< イザヤ書 28 >
1 エフライムの酔いどれの誇る冠と、酒におぼれた者の肥えた谷のかしらにあるしぼみゆく花の美しい飾りは、わざわいだ。
Nnome nka nhwiren abotiri a ɛyɛ Efraim asabowfo ahohoahoade no nhwiren a ɛrepa, nʼahoɔfɛ a ɛho wɔ nyam, a ɛda asasebere bon so. Nnome nka kuropɔn no, nea nnipa a nsa asɛe wɔn no de hoahoa wɔn ho no.
2 見よ、主はひとりの力ある強い者を持っておられる。これはひょうをまじえた暴風のように、破り、そこなう暴風雨のように、大水のあふれみなぎる暴風のように、それを激しく地に投げうつ。
Hwɛ, Awurade wɔ obi a ɔwɔ tumi ne ahoɔden. Ɔte sɛ mparuwbo ne mframa a ɛsɛe ade ɔte sɛ osu a ɛne mframa nam, ne osuhweam a ɛhyɛ suka ma ɔbɛtow no ahwe fam ahoɔden so.
3 エフライムの酔いどれの誇る冠は足で踏みにじられる。
Saa nhwiren abotiri no a ɛyɛ Efraim asabowfo ahohoahoade no, wobetiatia so.
4 肥えた谷のかしらにあるしぼみゆく花の美しい飾りは、夏前に熟した初なりのいちじくのようだ。人がこれを見ると、取るやいなや、食べてしまう。
Saa nhwiren a ɛrepa, nʼahoɔfɛ a ɛho wɔ nyam, a ɛda asasebere bon so no, bɛyɛ sɛ borɔdɔma a ɛbere ansa na otwabere adu, sɛ obi hu na ɔte a odi no ntɛm so.
5 その日、万軍の主はその民の残った者のために、栄えの冠となり、麗しい冠となられる。
Saa da no Asafo Awurade bɛyɛ Anuonyam ahenkyɛw, nhwiren abotiri fɛfɛ ama ne nkurɔfo nkae no.
6 また、さばきの席に座する者にはさばきの霊となり、戦いを門まで追い返す者には力となられる。
Ɔbɛyɛ atɛntrenee honhom ama otemmufo a ɔte agua mu. Ɔbɛyɛ ahoɔden farebae ama wɔn a wɔpam atamfo wɔ nkurow apon ano.
7 しかし、これらもまた酒のゆえによろめき、濃き酒のゆえによろける。祭司と預言者とは濃き酒のゆえによろめき、酒のゆえに心みだれ、濃き酒のゆえによろける。彼らは幻を見るときに誤り、さばきを行うときにつまづく。
Na eyinom nso nsa ma wɔtɔ ntintan na bobesa ma wohinhim; bobesa ma asɔfo ne adiyifo tɔ ntintan na nsa ma wɔn ani so yɛ wɔn totɔtotɔ; na wohinhim wɔtɔ ntintan bere a wɔrenya anisoadehu, na wɔn ano fomfom wɔ adwenkyerɛ mu.
Ɔfe agugu apon nyinaa so, na baabiara ayɛ fi.
9 「彼はだれに知識を教えようとするのか。だれにおとずれを説きあかそうとするのか。乳をやめ、乳ぶさを離れた者にするのだろうか。
“Hena na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛ no? Na hena nso na ɔrekyerɛ nʼasɛm ase akyerɛ no? Mmofra a wɔatwa wɔn nufu, wɔn a wotwaa wɔn nufu nkyɛe no ana?
10 それは教訓に教訓、教訓に教訓、規則に規則、規則に規則。ここにも少し、そこにも少し教えるのだ」。
Na ɛyɛ: Yɛ eyi, anaa eyi mmara foforo akyi mmara; ɛha kakra, ɛhɔ kakra.”
11 否、むしろ主は異国のくちびると、異国の舌とをもってこの民に語られる。
Eye, na afei ananafo ano ne kasa foforo na Onyankopɔn de bɛkasa akyerɛ saa nkurɔfo yi,
12 主はさきに彼らに言われた、「これが安息だ、疲れた者に安息を与えよ。これが休息だ」と。しかし彼らは聞こうとはしなかった。
Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Ha ne ahomegyebea no, momma abrɛfo no nhome; ahodwobea nso ni,” nanso wɔantie no.
13 それゆえ、主の言葉は彼らに、教訓に教訓、教訓に教訓、規則に規則、規則に規則、ここにも少し、そこにも少しとなる。これは彼らが行って、うしろに倒れ、破られ、わなにかけられ、捕えられるためである。
Enti afei wɔbɛfa Awurade asɛm a ɔde ma wɔn no sɛ: Yɛ eyi anaa eyi, mmara foforo akyi mmara; ha kakra, hɔ kakra, sɛnea wɔrekɔ no ɛbɛma wɔapini wɔn akyi; wobepirapira, na wɔatɔ afiri mu, na wɔakyere wɔn.
14 それゆえ、エルサレムにあるこの民を治めるあざける人々よ、主の言葉を聞け。
Ɛno nti, muntie Awurade asɛm, mo fɛwdifo a mudi saa nkurɔfo yi so wɔ Yerusalem.
15 あなたがたは言った、「われわれは死と契約をなし、陰府と協定を結んだ。みなぎりあふれる災の過ぎる時にも、それはわれわれに来ない。われわれはうそを避け所となし、偽りをもって身をかくしたからである」。 (Sheol )
Mohoahoa mo ho se, “Yɛne owu ayɛ apam, yɛne ɔda ayɛ nhyehyɛe sɛ asotwe a ano yɛ den ba a, ɛrentumi nka yɛn, efisɛ yɛde atoro ayɛ yɛn guankɔbea ne nnaadaa ayɛ yɛn hintabea.” (Sheol )
16 それゆえ、主なる神はこう言われる、「見よ、わたしはシオンに一つの石をすえて基とした。これは試みを経た石、堅くすえた尊い隅の石である。『信ずる者はあわてることはない』。
Enti nea Otumfo Awurade se ni, “Hwɛ! Mede ɔbo bi retim Sion, ɔbo a wɔasɔ ahwɛ, tweatibo a ɛsom bo ama fapem a ɛyɛ den; nea ɔde ne ho to so no remmɔ hu.
17 わたしは公平を、測りなわとし、正義を、下げ振りとする。ひょうは偽りの避け所を滅ぼし、水は隠れ場を押し倒す」。
Mede atɛntrenee bɛyɛ susuhama na treneeyɛ ayɛ ɔfasu kirebennyɛ susuhama mparuwbo bɛsɛe wo guankɔbea a ɛyɛ atoro no, na nsu abɛkata wo hintabea hɔ.
18 その時あなたがたが死とたてた契約は取り消され、陰府と結んだ協定は行われない。みなぎりあふれる災の過ぎるとき、あなたがたはこれによって打ち倒される。 (Sheol )
Wobetwa apam a wo ne owu ayɛ no mu; nhyehyɛe a wo ne ɔda ayɛ no nso rennyina sɛ asotwe a ano yɛ den no ba a, ebetwiw afa mo so. (Sheol )
19 それが過ぎるごとに、あなたがたを捕える。それは朝な朝な過ぎ、昼も夜も過ぎるからだ。このおとずれを聞きわきまえることは、全くの恐れである。
Mpɛn dodow biara a ɛbɛba no ɛbɛsoa mo akɔ; anɔpa, awia ne anadwo biara, ɛbɛfa mu akɔ.” Saa nkra yi ntease de ehu bɛba.
20 床が短くて身を伸べることができず、かける夜具が狭くて身をおおうことができないからだ。
Mpa no yɛ tia dodo ma sɛ wɔteɛ wɔn mu wɔ so, kuntu no yɛ hiahiaa sɛ ɛbɛso wɔn ho kata.
21 主はペラジム山で立たれたように立ちあがり、ギベオンの谷で憤られたように憤られて、その行いをなされる。その行いは類のないものである。またそのわざをなされる。そのわざは異なったものである。
Awurade bɛsɔre sɛnea ɔsɔree wɔ Perasim bepɔw so no, ɔbɛkanyan ne ho sɛnea ɔyɛɛ wɔ Gibeon Bon mu, yɛɛ nʼadwuma, nʼadwuma nwonwaso no dii ne dwuma, dwumadi a bi mmaa da.
22 それゆえ、あなたがたはあざけってはならない。さもないと、あなたがたのなわめは、きびしくなる。わたしは主なる万軍の神から全地の上に臨む滅びの宣言を聞いたからである。
Afei gyae wo fɛwdi no, anyɛ saa a wo nkɔnsɔnkɔnsɔn mu bɛyɛ duru; Awurade, Asafo Awurade aka akyerɛ me ɔsɛe ho mmaraden a wɔahyɛ atia asase no nyinaa.
23 あなたがたは耳を傾けて、わが声を聞くがよい。心してわが言葉を聞くがよい。
Muntie na monte me nne; monwɛn mo aso na muntie nea meka.
24 種をまくために耕す者は絶えず耕すだろうか。彼は絶えずその地をひらき、まぐわをもって土をならすだろうか。
Sɛ okuafo funtum asase sɛ ɔrebedua so a, ɔyɛ no daa ana? Ɔkɔ so tutu, fɛntɛm asase no ana?
25 地のおもてを平らにしたならば、いのんどをまき、クミンをまき、小麦をうねに植え、大麦を定めた所に植え、スペルト麦をその境に植えないだろうか。
Sɛ osiesie asase no ani a, onnua ɛme, na ɔmpete ntɛtɛ wɔ so ana? Onnua awi ne atoko mu biara wɔ nʼafa ana?
26 これは彼の神が正しく、彼を導き教えられるからである。
Ne Nyankopɔn ma no akwankyerɛ na ɔkyerɛ no ɔkwan pa.
27 いのんどは麦こき板でこかない、クミンはその上に車輪をころがさない。いのんどを打つには棒を用い、クミンを打つにはさおを用いる。
Wɔmfa asae mpo ɛme ho, wɔmfa teaseɛnam hankare mfa ntɛtɛ so; wɔde pema na ɛboro ɛme, na wɔde abaa aboro ntɛtɛ.
28 人はパン用の麦を打つとき砕くだろうか、否、それが砕けるまでいつまでも打つことをしない。馬をもってその上に車輪を引かせるとき、それを砕くことをしない。
Wɔyam aburow de to brodo nti obi nkɔ so nyam a onnwie da. Ɛwɔ mu, ɔde nʼawiporowee teaseɛnam hankare fa so de, nanso ɛnyɛ nʼapɔnkɔ na wɔyam.
29 これもまた万軍の主から出ることである。その計りごとは驚くべく、その知恵はすぐれている。
Eyinom nyinaa fi Asafo Awurade, afotu mu nwonwani, na ne nyansa boro so.