< イザヤ書 44 >

1 しかし、わがしもべヤコブよ、わたしが選んだイスラエルよ、いま聞け。
“Na, afei, Ao Yakob me ɔsomfoɔ, Israel, deɛ mapa no.
2 あなたを造り、あなたを胎内に形造り、あなたを助ける主はこう言われる、『わがしもべヤコブよ、わたしが選んだエシュルンよ、恐れるな。
Sei na Awurade seɛ, deɛ ɔnwonoo wo, na ɔyɛɛ wo wɔ awotwaa mu, ɔno na ɔbɛboa wo: Nsuro, Ao Yakob, me ɔsomfoɔ, Yeshurun, a mapa noɔ.
3 わたしは、かわいた地に水を注ぎ、干からびた地に流れをそそぎ、わが霊をあなたの子らにそそぎ、わが恵みをあなたの子孫に与えるからである。
Na mɛhwie nsuo agu asase a awo no so, ne asutene wɔ asase kesee so; mɛhwie me Honhom agu wo mma so, ne me nhyira agu wʼasefoɔ so.
4 こうして、彼らは水の中の草のように、流れのほとりの柳のように、生え育つ。
Wɔbɛfifiri sɛdeɛ ɛserɛ fifiri wɔ mmoa adidibea, te sɛ mpampuro a ɛwɔ asutene ho.
5 ある人は「わたしは主のものである」と言い、ある人はヤコブの名をもって自分を呼び、またある人は「主のものである」と手にしるして、イスラエルの名をもって自分を呼ぶ』」。
Obi bɛka sɛ, ‘Meyɛ Awurade dea’; ɔfoforɔ bɛfrɛ ne ho sɛ Yakob; bio ɔfoforɔ bɛtwerɛ ne nsa ho sɛ, ‘Awurade dea,’ na wafa edin Israel.
6 主、イスラエルの王、イスラエルをあがなう者、万軍の主はこう言われる、「わたしは初めであり、わたしは終りである。わたしのほかに神はない。
“Sei na Awurade Israelhene ne Ɔgyefoɔ, Asafo Awurade seɛ: Mene Ahyɛaseɛ ne Awieeɛ; Onyankopɔn biara nni hɔ sɛ me.
7 だれかわたしに等しい者があるか。その者はそれを示し、またそれを告げ、わが前に言いつらねよ。だれが、昔から、きたるべき事を聞かせたか。その者はやがて成るべき事をわれわれに告げよ。
Hwan na ɔne me sɛ? Ma ɔmpae mu nka. Ma ɔnka na ɔnkyerɛ wɔ mʼanim deɛ asisi firi ɛberɛ a megyee me tete nkurɔfoɔ sii hɔ, ne deɛ ɛrebɛba, aane, ma ɔnhyɛ deɛ ɛreba ho nkɔm.
8 恐れてはならない、またおののいてはならない。わたしはこの事を昔から、あなたがたに聞かせなかったか、また告げなかったか。あなたがたはわが証人である。わたしのほかに神があるか。わたしのほかに岩はない。わたしはそのあることを知らない」。
Mommma mo ho mpopo, monnsuro. Mampae mu anka yei, manna no adi teteete anaa? Mone mʼadansefoɔ. Onyankopɔn foforɔ bi ka me ho anaa? Dabi, Ɔbotan foforɔ bi nni hɔ; mennim obiara.”
9 偶像を造る者は皆むなしく、彼らの喜ぶところのものは、なんの役にも立たない。その信者は見ることもなく、また知ることもない。ゆえに彼らは恥を受ける。
Wɔn a wɔyɛ ahoni nyinaa nka hwee, na nneɛma a ɛsom wɔn bo no ho nni mfasoɔ. Wɔn a anka wɔkasa ma wɔn no ani afira; wɔnnim wɔn ankasa animguaseɛ ho hwee.
10 だれが神を造り、またなんの役にも立たない偶像を鋳たか。
Hwan na ɔsene onyame na ɔgu ohoni, a ne ho mma no mfasoɔ biara?
11 見よ、その仲間は皆恥を受ける。その細工人らは人間にすぎない。彼らが皆集まって立つとき、恐れて共に恥じる。
Ɔno ne wɔn a wɔte sɛ no nyinaa anim bɛgu ase; adwumfoɔ nyɛ hwee sɛ nnipa. Momma wɔn nyinaa mmɔ mu nsɔre nnyina, ehu ne animguaseɛ na ɛbɛka wɔn.
12 鉄の細工人はこれを造るのに炭の火をもって細工し、鎚をもってこれを造り、強い腕をもってこれを鍛える。彼が飢えれば力は衰え、水を飲まなければ疲れはてる。
Ɔtomfoɔ fa nʼatondadeɛ ɔde hyehyɛ egyasramma mu; ɔde asaeɛ bobɔ so yɛ no ohoni, ɔde nʼabasamu ahoɔden mmorosoɔ na ɛyɛ; ɛkɔm de no na ɔyɛ mmrɛ; ɔnnom nsuo enti ɔtɔ baha.
13 木の細工人は線を引き、鉛筆でえがき、かんなで削り、コンパスでえがき、それを人の美しい姿にしたがって人の形に造り、家の中に安置する。
Duadwumfoɔ de ahoma susu na ɔde twerɛdua sensane; na ɔde fitiɛ yiyi ho afei ɔde kɔmpase hyɛ no agyiraeɛ. Ɔsene na ɛyɛ sɛ onipa sɛso, ɛyɛ sɛ onipa wɔ nʼanimuonyam nyinaa mu, sɛ wɔde bɛsi abosonnan mu.
14 彼は香柏を切り倒し、あるいはかしの木、あるいはかしわの木を選んで、それを林の木の中で強く育てる。あるいは香柏を植え、雨にそれを育てさせる。
Ɔtwitwaa ntweneduro, anaasɛ ebia ɔfaa kwabɔhɔrɔ anaa odum. Ɔmaa ɛnyiniiɛ wɔ kwaeɛ mu, anaa ɔduaa pepeaa, na osutɔ ma ɛnyiniiɛ.
15 こうして人はその一部をとって、たきぎとし、これをもって身を暖め、またこれを燃やしてパンを焼き、また他の一部を神に造って拝み、刻んだ像に造ってその前にひれ伏す。
Ɛyɛ deɛ onipa de sɔ ogya; ɔde ebi ka ne ho hye, ɔde bi sɔ ogya to burodo. Nanso ɔde ebi sene onyame nso na ɔsɔre no; ɔyɛ ohoni na ɔkoto no.
16 その半ばは火に燃やし、その半ばで肉を煮て食べ、あるいは肉をあぶって食べ飽き、また身を暖めて言う、「ああ、暖まった、熱くなった」と。
Ɔde dua no mu fa sɔ ogya; ɛso na ɔnoa nʼaduane, ɔtoto ne nam wɔ so na wawe amee. Afei ɔka ne ho hye na ɔka sɛ, Aa! Mahunu ogya; me ho ayɛ me hye.
17 そしてその余りをもって神を造って偶像とし、その前にひれ伏して拝み、これに祈って、「あなたはわが神だ、わたしを救え」と言う。
Nkaeɛ no ɔde yɛ onyame, ne honi; ɔkoto no na ɔsɔre no. Ɔbɔ no mpaeɛ sɛ, “Gye me; wone me nyame.”
18 これらの人は知ることがなく、また悟ることがない。その目はふさがれて見ることができず、その心は鈍くなって悟ることができない。
Wonnim hwee, na wɔnte hwee ase; wɔasram wɔn ani so enti wɔnhunu adeɛ, wɔato wɔn adwene mu enti wɔnte hwee ase.
19 その心のうちに思うことをせず、また知識がなく、悟りがないために、「わたしはその半ばを火に燃やし、またその炭火の上でパンを焼き、肉をあぶって食べ、その残りの木をもって憎むべきものを造るのか。木のはしくれの前にひれ伏すのか」と言う者もない。
Obiara nna nnwene ho, obiara nni nimdeɛ anaa nhunumu a ɔde bɛka sɛ, “Mede ɛfa sɔɔ ogya; na mpo metoo burodo wɔ ne gyaframa so; metotoo nam wɔ so weeɛ. Ɛsɛ sɛ mede nkaeɛ no yɛ akyiwadeɛ anaa? Ɛsɛ sɛ mekoto gyentia anaa?”
20 彼は灰を食い、迷った心に惑わされて、おのれを救うことができず、また「わが右の手に偽りがあるではないか」と言わない。
Nsõ na ɔdie, nnaadaa akoma ma no yera kwan; ɔrentumi nye ne ho, anaa ɔrentumi nka sɛ, “Deɛ mekura wɔ me nsa nifa yi nnyɛ atorɔ anaa?”
21 ヤコブよ、イスラエルよ、これらの事を心にとめよ。あなたはわがしもべだから。わたしはあなたを造った、あなたはわがしもべだ。イスラエルよ、わたしはあなたを忘れない。
“Kae saa nneɛma yi, Ao, Yakob, ɛfiri sɛ, woyɛ me ɔsomfoɔ, Ao Israel. Me na meyɛɛ wo, woyɛ me ɔsomfoɔ; Ao Israel, me werɛ remfiri wo.
22 わたしはあなたのとがを雲のように吹き払い、あなたの罪を霧のように消した。わたしに立ち返れ、わたしはあなたをあがなったから。
Mapra wo mfomsoɔ agu te sɛ ɛbɔ ne wo bɔne te sɛ anɔpa bosuo. Sane bra me nkyɛn, ɛfiri sɛ magye wo.”
23 天よ、歌え、主がこの事をなされたから。地の深き所よ、呼ばわれ。もろもろの山よ、林およびその中のもろもろの木よ、声を放って歌え。主はヤコブをあがない、イスラエルのうちに栄光をあらわされたから。
Momfa ahosɛpɛ nto dwom, Ao ɔsorosoro, na Awurade na wayɛ yei. Mommɔ ose, Ao, asase ase. Momma nnwontoɔ so, mo mmepɔ, mo kwaeɛ ne emu nnua nyinaa, na Awurade agye Yakob, wada nʼanimuonyam adi wɔ Israel.
24 あなたをあがない、あなたを胎内に造られた主はこう言われる、「わたしは主である。わたしはよろずの物を造り、ただわたしだけが天をのべ、地をひらき、だれがわたしと共にいたか
“Sei na Awurade seɛ, wo Gyefoɔ a ɔnwonoo wo wɔ awotwaa mu no: “Mene Awurade, deɛ wayɛ nneɛma nyinaa, deɛ ɔno nko ara trɛɛ ɔsoro mu deɛ ɔno nko ara twee asase mu,
25 偽る物のしるしをむなしくし、占う者を狂わせ、賢い者をうしろに退けて、その知識を愚かにする。
deɛ ɔsɛe atorɔ adiyifoɔ nsɛnkyerɛnneɛ na ɔma nkɔmhyɛfoɔ yɛ nkwaseafoɔ; deɛ ɔtutu anyansafoɔ adenim guo na ɔdane no nkwaseasɛm,
26 わたしは、わがしもべの言葉を遂げさせ、わが使の計りごとを成らせ、エルサレムについては、『これは民の住む所となる』と言い、ユダのもろもろの町については、『ふたたび建てられる、わたしはその荒れ跡を興そう』と言い、
deɛ ɔma nʼasomfoɔ nsɛm ba mu deɛ ɔhyɛ nʼasomafoɔ nkɔmhyɛ no mu ma, “deɛ ɔka fa Yerusalem ho sɛ, ‘Wɔbɛtena ne mu,’ ne Yuda nkuro ho sɛ, ‘Wɔbɛkyekyere,’ ne mmubuiɛ ho sɛ, ‘Mɛyɛ no foforɔ,’
27 また淵については、『かわけ、わたしはあなたのもろもろの川を干す』と言い、
deɛ ɔka kyerɛ nsubunu sɛ, ‘We, na mɛma wo asutene awewe,’
28 またクロスについては、『彼はわが牧者、わが目的をことごとくなし遂げる』と言い、エルサレムについては、『ふたたび建てられる』と言い、神殿については、『あなたの基がすえられる』と言う」。
deɛ ɔka wɔ Kores ho sɛ, ‘Ɔyɛ me dwanhwɛfoɔ na ɔbɛwie deɛ mepɛ nyinaa yɛ; ɔbɛka afa Yerusalem ho sɛ, “Ma wɔnkyekyere bio,” na waka afa asɔredan no ho sɛ, “Ma wɔnto ne fapem.”’”

< イザヤ書 44 >