wɔn mu biara su di ne yɔnko yere akyi.
9 わたしはこれらの事のために彼らを罰しないでいられようか。このような国民にあだを返さないであろうか」と主は言われる。
Ɛnsɛ sɛ metwe wɔn aso wɔ yei ho?” Sei na Awurade seɛ. “Ɛnsɛ sɛ mʼankasa metɔ ɔman a ɛte sei so were anaa?
10 「あなたがたはユダのぶどうの並み木の間を、のぼって行って、滅ぼせ、ただ、ことごとく滅ぼしてはならない。その枝を切り除け、主のものではないからである。
“Momfa ne bobe nturo no mu na monsɛe no, nanso monnsɛe no koraa. Mompempan ne mman no, ɛfiri sɛ saa nnipa yi nyɛ Awurade dea.
11 イスラエルの家とユダの家とはわたしにまったく不信であった」と主は言われる。
Israel fiefoɔ ne Yuda fiefoɔ anni me nokorɛ koraa,” Awurade na ɔseɛ.
12 「彼らは主について偽り語って言った、『主は何事もなされない、災はわれわれに来ない、またつるぎや、ききんを見ることはない。
Wɔadi atorɔ afa Awurade ho, wɔkaa sɛ, “Ɔrenyɛ hwee! Ɔhaw biara remma yɛn so; yɛrenhunu akofena anaa ɛkɔm da.
13 預言者らは風となり、彼らのうちに言葉はない。彼らはこのようになる』と」。
Adiyifoɔ no yɛ mframa bi kɛkɛ na asɛm no nte wɔn mu; enti momma deɛ wɔka no mmra wɔn so.”
14 それゆえ万軍の神、主はこう言われる、「彼らがこの言葉を語ったので、見よ、わたしはあなたの口にあるわたしの言葉を火とし、この民をたきぎとする。火は彼らを焼き尽す」。
Enti yei ne deɛ Asafo Awurade, Onyankopɔn seɛ: “Esiane sɛ nnipa no aka saa nsɛm yi enti, mɛyɛ me nsɛm a ɛwɔ wʼanomu no ogya na saa nnipa yi ayɛ nnyina a ogya no bɛhye.
15 主は言われる、「イスラエルの家よ、見よ、わたしは遠い国の民をあなたがたのところに攻めこさせる。その国は長く続く国、古い国で、あなたがたはその国の言葉を知らず、人々の語るのを悟ることもできない。
Ao, Israel fiefoɔ,” Awurade na ɔseɛ, “Mede ɔman bi a ɛwɔ akyirikyiri rebɛtia wo, tete ɔman a ɛyɛ ɔmantease, nnipa a monnim wɔn kasa, na monnte wɔn kasa ase.
16 その箙は開いた墓のようであり、彼らはみな勇士である。
Wɔn agyan mmɔtɔwa te sɛ damena a ano da hɔ; wɔn nyinaa yɛ nnɔmmarima.
17 彼らはあなたが刈り入れた物と、あなたの糧食とを食い尽し、あなたのむすこ娘を食い尽し、あなたの羊と牛を食い尽し、あなたのぶどうの木といちじくの木を食い尽し、またつるぎをもって、あなたが頼みとする堅固な町々を滅ぼす」。
Wɔbɛsɛe mo nnɔbaeɛ ne mo aduane, asɛe mo mmammarima ne mo mmammaa; wɔbɛsɛe mo nnwankuo ne mo anantwikuo, asɛe mo bobe ne mo mmɔrɔdɔma. Wɔde akofena bɛsɛe nkuropɔn a ɛwɔ banbɔ a mode mo werɛ ahyɛ mu no.
18 主は言われる、「しかしその時でも、わたしはことごとくはあなたを滅ぼさない。
“Afei saa nna no mu mpo,” sei na Awurade seɛ, “Merensɛe mo korakora.
19 あなたの民が、『どうしてわれわれの神、主はこれらのすべての事をわれわれになされたのか』と言うならば、あなたは彼らに答えなければならない、『あなたがたがわたしを捨てて、自分の地で異なる神々に仕えたように、あなたがたは自分のものでない地で異邦の人に仕えるようになる』と」。
Na sɛ nnipa no bisa sɛ, ‘Adɛn enti na Awurade, yɛn Onyankopɔn, ayɛ yɛn sei’ a, mobɛka akyerɛ wɔn sɛ, ‘Sɛdeɛ moagya me hɔ akɔsom ananafoɔ anyame wɔ mo ankasa mo asase so no, saa ara na seesei mobɛsom ananafoɔ wɔ asase a ɛnyɛ mo dea so.’
20 これをヤコブの家にのべ、またユダに示して言え、
“Monka yei nkyerɛ Yakob fiefoɔ na mo mpae mu nka wɔ Yuda sɛ:
21 「愚かで、悟りもなく、目があっても見えず、耳があっても聞えない民よ、これを聞け。
Montie, mo nkwaseafoɔ ne nnipa a monni adwene, mowɔ ani nso monhunu adeɛ, na mowɔ aso nso monte asɛm:
22 主は言われる、あなたがたはわたしを恐れないのか、わたしの前におののかないのか。わたしは砂を置いて海の境とし、これを永遠の限界として、越えることができないようにした。波はさかまいても、勝つことはできない、鳴りわたっても、これを越えることはできない。
Ɛnsɛ sɛ mosuro me anaa?” Sei na Awurade seɛ. “Ɛnsɛ sɛ mo ho popo wɔ mʼanim anaa? Mede anwea ato hyeɛ ama ɛpo, ɛhyeɛ a ɛwɔ hɔ daa a ɛrentumi ntra. Asorɔkye bɛbɔ nanso ɛrentumi mmu mfa so; ɛbɛhuru so nanso ɛrentumi ntra.
23 ところが、この民には強情な、そむく心があり、彼らはわき道にそれて、去ってしまった。
Nanso, saa nnipa yi wɔ asoɔden ne atuateɛ akoma; wɔatwe wɔn ho afiri me ho kɔ.
24 彼らは『われわれに雨を与え、秋の雨と春の雨を時にしたがって降らせ、われわれのために刈入れの時を定められたわれわれの神、主を恐れよう』とその心のうちに言わないのだ。
Wɔnnka nkyerɛ wɔn ho sɛ, ‘Momma yɛnsuro Awurade yɛn Onyankopɔn, a ɔma osu tɔ wɔ ne mmerɛ mu, deɛ ɔma yɛn awerɛhyɛmu wɔ ɔtwaberɛ nnapɛn a wahyɛ no ho.’
25 あなたがたのとがは、これらの事をしりぞけ、あなたがたの罪は、良い物があなたがたに来るのをさまたげた。
Mo amumuyɛ abɔ yeinom agu; mo bɔne ama adepa abɔ mo.
26 わが民のうちには悪い者があって、鳥をとる人のように身をかがめてうかがい、わなを置いて人を捕える。
“Amumuyɛfoɔ bi wɔ me nkurɔfoɔ yi mu a wɔtɛ sɛ nnipa a wɔsum nnomaa afidie, na wɔte sɛ wɔn a wɔsum mfidie yi nnipa.
27 かごに鳥が満ちているように、彼らの家は不義の宝で満ちている。それゆえ、彼らは大いなる者、裕福な者となり、
Sɛdeɛ nnomaa ahyɛ kɛntɛn ma no saa ara na nsisie ahyɛ wɔn afie ma; wɔayeyɛ adefoɔ na wɔanya tumi.
28 肥えて、つやがあり、その悪しき行いには際限がない。彼らは公正に、みなしごの訴えをさばいて、それを助けようとはせず、また貧しい人の訴えをさばかない。
Wɔadodɔre sradeɛ ama wɔn ho ayɛ srasra. Wɔn amumuyɛsɛm no nni awieeɛ; wɔnnka nwisiaa asɛm mma wɔn nni bem, na wɔmmɔ ahiafoɔ tumi ho ban.
29 主は言われる、わたしはこのような事のために、彼らを罰しないであろうか。わたしはこのような民に、あだを返さないであろうか」。
Ɛnsɛ sɛ metwe wɔn aso wɔ yeinom ho anaa?” Sei na Awurade seɛ. “Ɛnsɛ sɛ mʼankasa metɔ ɔman a ɛte sei so were anaa?
30 驚くべきこと、恐るべきことがこの地に起っている。
“Adeɛ a ɛyɛ hu ne ahodwirie asi wɔ asase no so:
31 預言者は偽って預言し、祭司は自分の手によって治め、わが民はこのようにすることを愛している。しかしあなたがたはその終りにはどうするつもりか。
Adiyifoɔ no hyɛ nkɔntorɔ, asɔfoɔ no de wɔn dibea di tumi, na me nkurɔfoɔ no pɛ no saa ara. Nanso awieeɛ no, ɛdeɛn na wobɛyɛ?”

< エレミヤ書 5 >