< エレミヤ書 20 >

1 さて祭司インメルの子で、主の宮のつかさの長であったパシュルは、エレミヤがこれらの事を預言するのを聞いた。
Ɛberɛ a Imer a ɔyɛ Awurade asɔredan mu adwumayɛfoɔ so panin babarima ɔsɔfoɔ Pashur tee sɛ Yeremia rehyɛ nkɔm fa saa nneɛma yi ho no,
2 そしてパシュルは預言者エレミヤを打ち、主の宮にある上のベニヤミンの門の足かせにつないだ。
ɔmaa wɔboroo Yeremia, na wɔbɔɔ no dua mu wɔ Benyamin Atifi Ɛpono a ɛwɔ Awurade asɔredan no mu hɔ.
3 その翌日パシュルがエレミヤを足かせから解き放した時、エレミヤは彼に言った、「主はあなたの名をパシュルとは呼ばないで、『恐れが周囲にある』と呼ばれる。
Adeɛ kyeeɛ a, Pashur sanee no no, Yeremia ka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade din a ɔde ama wo no nyɛ Pashur na mmom Magormisabib.
4 主はこう仰せられる、見よ、わたしはあなたを、あなた自身とあなたのすべての友だちに恐れを起させる者とする。彼らはあなたが見ている目の前で敵のつるぎに倒れる。わたしはまたユダのすべての民をバビロン王の手に渡す。彼は彼らを捕えてバビロンに移し、つるぎをもって殺す。
Na sei na Awurade seɛ: ‘Mɛma wo ho ayɛ hu ama wʼankasa ne wo nnamfonom nyinaa, wʼankasa de wʼani bɛhunu sɛ wɔtotɔ wɔ wɔn atamfoɔ akofena ano. Mede Yuda nyinaa bɛma Babiloniahene na wasoa wɔn akɔ Babilonia anaasɛ ɔde akofena bɛkunkum wɔn.
5 わたしはまたこの町のすべての富と、その獲たすべての物と、そのすべての貴重な物と、ユダの王たちのすべての宝物をその敵の手に渡す。彼らはこれをかすめ、民を捕えてバビロンに移す。
Mede kuropɔn yi ahodeɛ nyinaa bɛma wɔn atamfoɔ; nʼadwumayɛ so aba, ne nneɛma a ɛsom bo ne Yuda ahemfo akoradeɛ nyinaa. Wɔbɛfa no sɛ afodeɛ akɔ Babilonia.
6 パシュルよ、あなたと、あなたの家に住む者とはみな捕え移される。あなたはバビロンに行って、その所で死に、その所に葬られる。あなたも、あなたが偽って預言した言葉に聞き従った友もみなそのようになる」。
Na wo Pashur, ne wo fiefoɔ nyinaa bɛkɔ nnommumfa mu wɔ Babilonia. Ɛhɔ na wo ne wo nnamfonom a wohyɛɛ wɔn nkɔmtorɔ no nyinaa bɛwuwu na wɔasie mo.’”
7 主よ、あなたがわたしを欺かれたので、わたしはその欺きに従いました。あなたはわたしよりも強いので、わたしを説き伏せられたのです。わたしは一日中、物笑いとなり、人はみなわたしをあざけります。
Ao, Awurade, woadaadaa me; na mapene so ama woadaadaa. Wɔtwee me da mu nyinaa; na obiara sere me.
8 それは、わたしが語り、呼ばわるごとに、「暴虐、滅亡」と叫ぶからです。主の言葉が一日中、わが身のはずかしめと、あざけりになるからです。
Ɛberɛ biara a mɛkasa no, meteam pae mu ka akakabensɛm ne ɔsɛeɛ. Enti Awurade asɛm de ahohora ne nsopa abrɛ me da mu nyinaa.
9 もしわたしが、「主のことは、重ねて言わない、このうえその名によって語る事はしない」と言えば、主の言葉がわたしの心にあって、燃える火のわが骨のうちに閉じこめられているようで、それを押えるのに疲れはてて、耐えることができません。
Sɛ meka sɛ, “Meremmɔ ne din anaa merenkasa wɔ ne din mu” a, nʼasɛm te sɛ ogya wɔ mʼakoma mu, ogya a wɔde ahyɛ me nnompe mu. Mede ahyɛ me mu abrɛ nokorɛm, merentumi.
10 多くの人のささやくのを聞くからです。恐れが四方にあります。「告発せよ。さあ、彼を告発しよう」と言って、わが親しい友は皆わたしのつまずくのを、うかがっています。また、「彼は欺かれるだろう。そのとき、われわれは彼に勝って、あだを返すことができる」と言います。
Mete asomusɛm bebree sɛ, “Ehu wɔ baabiara! Montoa no! Momma yɛnkɔtoa no!” Me nnamfonom nyinaa retwɛn sɛ mɛwatiri, na wɔka sɛ, “Ebia wɔbɛdaadaa no; na yɛatumi atɔ ne so were.”
11 しかし主は強い勇士のようにわたしと共におられる。それゆえ、わたしに迫りくる者はつまずき、わたしに打ち勝つことはできない。彼らは、なし遂げることができなくて、大いに恥をかく。その恥は、いつまでも忘れられることはない。
Nanso, Awurade ka me ho sɛ dɔmmarima; enti mʼataafoɔ bɛsuntisunti na wɔrentumi nnyina. Wɔbɛdi nkoguo na wɔn anim bɛgu ase pasaa; wɔn werɛ remfiri wɔn nsopa no da.
12 正しき者を試み、人の心と思いを見られる万軍の主よ、あなたが彼らに、あだを返されるのを見せてください。わたしはあなたに、わたしの訴えをお任せしたからです。
Ao, Asafo Awurade! Wo a wɔsɔ ɔteneneeni hwɛ na wopɛɛpɛɛ akoma ne adwene mu, ma menhunu wʼaweretɔ wɔ wɔn so, ɛfiri sɛ mede mʼasɛm dane wo.
13 主に向かって歌い、主をほめたたえよ。主は貧しい者の命を、悪人の手から救われたからである。
Monto dwom mma Awurade! Monyi Awurade ayɛ! Ɔgye ohiani nkwa firi amumuyɛfoɔ nsam.
14 わたしの生れた日はのろわれよ。母がわたしを産んだ日は祝福を受けるな。
Nnome nka da a wɔwoo me! Nhyira mpare ɛda a me maame woo me.
15 わたしの父に「男の子が、生れました」と告げて、彼を大いに喜ばせた人は、のろわれよ。
Nnome nka onipa a ɔbɛbɔɔ mʼagya kaseɛ, deɛ ɔmaa nʼani gyeeɛ, na ɔkaa sɛ, “Wɔawo ɔbabarima ama wo!”
16 その人は、主のあわれみを受けることなく、滅ぼされた町のようになれ。朝には、彼に叫びを聞かせ、昼には戦いの声を聞かせよ。
Ma saa onipa no nyɛ sɛ nkuro a Awurade tuguiɛ a wannya ahummɔborɔ no. Ma ɔnte osu anɔpa, ne ɔko owigyinaeɛ.
17 彼がわたしを胎内で殺さず、わが母をわたしの墓場となさず、その胎をいつまでも大きくしなかったからである。
Ɛfiri sɛ, wankum me wɔ awotwaa mu amma me maame anyɛ damena amma me.
18 なにゆえにわたしは胎内を出てきて、悩みと悲しみに会い、恥を受けて一生を過ごすのか。
Adɛn koraa na mefirii awotwaa mu pueɛ bɛhunuu ɔhaw ne awerɛhoɔ na mede aniwuo rebɛwie me nkwa nna yi?

< エレミヤ書 20 >