< エレミヤ書 21 >

1 ゼデキヤ王は、マルキヤの子パシュルと祭司マアセヤの子ゼパニヤを、エレミヤのもとにつかわし、
Asɛm firi Awurade hɔ baa Yeremia nkyɛn ɛberɛ a, ɔhene Sedekia somaa Malkia babarima Pashur ne Maaseia babarima ɔsɔfoɔ Sefania kɔɔ ne nkyɛn. Wɔkaa sɛ,
2 「バビロンの王ネブカデレザルがわれわれを攻めようとしているゆえ、われわれのために主に尋ねてほしい。主はそのもろもろの不思議なわざをもって、われわれを助け、バビロンの王をわれわれから退かせられるかも知れない」と言わせた。その時、主の言葉がエレミヤに臨んだ。
“Bisa Awurade, ma yɛn ɛfiri sɛ Babiloniahene Nebukadnessar ne yɛn rebɛdi ako. Ebia Awurade bɛyɛ anwanwadeɛ ama yɛn, sɛdeɛ ɔyɛɛ mmerɛ bi a atwam no na wafiri yɛn so akɔ.”
3 エレミヤは彼らに答えて言った、「あなたがたはゼデキヤにこのように言いなさい、
Na Yeremia buaa wɔn sɛ, “Monka nkyerɛ Sedekia sɛ,
4 『イスラエルの神、主はこう仰せられる、見よ、あなたがたが、この城壁の外にあって、あなたがたを攻め囲むバビロンの王およびカルデヤびとと戦うとき、わたしはあなたがたの手に持っている武器をとりあげ、これを町の中に集めさせる。
‘Sɛdeɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ nie: Merebɛdane mo nsam akodeɛ atia mo, deɛ mode reko atia Babiloniahene ne Babiloniafoɔ a wɔwɔ ɔfasuo no akyi na wɔatua mo kuropɔn no. Mɛboa wɔn ano wɔ kuropɔn yi mu.
5 わたしは手を伸べ、強い腕をもって、怒り、憤り、激しく怒って、あなたがたを攻める。
Me ara mede nsa a matene ne abasa a ɛyɛ den bɛko atia mo wɔ abufuo, anibereɛ ne abufuhyeɛ mu.
6 わたしはまたこの町に住む人と獣とを撃つ。彼らはみな重い疫病にかかって死ぬ。
Mɛbobɔ wɔn a wɔtete kuropɔn yi mu ahwehwe fam; nnipa ne mmoa nyinaa, na ɔyaredɔm a ɛyɛ hu bɛkunkum wɔn.
7 主は言われる、この後、わたしはユダの王ゼデキヤとその家来たち、および疫病と、つるぎと、ききんを免れて、この町に残っている民を、バビロンの王ネブカデレザルの手と、その敵の手、およびその命を求める者の手に渡す。バビロンの王はつるぎの刃にかけて彼らを撃ち、彼らを惜しまず、顧みず、またあわれむこともしない』。
Ɛno akyi, Awurade asɛm nie, mede Yudahene Sedekia, nʼadwumayɛfoɔ ne nnipa a wɔwɔ kuropɔn yi mu a ɔyaredɔm, akofena ne ɛkɔm ankunkum wɔn no bɛma Babiloniahene Nebukadnessar ne wɔn atamfoɔ wɔrepɛ wɔn nkwa no. Ɔde akofena bɛkunkum wɔn; ɔrenhunu wɔn mmɔbɔ na ɔrennya ayamhyehyeɛ mma wɔn.’
8 あなたはまたこの民に言いなさい、『主はこう仰せられる、見よ、わたしは命の道と死の道とをあなたがたの前に置く。
“Ɛbio, ka kyerɛ nnipa no sɛ, ‘Yei ne deɛ Awurade seɛ: Hwɛ mede nkwa ɛkwan ne owuo ɛkwan resi mo anim.
9 この町にとどまる者は、つるぎと、ききんと、疫病とで死ぬ。しかし、出て行って、あなたがたを攻め囲んでいるカルデヤびとに降伏する者は死を免れ、その命は自分のぶんどり物となる。
Obiara a ɔte saa kuropɔn yi mu bɛwu wɔ akofena anaa ɛkɔm anaa ɔyaredɔm ano. Nanso obiara ɔbɛpue na ɔde ne ho akɔma Babiloniafoɔ a wɔabɛtua mo kuropɔn yi no, bɛfa ne ho adi.
10 主は言われる、わたしがこの町に顔を向けたのは幸を与えるためではなく、災を与えるためである。この町はバビロンの王の手に渡される。彼は火をもって、これを焼き払う』。
Mawe ahinam sɛ, mɛyɛ kuropɔn yi bɔne na ɛnyɛ papa, Awurade na ɔseɛ. Wɔde bɛhyɛ Babiloniahene nsa, na ɔde ogya bɛhye no.’
11 またユダの王の家に言いなさい、『主の言葉を聞きなさい。
“Deɛ ɛka ho ne sɛ, ka kyerɛ Yuda adehyefie sɛ, ‘Montie Awurade asɛm;
12 ダビデの家よ、主はこう仰せられる、朝ごとに、正しいさばきを行い、物を奪われた人をしえたげる者の手から救え。そうしないと、あなたがたの悪い行いのために、わたしの怒りは火のように燃えて、それを消すことはできない』」。
Ao Dawid efie, sei na Awurade seɛ: “‘Mommu atɛntenenee anɔpa biara; monnye deɛ wɔabɔ no korɔno no mfiri ne nhyɛsofoɔ nsam, anyɛ saa a mʼabufuhyeɛ bɛsɔre na ahye sɛ ogya ɛsiane bɔne a moayɛ enti, ɛbɛhye a obiara rennum no.
13 「主は言われる、谷に住む者よ、平原の岩よ、見よ、わたしはあなたに敵する。あなたがたは言う、『だれが下ってきて、われわれを攻めるものか、だれがわれわれのいる所に、はいるものか』と。
Me ne mo anya, Yerusalem Mo a mote bɔnhwa yi atifi abotan asaseta soɔ, Awurade na ɔseɛ, mo a moka sɛ, “Hwan na ɔbɛtumi ako atia yɛn? Hwan na ɔbɛtumi ahyɛne yɛn hintabea?”
14 わたしはあなたがたを、その行いの実によって罰する。またその林に火をつけて、その周囲のものをみな焼き尽すと、主は言われる」。
Mɛtwe mo aso sɛdeɛ ɛfata mo nneyɛɛ, Awurade na ɔseɛ. Mɛto mo kwaeɛ mu ogya, a ɛbɛhye biribiara a atwa mo ho ahyia.’”

< エレミヤ書 21 >