< ヤコブの手紙 2 >

1 わたしの兄弟たちよ。わたしたちの栄光の主イエス・キリストへの信仰を守るのに、分け隔てをしてはならない。
Me nuanom, sɛ moyɛ agyidifo wɔ Awurade Kristo anuonyam mu yi, monnyɛ nhwɛanim.
2 たとえば、あなたがたの会堂に、金の指輪をはめ、りっぱな着物を着た人がはいって来ると同時に、みすぼらしい着物を着た貧しい人がはいってきたとする。
Sɛ muhyia a, ɔdefo a ɔhyɛ mpɛtea ne ntade pa ne ohiani bi nso a ɔhyɛ ntadegow nyinaa tumi ba bi.
3 その際、りっぱな着物を着た人に対しては、うやうやしく「どうぞ、こちらの良い席にお掛け下さい」と言い、貧しい人には、「あなたは、そこに立っていなさい。それとも、わたしの足もとにすわっているがよい」と言ったとしたら、
Sɛ wode nidi ma nea wasiesie ne ho yiye no, na woka kyerɛ no se, “Tena saa akongua pa yi so,” na woka kyerɛ ohiani no nso se, “Sɔre gyina hɔ anaa tena fam wɔ me nan ase ha” a,
4 あなたがたは、自分たちの間で差別立てをし、よからぬ考えで人をさばく者になったわけではないか。
wudi fɔ sɛ wugyina atemmu a efi adwemmɔne mu de nyiyimu abɛto mo mu no ho.
5 愛する兄弟たちよ。よく聞きなさい。神は、この世の貧しい人たちを選んで信仰に富ませ、神を愛する者たちに約束された御国の相続者とされたではないか。
Me nuanom adɔfo, muntie! Onyankopɔn yii wiase yi mu ahiafo sɛ wɔnyɛ adefo wɔ gyidi mu na wɔanya ahenni a ɔhyɛɛ wɔn a wɔdɔ no no ho bɔ no.
6 しかるに、あなたがたは貧しい人をはずかしめたのである。あなたがたをしいたげ、裁判所に引きずり込むのは、富んでいる者たちではないか。
Nanso moammu ahiafo! Ɛhefo na wodi mo nya twe mo kɔ atemmufo anim? Adefo!
7 あなたがたに対して唱えられた尊い御名を汚すのは、実に彼らではないか。
Wɔne nnipa a wɔkasa tia din pa a wɔde ama mo no.
8 しかし、もしあなたがたが、「自分を愛するように、あなたの隣り人を愛せよ」という聖書の言葉に従って、このきわめて尊い律法を守るならば、それは良いことである。
Eye sɛ mudi yɛn Awurade mmara a ɛka se, “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho” no so.
9 しかし、もし分け隔てをするならば、あなたがたは罪を犯すことになり、律法によって違反者として宣告される。
Na sɛ mohwɛ nnipa anim de gye wɔn a, mudi ho fɔ na mmara no di tia mo sɛ mmaratofo.
10 なぜなら、律法をことごとく守ったとしても、その一つの点にでも落ち度があれば、全体を犯したことになるからである。
Obiara a obu mmara no mu baako pɛ so no bu ne nyinaa so.
11 たとえば、「姦淫するな」と言われたかたは、また「殺すな」とも仰せになった。そこで、たとい姦淫はしなくても、人殺しをすれば、律法の違反者になったことになる。
Efisɛ nea ɔkae se, “Nsɛe aware” no, ɔno ara nso na ɔkae se, “Nni awu.” Na sɛ woansɛe aware na wudi awu a, woabu mmara so.
12 だから、自由の律法によってさばかるべき者らしく語り、かつ行いなさい。
Sɛ woyɛ Kristo apɛde o, sɛ woanyɛ nʼapɛde o, wubebu wo ho atɛn. Enti hwɛ asɛm a woka ne nea woyɛ biara yiye.
13 あわれみを行わなかった者に対しては、仮借のないさばきが下される。あわれみは、さばきにうち勝つ。
Efisɛ obi a wanhu mmɔbɔ no, Onyankopɔn atemmu mu no, wɔrenhu no mmɔbɔ. Nanso mmɔborɔhunu bunkam atemmu so.
14 わたしの兄弟たちよ。ある人が自分には信仰があると称していても、もし行いがなかったら、なんの役に立つか。その信仰は彼を救うことができるか。
Me nuanom, sɛ obi ka se, “Mewɔ gyidi” na onni gyidi no ho dwuma a, mfaso bɛn na ɛwɔ so? Saa gyidi no betumi agye no nkwa ana?
15 ある兄弟または姉妹が裸でいて、その日の食物にもこと欠いている場合、
Sɛ anuanom bi wɔ hɔ a ntama ho hia wɔn na wonni aduan dodow nso a wobedi,
16 あなたがたのうち、だれかが、「安らかに行きなさい。暖まって、食べ飽きなさい」と言うだけで、そのからだに必要なものを何ひとつ与えなかったとしたら、なんの役に立つか。
na sɛ wokɔka kyerɛ wɔn se, “Onyame nhyira mo! Mo ho nyɛ mo hyew na munnidi yiye” na sɛ woamma wɔn asetena yi mu nea ehia wɔn a, papa bɛn na woayɛ wɔn?
17 信仰も、それと同様に、行いを伴わなければ、それだけでは死んだものである。
Saa ara na gyidi te. Sɛ nneyɛe nka ho a, na awu.
18 しかし、「ある人には信仰があり、またほかの人には行いがある」と言う者があろう。それなら、行いのないあなたの信仰なるものを見せてほしい。そうしたら、わたしの行いによって信仰を見せてあげよう。
Nanso obi betumi aka se, “Obi wɔ gyidi na afoforo nso wɔ nneyɛe.” Me mmuae ne sɛ, “Kyerɛ me sɛnea obi tumi nya gyidi a nneyɛe mmata ho ase. Me de, menam me nneyɛe so bɛkyerɛ wo me gyidi.”
19 あなたは、神はただひとりであると信じているのか。それは結構である。悪霊どもでさえ、信じておののいている。
Wugye di sɛ Onyankopɔn baako pɛ na ɔwɔ hɔ? Eye! Ahonhommɔne nso gye di saa ara na wɔn ho popo wɔ osuro mu.
20 ああ、愚かな人よ。行いを伴わない信仰のむなしいことを知りたいのか。
Ɔkwasea! Wopɛ sɛ wɔka kyerɛ wo sɛ gyidi a nneyɛe mmata ho no so nni mfaso ana?
21 わたしたちの父祖アブラハムは、その子イサクを祭壇にささげた時、行いによって義とされたのではなかったか。
Ɛyɛɛ dɛn na Onyankopɔn buu Abraham bem? Ɛnam ne nneyɛe so sɛ ɔde ne ba Isak maa wɔ afɔremuka so no.
22 あなたが知っているとおり、彼においては、信仰が行いと共に働き、その行いによって信仰が全うされ、
Wuhu sɛ ne gyidi ne ne nneyɛe nyinaa redi dwuma na ne nneyɛe no maa ne gyidi no dii mu.
23 こうして、「アブラハムは神を信じた。それによって、彼は義と認められた」という聖書の言葉が成就し、そして、彼は「神の友」と唱えられたのである。
Na Kyerɛwsɛm no baa mu se, Abraham gyee Onyankopɔn dii na esiane ne gyidi no nti, Onyankopɔn gyee no sɛ ɔtreneeni. Enti wɔfrɛ Abraham Onyankopɔn adamfo.
24 これでわかるように、人が義とされるのは、行いによるのであって、信仰だけによるのではない。
Eyi da no adi pefee sɛ Onyankopɔn nam onipa nneyɛe so na obu no bem, na ɛnnam ne gyidi nko so.
25 同じように、かの遊女ラハブでさえも、使者たちをもてなし、彼らを別な道から送り出した時、行いによって義とされたではないか。
Saa ara na ɛte wɔ aguaman Rahab ho. Ne nneyɛe maa Onyankopɔn buu no bem, efisɛ ogyee Yudafo bi a wɔsomaa wɔn, boaa wɔn ma woguan faa ɔkwan foforo bi so.
26 霊魂のないからだが死んだものであると同様に、行いのない信仰も死んだものなのである。
Sɛnea onipadua a honhom nni mu awu no, saa ara nso na gyidi a nneyɛe mmata ho no nso awu.

< ヤコブの手紙 2 >