< エレミヤ書 35 >

1 ユダの王ヨシヤの子エホヤキムの時、主からエレミヤに臨んだ言葉。
Yei ne asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn baa Yeremia hɔ ɛberɛ a na Yudahene Yosia babarima Yehoiakim di adeɛ no:
2 「レカブびとの家に行って、彼らと語り、彼らを主の宮の一室に連れてきて、酒を飲ませなさい」。
“Kɔ Rekabfoɔ abusua no nkyɛn, na to nsa frɛ wɔn na wɔmmra Awurade efie no mpia baako mu, na ma wɔn nsã nnom.”
3 そこでわたしはハバジニヤの子エレミヤの子であるヤザニヤと、その兄弟と、そのむすこたち、およびレカブびとの全家を連れ、
Enti, mekɔpɛɛ Habasinia babarima Yeremia babarima Yaasania ne ne nuammarima ne ne mmammarima nyinaa, Rekabfoɔ abusuadɔm no.
4 これを主の宮にあるハナンの子たちの室に連れてきた。ハナンはイグダリヤの子であって神の人であった。その室は、つかさたちの室の次にあって、門を守るシャルムの子マアセヤの室の上にあった。
Mede wɔn baa Awurade efie, na mede wɔn kɔɔ Onyame onipa Yigdalia babarima Hanan mmammarima dan mu. Ɛno na ɛdi adwumayɛfoɔ dan a ɛsi ɔpono ano hwɛfoɔ Salum babarima Maaseia dan atifi no so.
5 わたしはレカブびとの前に酒を満たしたつぼと杯を置き、彼らに、「酒を飲みなさい」と言ったが、
Afei mede nkuruwa ne nkora a nsã wɔ mu bɛsisii Rekabfoɔ abusua mma no anim na meka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnom nsã kakra.”
6 彼らは答えた、「われわれは酒を飲みません。それは、レカブの子であるわれわれの先祖ヨナダブがわれわれに命じて、『あなたがたとあなたがたの子孫はいつまでも酒を飲んではならない。
Nanso wɔbuaa sɛ, “Yɛnnom nsã, ɛfiri sɛ yɛn nana Rekab babarima Yehonadab maa yɛn ɔhyɛ nsɛm yi sɛ, ‘Ɛnsɛ sɛ mo anaa mo asefoɔ nom nsã.
7 また家を建てず、種をまかず、またぶどう畑を植えてはならない。またこれを所有してはならない。あなたがたは生きながらえる間は幕屋に住んでいなさい。そうするならば、あなたがたはその宿っている地に長く生きることができると言ったからです』。
Na afei ɛnsɛ sɛ mosisi afie, modua anaa moyɛ bobe nturo, ɛnsɛ sɛ moyɛ yeinom mu biara, na mmom montena ntomadan mu ɛberɛ biara. Ɛno na mo nkwa nna bɛware, wɔ asase a moyɛ atutenafoɔ wɔ so no so.’
8 こうしてわれわれは、レカブの子であるわれわれの先祖ヨナダブがすべて命じた言葉に従って、われわれも、妻も、むすこ娘も生きながらえる間、酒を飲まず、
Yɛatie biribiara a yɛn nana Rekab babarima Yonadab hyɛɛ yɛn no. Na yɛn, yɛn yerenom, mmammarima ne mmammaa nnom nsã da
9 住む家を建てず、ぶどう畑も畑も種も持たないで、
na yɛnsisii afie ntenaa mu anaa yɛnnyaa bobe nturo anaa mfuo anaa nnɔbaeɛ.
10 幕屋に住み、すべてわれわれの先祖ヨナダブがわれわれに命じたところに従い、そのように行いました。
Yɛatenatena ntomadan mu, na yɛadi biribiara a yɛn nana Yehonadab hyɛɛ yɛn no so pɛpɛɛpɛ.
11 しかしバビロンの王ネブカデレザルがこの地に上ってきた時、われわれは言いました、『さあ、われわれはエルサレムへ行こう。カルデヤびとの軍勢とスリヤびとの軍勢が恐ろしい』と。こうしてわれわれはエルサレムに住んでいるのです」。
Nanso, ɛberɛ a Babiloniahene Nebukadnessar tuu asase yi so sa no, yɛkaa sɛ, ‘Mommra, ɛsɛ sɛ yɛkɔ Yerusalem na yɛdwane firi Babiloniafoɔ ne Aramfoɔ akodɔm anim.’ Ɛno enti yɛaka Yerusalem.”
12 その時、主の言葉がエレミヤに臨んだ、
Afei, Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ,
13 「万軍の主、イスラエルの神はこう言われる、行って、ユダの人々とエルサレムに住む者とに告げよ。主は仰せられる、あなたがたはわたしの言葉を聞いて教を受けないのか。
“Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ: Kɔ na kɔka kyerɛ mmarima a wɔwɔ Yuda ne Yerusalemfoɔ sɛ, ‘Morensua biribi na morentie mʼasɛm anaa?’ Awurade na ɔseɛ.
14 レカブの子ヨナダブがその子孫に酒を飲むなと命じた言葉は守られてきた。彼らは今日に至るまで酒を飲まず、その先祖の命に従ってきた。ところがあなたがたはわたしがしきりに語ったけれども、わたしに聞き従わなかった。
‘Rekab ba Yehonadab hyɛɛ ne mmammarima sɛ wɔnnom nsã, na wɔadi saa ɔhyɛ yi so. Ɛbɛsi ɛnnɛ wɔnnom nsã, ɛfiri sɛ wɔdi wɔn agyanom ahyɛdeɛ so. Na makasa akyerɛ mo mpɛn bebree, nanso montiee me.
15 わたしはまた、わたしのしもべである預言者たちを、しきりにあなたがたにつかわして言わせた、『あなたがたは今おのおのその悪い道を離れ、その行いを改めなさい。ほかの神々に従い仕えてはならない。そうすれば、あなたがたはわたしがあなたがたと、あなたがたの先祖に与えたこの地に住むことができる』と。しかしあなたがたは耳を傾けず、わたしに聞かなかった。
Mesomaa mʼasomfoɔ adiyifoɔ nyinaa baa mo nkyɛn mpɛn bebree. Wɔkaa sɛ, “Ɛsɛ sɛ mo mu biara sesa firi nʼamumuyɛ akwan ho, na moma mo akwan tene; monni anyame foforɔ akyi na monnsom wɔn. Ɛno na mobɛtena asase a mede ama mo ne mo agyanom yi so.” Nanso mommuaa me na monntiee me.
16 レカブの子ヨナダブの子孫は、その先祖が彼らに命じた命令を守っているのである。しかしこの民はわたしに従わなかった。
Rekab babarima Yehonadab asefoɔ adi ahyɛdeɛ a wɔn agyanom de maa wɔn no so, nanso saa nnipa yi ntie mʼasɛm.’
17 それゆえ万軍の神、主、イスラエルの神はこう仰せられる、見よ、わたしはユダとエルサレムに住む者とに、わたしが彼らの上に宣告した災を下す。わたしが彼らに語っても聞かず、彼らを呼んでも答えなかったからである」。
“Ɛno enti, yei ne deɛ Asafo Awurade Onyankopɔn, Israel Onyankopɔn no seɛ: ‘Montie! Mede amanehunu biara a mahyɛ ama Yuda ne obiara a ɔte Yerusalem no bɛba wɔn so. Mekasa kyerɛɛ wɔn, nanso wɔantie, mefrɛɛ wɔn nanso wɔannye so.’”
18 ところでエレミヤはレカブびとの家の人々に言った、「万軍の主、イスラエルの神はこう仰せられる、あなたがたは先祖ヨナダブの命に従い、そのすべての戒めを守り、彼があなたがたに命じた事を行った。
Afei, Yeremia ka kyerɛɛ Rekab abusua no sɛ, “Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn no seɛ: ‘Moayɛ ɔsetie ama mo nana Yehonadab ahyɛdeɛ no, na moadi ne nkyerɛkyerɛ so, na moayɛ biribiara a ɔhyɛɛ mo no.’
19 それゆえ、万軍の主、イスラエルの神はこう言われる、レカブの子ヨナダブには、わたしの前に立つ人がいつまでも欠けることはない」。
Ɛno enti, deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn no seɛ nie: ‘Rekab babarima Yehonadab bɛnya ɔbarima a ɔbɛsom me ɛberɛ biara.’”

< エレミヤ書 35 >