< イザヤ書 16 >
1 彼らはセラから荒野の道によって小羊をシオンの娘の山に送り、国のつかさに納めた。
Momfa nguantenmma sɛ sonkahiri nkɔma asase no sodifo, efi Sela fa nweatam no so, kɔka Ɔbabea Sion bepɔw no so.
2 モアブの娘らはアルノンの渡しで、さまよう鳥のように、巣を追われたひなのようである。
Te sɛ nnomaa a wɔaka wɔn afi berebuw mu na wotu nenam wim no saa na Moabfo mmea te wɔ Arnon asutwabea.
3 「相はかって、事を定めよ。真昼の中でも、あなたの陰を夜のようにし、さすらい人を隠し、のがれて来た者をわたさず、
Moab ka se, “Munsi mo adwene pi, monna mo gyinaesi adi. Monyɛ mo sunsuma sɛ anadwo, awia ketee. Momfa aguanfo no nhintaw munnyi atubrafo no mma.
4 モアブのさすらい人を、あなたのうちにやどらせ、彼らの避け所となって、滅ぼす者からのがれさせよ。しえたげる者がなくなり、滅ぼす者が絶え、踏みにじる者が地から断たれたとき、
Momma Moabfo aguanfo no ne mo ntena; monyɛ wɔn bammɔ wɔ ɔsɛefo no ho.” Ɔhyɛsoni no bɛba nʼawie na adesɛe to betwa; opoobɔfo no bɛyera wɔ asase no so.
5 一つの玉座がいつくしみによって堅く立てられ、ダビデの幕屋にあって、さばきをなし、公平を求め、正義を行うに、すみやかなる者が真実をもってその上に座する」。
Ɔdɔ mu na Onyankopɔn besi ahengua bi; ɔbarima bi de nokwaredi bɛtena so, obi a ofi Dawid fi, nea atemmu mu no ɔpɛ atɛntrenee na ɔntwentwɛn adetreneeyɛ ho.
6 われわれはモアブの高ぶりのことを聞いた、その高ぶることは、はなはだしい。われわれはその誇と、高ぶりと、そのおごりとのことを聞いた、その自慢は偽りである。
Yɛate Moab ahantan a ɔyɛ, nʼani a atra ne ntɔn mmoroso, nʼahomaso ne nʼasoɔden nanso hwee nni nʼahomaso no mu.
7 それゆえ、モアブは泣き叫べ、民はみなモアブのために泣き叫べ。全く撃ちのめされて、キルハレセテの干ぶどうのために嘆け。
Enti Moabfo twa adwo, wɔbɔ mu su ma Moab. Wodi awerɛhow na wɔbɔ abubuw, ma Kir Hereset bobe aba ɔfam.
8 ヘシボンの畑と、シブマのぶどうの木とは、しぼみ衰えた。国々のもろもろの主が、その枝を打ち落したからである。その枝はさきにはヤゼルまでいたり、荒野にまではびこり、そのつるは広がって海を越えた。
Hesbon mfuw no hyew, Sibma bobe mfuw nso saa ara. Aman sodifo no atiatia bobe papa no so, nea kan na wɔde kɔ Yaser na ɛtrɛtrɛw kɔ nweatam so no. Wɔn mman trɛtrɛw kɔka mpoano pɛɛ.
9 それゆえ、わたしはヤゼルと共に、シブマのぶどうの木のために泣く。ヘシボンよ、エレアレよ、わたしは涙をもってあなたを浸す。ときの声が、あなたの果実と、あなたの収穫の上にふりかかってきたからである。
Enti misu sɛnea Yaser su, de ma Sibma bobe mfuw. Hesbon ne Eleale, mede misu fɔw mo! Mo aduaba a abere ho ahurusi ne otwabere de no aka.
10 喜びと楽しみとは土肥えた畑から取り去られ、ぶどう畑には歌うことなく、喜び呼ばわることなく、酒ぶねを踏んで酒を絞る者なく、ぶどうの収穫を喜ぶ声はやんだ。
Ahosɛpɛw ne anigye nni mfikyifuw no mu; obiara nto dwom, na ɔnteɛteɛ mu wɔ bobeturo mu; obiara nkyi nsa wɔ nsakyiamoa so, efisɛ mede nteɛteɛmu aba nʼawiei.
11 それゆえ、わが魂はモアブのために、わが心はキルハレスのために、琴のように鳴りひびく。
Misi apini wɔ me koma mu wɔ Moab ho te sɛ sankuten so kwadwom; na me yam hyehye me ma Kir Hereset.
12 モアブが高き所に出て、おのれを疲れさせ、またその聖所にきて祈っても、効果はない。
Sɛ Moab kɔ ne sorɔnsorɔmmea a ɔhaw ne ho kwa; sɛ ɔkɔ nʼabosonnan mu kɔbɔ mpae a, ɛrenkosi hwee.
13 これは主がさきにモアブについて語られたみ言葉である。
Eyi ne asɛm a Awurade aka dedaw afa Moab ho.
14 しかし今、主は語って言われる、「モアブの栄えはその大いなる群衆にもかかわらず、雇人の年期とひとしく三年のうちに、はずかしめを受け、残れる者はまことに少なく、力がない」。
Nanso mprempren Awurade ka se, “Mfe abiɛsa mu, sɛnea akoa a nhyehyɛe kyekyere no no bebu nna no, wobebu Moab anuonyam ne ne nkurɔfo dodow no nyinaa animtiaa, na ne nkae no bɛyɛ kakraa bi a wonni ahoɔden.”