< ホセア書 6 >
1 「さあ、わたしたちは主に帰ろう。主はわたしたちをかき裂かれたが、またいやし、わたしたちを打たれたが、また包んでくださるからだ。
“Mommra, momma yɛnsan nkɔ Awurade nkyɛn. Watetew yɛn mu asinasin nanso ɔbɛsa yɛn yare. Wapirapira yɛn nanso ɔbɛkyekyere yɛn apirakuru.
2 主は、ふつかの後、わたしたちを生かし、三日目にわたしたちを立たせられる。わたしたちはみ前で生きる。
Nnaanu akyi, ɔbɛma yɛanya ahoɔden; nansa so, ɔde yɛn besi yɛn sibea na yɛanya nkwa wɔ nʼanim.
3 わたしたちは主を知ろう、せつに主を知ることを求めよう。主はあしたの光のように必ず現れいで、冬の雨のように、わたしたちに臨み、春の雨のように地を潤される」。
Momma yennye Awurade nto mu; momma yɛnkɔ so nnye no nto mu. Sɛnea owia pue da biara no, obepue; ɔbɛba yɛn nkyɛn te sɛ osu a ɛtɔ awɔwbere mu anaa asusow bere mu su a ɛfɔw asase.”
4 エフライムよ、わたしはあなたに何をしようか。ユダよ、わたしはあなたに何をしようか。あなたがたの愛はあしたの雲のごとく、また、たちまち消える露のようなものである。
“Dɛn na metumi de wo ayɛ, Efraim? Dɛn na metumi de wo ayɛ, Yuda? Mo dɔ te sɛ anɔpa bɔ, ɛte sɛ anɔpa bosu a etu yera.
5 それゆえ、わたしは預言者たちによって彼らを切り倒し、わが口の言葉をもって彼らを殺した。わがさばきは現れ出る光のようだ。
Mede mʼadiyifo twitwaa mo mu asinasin, mede mʼanom nsɛm kunkum mo; mʼatemmu baa mo so sɛ anyinam.
6 わたしはいつくしみを喜び、犠牲を喜ばない。燔祭よりもむしろ神を知ることを喜ぶ。
Mepɛ ahummɔbɔ na ɛnyɛ afɔrebɔ, mepɛ Onyankopɔn ho nimdeɛ sen ɔhyew afɔre.
7 ところが彼らはアダムで契約を破り、かしこでわたしにそむいた。
Wɔabu apam no so sɛnea Adam yɛe. Wɔanni me nokware wɔ hɔ.
8 ギレアデは悪を行う者の町で、血の足跡で満たされている。
Gilead yɛ atirimɔdenfo kuropɔn a mogya anammɔn akeka hɔ.
9 盗賊が人を待ち伏せするように、祭司たちは党を組み、シケムへ行く道で人を殺す。このように彼らは悪しき事を行う。
Sɛnea akwamukafo ka kwan mu no saa ara na asɔfokuw no nso yɛ; wodi awu wɔ Sekem tempɔn so, yɛ nnebɔne a ɛyɛ animguase.
10 わたしはイスラエルの家に恐るべき事を見た。かしこでエフライムは淫行をなし、イスラエルは汚された。
Mahu ahodwiriwde wɔ Israelfi. Ɛhɔ, Efraim kɔ aguamammɔ mu Israel gu ne ho fi.
11 ユダよ、あなたのためにも刈入れが定められている。わたしがわが民の繁栄を回復するとき、
“Na wo Yuda nso, wɔahyɛ otwa bere ama wo. “Bere biara a mede me nkurɔfo siade bɛsan ama wɔn no,