< エレミヤ書 32 >

1 ユダの王ゼデキヤの十年、すなわちネブカデレザルの十八年に、主の言葉がエレミヤに臨んだ。
Yei ne asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn baa Yeremia hɔ wɔ Yudahene Sedekia adedie afe a ɛtɔ so edu a na ɛyɛ Nebukadnessar adedie afe a ɛtɔ so dunwɔtwe.
2 その時、バビロンの王の軍勢がエルサレムを攻め囲んでいて、預言者エレミヤはユダの王の宮殿にある監視の庭のうちに監禁されていた。
Na Babiloniahene akodɔm aka Yerusalem ahyɛ a na odiyifoɔ Yeremia nso da dua mu wɔ awɛmfoɔ adihɔ a ɛwɔ Yuda ahemfie.
3 ユダの王ゼデキヤが彼を閉じ込めたのであるが、王は言った、「なぜあなたは預言して言うのか、『主はこう仰せられる、見よ、わたしはこの町をバビロンの王の手に渡し、彼はこれを取る。
Na Yudahene Sedekia de no ato afiase na ɔrebisa no sɛ adɛn enti na wohyɛ nkɔm sɛ, “Deɛ Awurade seɛ nie: ‘Mede saa kuropɔn yi rebɛhyɛ Babiloniahene nsa, na wafa no nnommum.
4 またユダの王ゼデキヤはカルデヤびとの手をのがれることなく、かならずバビロンの王の手に渡され、顔と顔を合わせて彼と語り、目と目は相まみえる。
Yudahene Sedekia renya ɛkwan nnwane mfiri Babiloniafoɔ nsam, na ampa ara hyɛ na wɔde no bɛhyɛ Babiloniahene nsa, na ɔne no akasa anim ne anim na ɔde nʼani ahunu no.
5 そして彼はゼデキヤをバビロンに引いていき、ゼデキヤは、わたしが彼を顧みる時まで、そこにいると主は言われる。あなたがたは、カルデヤびとと戦っても勝つことはできない』と」。
Ɔde Sedekia bɛkɔ Babilonia, na ɛhɔ na ɔbɛtena akɔsi sɛ me ne no bɛdi, Awurade na ɔseɛ. Sɛ woko tia Babiloniafoɔ no a worenni nkonim.’”
6 エレミヤは言った、「主の言葉がわたしに臨んで言われる、
Yeremia kaa sɛ, “Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ,
7 『見よ、あなたのおじシャルムの子ハナメルがあなたの所に来て言う、「アナトテにあるわたしの畑を買いなさい。それは、これを買い取り、あがなう権利があなたにあるから」と』。
Wo wɔfa Salum babarima Hanamel rebɛba wo nkyɛn, abɛka sɛ, ‘Tɔ mʼasase a ɛwɔ Anatot no, ɛfiri sɛ woyɛ me busuani nimpɔn na wowɔ ho ɛkwan, na ɛyɛ wʼasɛdeɛ nso sɛ wotɔ.’
8 はたして主の言葉のように、わたしのいとこであるハナメルが監視の庭のうちにいるわたしの所に来て言った、『ベニヤミンの地のアナトテにあるわたしの畑を買ってください。所有するのも、あがなうのも、あなたの権利なのです。買い取ってあなたの物にしてください。これが主の言葉であるのをわたしは知っていました』。
“Na sɛdeɛ Awurade aka no me wɔfa ba Hanamel baa me nkyɛn wɔ awɛmfoɔ adihɔ hɔ bɛkaa sɛ, ‘Tɔ mʼasase a ɛwɔ Anatot wɔ Benyamin mantam mu no. Esiane sɛ wowɔ ho ɛkwan sɛ wogyeɛ na wofa no enti, tɔ na fa.’ “Mehunuu sɛ yei yɛ Awurade asɛm.”
9 そこでわたしは、いとこのハナメルからアナトテにある畑を買い取り、銀十七シケルを量って彼に支払った。
Enti, metɔɔ asase a na ɛwɔ Anatot no firii me wɔfa ba Hanamel nkyɛn na metuaa dwetɛ gram ɔha ne aduɔkron ɛnan maa no.
10 すなわち、わたしはその証書をつくって、これに記名し、それを封印し、証人を立て、はかりをもって銀を量って与えた。
Mede me nsa hyɛɛ adetɔ nwoma no ase, sɔɔ ano wɔ adansefoɔ anim, na mede nsania karii dwetɛ mpɔ no.
11 そしてわたしはその約定をしるして封印した買収証書と、封印のない写しとを取り、
Na mefaa adetɔ nwoma no, deɛ wɔasɔ ano a ɛho nhyehyɛeɛ wɔ mu no, ne deɛ wɔnsɔɔ ano no nso,
12 いとこのハナメルと、買収証書に記名した証人たち、および監視の庭にすわっているすべてのユダヤ人の前で、その証書をマアセヤの子であるネリヤの子バルクに与え、
na mede saa adetɔ nwoma no maa Neria babarima Baruk a, ɔyɛ Maaseia nana no wɔ me wɔfa ba Hanamel, adansefoɔ a wɔde wɔn nsa hyɛɛ adetɔ nwoma no ase ne Yudafoɔ a na wɔwɔ awɛmfoɔ adihɔ hɔ no nyinaa anim.
13 彼らの前で、わたしはバルクに命じて言った、
“Meka kyerɛɛ Baruk wɔ wɔn nyinaa anim sɛ,
14 『万軍の主、イスラエルの神はこう仰せられる、これらの証書すなわち、この買収証書の封印したものと、封印のない写しとを取り、これらを土の器に入れて、長く保存せよ。
‘Deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn no seɛ nie, Fa saa adetɔ so nwoma yi, deɛ wɔasɔ ano ne deɛ wɔnnsɔɔ ano, na fa gu dɔteɛ asuhina mu, sɛdeɛ ɛbɛkyɛre yie.
15 万軍の主、イスラエルの神がこう言われるからである、「この地で人々はまた家と畑とぶどう畑を買うようになる」と』。
Deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn, no seɛ nie: Wɔbɛtotɔ afie, mfuo ne bobe nturo wɔ asase yi so bio.’
16 わたしは買収証書をネリヤの子バルクに渡したあとで主に祈って言った、
“Mede adetɔ nwoma no maa Neria babarima Baruk. Akyire no, mebɔɔ Awurade mpaeɛ sɛ,
17 『ああ主なる神よ、あなたは大いなる力と、伸べた腕をもって天と地をお造りになったのです。あなたのできないことは、ひとつもありません。
“Ao, Otumfoɔ Awurade, wo na wonam wo tumi ne wo basa a woatene muo so abɔ ɔsoro ne asase. Biribiara nyɛ den mma wo.
18 あなたはいつくしみを千万人に施し、また父の罪をそののちの子孫に報いられるのです。あなたは大いなる全能の神でいらせられ、その名は万軍の主と申されます。
Woyi ɔdɔ adi kyerɛ mpempem, nanso wotua agyanom amumuyɛ so ka gu wɔn mma a wɔdi wɔn akyi srɛ so. Ao, Onyankopɔn a woso na wowɔ tumi, wo din ne Asafo Awurade,
19 あなたの計りごとは大きく、また、事を行うのに力があり、あなたの目は人々の歩むすべての道を見て、おのおのの道にしたがい、その行いの実によってこれに報いられます。
wo botaeɛ so, na wo nneyɛeɛ yɛ kɛseɛ. Wʼaniwa hunu nnipa akwan nyinaa; na wotua obiara ka sɛdeɛ nʼabrabɔ ne ne nneyɛeɛ teɛ.
20 あなたは、しるしと、不思議なわざとをエジプトの地に行い、また今日に至るまでイスラエルと全人類のうちに行い、そして今日のように名をあげられました。
Woyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ wɔ Misraim na atoa so de abɛsi ɛnnɛ wɔ Israel ne adasamma nyinaa mu, na wode agye din a ɛwɔ wo de bɛsi ɛnnɛ.
21 あなたは、しるしと、不思議なわざと、強い手と、伸べた腕と、大いなる恐るべき事をもって、あなたの民イスラエルをエジプトの地から導き出し、
Wode nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ, nsa a ɛyɛ den ne abasa a watene mu ne nneɛma ɛyɛ hu yii wo ɔman Israel firii Misraim.
22 この地を彼らに賜わりました。これはあなたが彼らの先祖たちに与えようと誓われた乳と蜜の流れる地です。
Wode asase a wokaa ho ntam sɛ wode bɛma wɔn agyanom no maa wɔn, asase a nufosuo ne ɛwoɔ resene so.
23 こうして彼らは、はいってこれを獲たのですが、あなたの声に聞き従わず、あなたの律法を行わず、すべてあなたがせよと命じられたことをしなかったので、あなたはこの災を彼らの上にお下しになりました。
Wɔba bɛfaeɛ, na wɔtenaa so, nanso wɔantie wo, na wɔanni wo mmara so; wɔanyɛ deɛ wohyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no. Enti wode saa amanehunu yi nyinaa baa wɔn so.
24 見よ、塁が築きあげられたのは、この町を取るためです。つるぎと、ききんと、疫病のために、町はこれを攻めているカルデヤびとの手に渡されます。あなたの言われたようになりましたのは、ごらんのとおりであります。
“Hwɛ sɛdeɛ wɔasisi ntuano mpampim de rebɛgye kuropɔn no. Esiane akofena, ɛkɔm ne ɔyaredɔm enti, wɔde kuropɔn no bɛhyɛ Babiloniafoɔ a wɔreto ahyɛ ne so no nsa. Deɛ wokaeɛ no aba mu sɛdeɛ wohunu no seesei no.
25 主なる神よ、あなたはわたしに言われました、「銀をもって畑を買い、証人を立てよ」と。そうであるのに、町はカルデヤびとの手に渡されています』」。
Na ɛwom sɛ wɔde kuropɔn no bɛhyɛ Babiloniafoɔ nsa deɛ, nanso wo, Ao, Otumfoɔ Awurade, ka kyerɛ me sɛ, ‘Fa dwetɛ tɔ asase na ma adansefoɔ mmra ɛho nhyehyɛeɛ no mu.’”
26 主の言葉がエレミヤに臨んだ、
Ɛna Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ,
27 「見よ、わたしは主である、すべて命ある者の神である。わたしにできない事があろうか。
“Mene Awurade adasamma nyinaa Onyankopɔn. Na biribi yɛ den dodo ma me anaa?
28 それゆえ、主はこう言われる、見よ、わたしはこの町をカルデヤびとと、バビロンの王ネブカデレザルの手に渡す。彼はこれを取る。
Enti, deɛ Awurade seɛ nie: Mede kuropɔn yi rebɛhyɛ Babiloniafoɔ ne Babiloniahene Nebukadnessar nsa, na wɔafa.
29 この町を攻めているカルデヤびとがきて、この町に火をつけて焼き払う。屋根の上で人々が、バアルに香をたき、ほかの神々に酒をそそいで、わたしを怒らせたその家をも彼らは焼く。
Babiloniafoɔ a wɔreto ahyɛ saa kuropɔn yi so no bɛba mu, na wɔato mu ogya; wɔbɛhye no dworobɛɛ, ɛno ne afie a nnipa hyee nnuhwam wɔ atifi maa Baal na wɔhwiee afɔrebɔ nsã maa anyame foforɔ de hyɛɛ me abufuo.
30 それは、イスラエルの人々とユダの人々とは、その若い時から、わたしの前に悪いことのみを行い、またイスラエルの民はその手のわざをもって、わたしを怒らせることばかりをしたからであると主は言われる。
“Israelfoɔ ne Yudafoɔ nyɛɛ biribiara sɛ bɔne wɔ mʼani so, ɛfiri wɔn mmabunu berɛ mu; ampa ara Israelfoɔ nnyɛɛ biribiara sɛ wɔde nneɛma a wɔde wɔn nsa ayɛ bɛhyɛ me abufuo, Awurade na ɔseɛ.
31 この町はそれが建った日からきょうまで、わたしの怒りと憤りとをひき起してきたので、わたしの前からこれを除き去るのである。
Ɛfiri da a wɔkyekyeree saa kuropɔn yi de bɛsi ɛnnɛ, wahyɛ me abufuo ne abufutrasoɔ a ɛsɛ sɛ anka meyi no firi mʼani so.
32 それは、イスラエルの民とユダの民とが、もろもろの悪を行って、わたしを怒らせたことによるのである。彼らの王たちと、そのつかさたち、祭司たち、預言者たち、またユダの人々とエルサレムの住民たちが皆そうである。
Israelfoɔ ne Yudafoɔ de bɔne a wɔayɛ nyinaa ahyɛ me abufuo, wɔn, wɔn ahemfo ne adwumayɛfoɔ, wɔn asɔfoɔ ne adiyifoɔ, mmarima a wɔwɔ Yuda ne nnipa a wɔwɔ Yerusalem.
33 彼らはその背中をわたしに向けて顔をわたしに向けず、わたしがたゆまず教えたにもかかわらず、彼らは教を聞かず、またうけないのである。
Wɔdanee wɔn akyi kyerɛɛ me; ɛwom, mekyerɛkyerɛ wɔn ɛberɛ biara deɛ, nanso wɔantie na wɔammfa ntenesoɔ.
34 彼らは憎むべき物を、わが名をもって呼ばれている家にすえつけて、そこを汚し、
Wɔasisi ahoni a ɛyɛ akyiwadeɛ wɔ efie a me Din da so no mu, de guu ho fi.
35 またベンヒンノムの谷にバアルの高き所を築いて、むすこ娘をモレクにささげた。わたしは彼らにこのようなことを命じたことはなく、また彼らがこの憎むべきことを行って、ユダに罪を犯させようとは考えもしなかった。
Wɔsisii sorɔnsorɔmmea maa Baal wɔ Ben Hinom bɔnhwa mu, de wɔn mmammarima ne mmammaa bɔɔ afɔdeɛ maa Molek, wɔ ɛberɛ a menhyɛɛ wɔn na ɛmmaa mʼadwene mu da sɛ wɔnyɛ saa akyiwadeɛ yi mma Yuda nyɛ bɔne.
36 それゆえ今イスラエルの神、主は、この町、すなわちあなたがたが、『つるぎと、ききんと、疫病のためにバビロンの王の手に渡される』といっている町についてこう仰せられる、
“Woreka wɔ kuropɔn yi ho sɛ, ‘Wɔnam akofena, ɛkɔm ne ɔyaredɔm so de bɛhyɛ Babiloniahene nsa’; nanso yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ:
37 見よ、わたしは、わたしの怒りと憤りと大いなる怒りをもって、彼らを追いやったもろもろの国から彼らを集め、この所へ導きかえって、安らかに住まわせる。
Ampa ara mɛboaboa wɔn ano afiri nsase a mefiri mʼabufuhyeɛ mu pamoo wɔn kɔguiɛ hɔ; mɛsane de wɔn aba ha na mama wɔatena ase ahotɔ mu.
38 そして彼らはわたしの民となり、わたしは彼らの神となる。
Wɔbɛyɛ me nkurɔfoɔ, na mayɛ wɔn Onyankopɔn.
39 わたしは彼らに一つの心と一つの道を与えて常にわたしを恐れさせる。これは彼らが彼ら自身とその後の子孫の幸を得るためである。
Na mɛma wɔn akoma korɔ na wɔayɛ wɔn adeɛ abɔ mu, sɛdeɛ, ɛberɛ biara wɔbɛsuro me wɔn ankasa ne wɔn nkyirimma yiedie enti.
40 わたしは彼らと永遠の契約を立てて、彼らを見捨てずに恵みを施すことを誓い、またわたしを恐れる恐れを彼らの心に置いて、わたしを離れることのないようにしよう。
Na me ne wɔn bɛyɛ daapem apam: Merennyae wɔn yieyɛ da, na mede ɔpɛ bɛhyɛ wɔn akoma mu, ama wɔn asuro me, sɛdeɛ wɔrentwe wɔn ho mfiri me ho da.
41 わたしは彼らに恵みを施すことを喜びとし、心をつくし、精神をつくし、真実をもって彼らをこの地に植える。
Mʼani bɛgye sɛ mɛyɛ wɔn yie, na ampa ara mede mʼakoma ne me kra nyinaa bɛdua wɔn wɔ asase yi so.
42 主はこう仰せられる、わたしがこのもろもろの大きな災をこの民に下したように、わたしが彼らに約束するもろもろの幸を彼らの上に下す。
“Yei ne deɛ Awurade seɛ: Sɛdeɛ mede amanehunu kɛseɛ yi nyinaa aba nkurɔfoɔ yi so no, saa ara na mede yiedie a mahyɛ wɔn ho bɔ no bɛma wɔn.
43 人々はこの地に畑を買うようになる。あなたがたが、『それは荒れて人も獣もいなくなり、カルデヤびとの手に渡されてしまう』といっている地である。
Wɔbɛtotɔ nsase bio wɔ ha, deɛ moka wɔ ho sɛ, ‘Wɔde ahyɛ Babiloniafoɔ nsa, ɛno enti ada mpan, na nnipa anaa mmoa nni so.’
44 人々はベニヤミンの地と、エルサレムの周囲と、ユダの町々と、山地の町々と、平地の町々と、ネゲブの町々で、銀をもって畑を買い、証書をつくって、これに記名し封印し、また証人を立てる。それは、わたしが彼らを再び栄えさせるからであると主は言われる」。
Wɔde dwetɛ bɛtotɔ nsase, na wɔbɛyɛ adetɔ nwoma wɔ so. Wɔbɛsɔ ano wɔ adansefoɔ anim wɔ Benyamin mantam, nkuraase a atwa Yerusalem ho ahyia, nkuro a ɛwɔ Yuda, bepɔ so ɔman, atɔeɛ fam mmepɔ ase ne Negeb, ɛfiri sɛ, mɛsane de wɔn ahonyadeɛ ama wɔn, Awurade na ɔseɛ.”

< エレミヤ書 32 >