< イザヤ書 17 >

1 ダマスコについての託宣。見よ、ダマスコは町の姿を失って、荒塚となる。
Adehunu a ɛfa Damasko ho: “Hwɛ, Damasko renyɛ kuropɔn bio ɛbɛdane ayɛ mmubuiɛ sie.
2 その町々はとこしえに捨てられ、家畜の群れの住む所となって、伏しやすむが、これを脅かす者はない。
Aroer nkuropɔn bɛdane nkurofon na wɔagya ama nnwankuo ama wɔadeda hɔ, a obiara renyi wɔn hu.
3 エフライムのとりではすたり、ダマスコの主権はやみ、スリヤの残れる者は、イスラエルの子らの栄光のように消えうせると万軍の主は言われる。
Kuropɔn a wɔabɔ ho ban bɛyera wɔ Efraim, adehyetumi nso bɛfiri Damasko; Aram nkaeɛfoɔ bɛyɛ Israelfoɔ animuonyam,” Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
4 その日、ヤコブの栄えは衰え、その肥えたる肉はやせ、
“Ɛda no, Yakob animuonyam bɛpa; na ne mu sradeɛ bɛsa.
5 あたかも刈入れ人がまだ刈らない麦を集め、かいなをもって穂を刈り取ったあとのように、レパイムの谷で穂を拾い集めたあとのようになる。
Ɛbɛyɛ sɛdeɛ otwafoɔ twa aburoo a ɛgyina afuo so na ɔde ne nsa pempan sɛ ɛberɛ a obi redi mpɛpɛwa wɔ Refaim Bɔnhwa mu.
6 オリブの木を打つとき、二つ三つの実をこずえに残し、あるいは四つ五つをみのり多き木の枝に残すように、とり残されるものがあるとイスラエルの神、主は言われる。
Nanso mpɛpɛwa no mu bi bɛka, sɛdeɛ wɔwoso ngo dua a ɛyɛ no; ɛka aba no mmienu anaa mmiɛnsa wɔ atifi mman no so, ne ɛnan anaa enum wɔ mman a ɛsoɔ no so,” sɛdeɛ Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ nie.
7 その日、人々はその造り主を仰ぎのぞみ、イスラエルの聖者に目をとめ、
Saa ɛda no, nnipa de wɔn ani bɛto wɔn Yɛfoɔ so na wɔadane wɔn ani ahwɛ Israel Ɔkronkronni no.
8 おのれの手のわざである祭壇を仰ぎのぞまず、おのれの指が造ったアシラ像と香の祭壇とに目をとめない。
Wɔremfa wɔn ho nto afɔrebukyia a ɛyɛ wɔn nsa ano adwuma no so, na wɔbɛbu Asera afɔrebukyia ne nnuhwan afɔrebukyia a wɔde wɔn nsateaa ayɛ no animtia.
9 その日、彼らの堅固な町々は昔イスラエルの子らのゆえに捨て去られたヒビびとおよびアモリびとの荒れ跡のように荒れ地になる。
Ɛda no, wɔn nkuropɔn a ɛwɔ banbɔ denden a Israelfoɔ enti wɔgyaa hɔ no bɛyɛ sɛ mmeammea a wɔagya ama nnɔtɔ ne wira. Ne nyinaa bɛda mpan.
10 これはあなたがたが自分の救の神を忘れ、自分の避け所なる岩を心にとめなかったからだ。それゆえ、あなたがたは美しい植物を植え、異なる神の切り枝をさし、
Mo werɛ afiri Onyankopɔn, mo Agyenkwa, na monkaee Ɔbotan no, mo aban no. Enti ɛwom sɛ mopɛ nnua papa na modua bobe a moatɔ afiri amanɔne.
11 その植えた日にこれを成長させ、そのまいた朝にこれを花咲かせても、その収穫は悲しみと、いやしがたい苦しみの日にとび去る。
Ɛwom sɛ ɛda a moduaeɛ no, momaa ɛnyiniiɛ anɔpa a moduaeɛ no, na moma ɛguu nhwiren. Nanso otwa no renyɛ hwee sɛ yadeɛ ne ɔyea a wɔntumi nsa.
12 ああ、多くの民はなりどよめく、海のなりどよめくように、彼らはなりどよめく。ああ、もろもろの国はなりとどろく、大水のなりとどろくように、彼らはなりとどろく。
Ao aman dodoɔ no nhurusoɔ, wɔhuruso te sɛ ɛpo a ɛrebɔ asorɔkye! Ao nnipa dodoɔ nworosoɔ, wɔworoso sɛ nsuo akɛseɛ!
13 もろもろの国は多くの水のなりとどろくように、なりとどろく。しかし、神は彼らを懲しめられる。彼らは遠くのがれて、風に吹き去られる山の上のもみがらのように、また暴風にうず巻くちりのように追いやられる。
Ɛwom sɛ nnipa dodoɔ no woro so te sɛ nsuo a ɛresene mmirika so, nanso, Onyankopɔn bɛka wɔn anim ama wɔadwane akɔ akyirikyiri, te sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ gu wɔ bepɔ so te sɛ anweatam so wira a mframa den rebɔ no.
14 夕暮には、見よ、恐れがある。まだ夜の明けないうちに彼らはうせた。これはわれわれをかすめる者の受くべき分、われわれを奪う者の引くべきくじである。
Anwummerɛ, wɔbɔ yɛn hu awerɛfirie mu. Nanso ansa na adeɛ bɛkye no, na wɔkɔ dada! Wɔn a wɔfo yɛn nneɛma, ne wɔn a wɔbɔ yɛn korɔno kyɛfa nie.

< イザヤ書 17 >