< ホセア書 14 >
1 イスラエルよ、あなたの神、主に帰れ。あなたは自分の不義によって、つまずいたからだ。
Ao Israel, sane wʼakyi kɔ Awurade wo Onyankopɔn nkyɛn. Wʼahweaseɛ firi wo bɔne!
2 あなたがたは言葉を携えて、主に帰って言え、「不義はことごとくゆるして、よきものを受けいれてください。わたしたちは自分のくちびるの実をささげます。
Fa wo nsɛm a wowɔ sane kɔ Awurade nkyɛn. Ka kyerɛ no sɛ, “Fa yɛn bɔne nyinaa kyɛ yɛn, na fa ahummɔborɔ gye yɛn, na yɛatumi ayi wo ayɛ.
3 アッスリヤはわたしたちを助けず、わたしたちは馬に乗りません。わたしたちはもはや自分たちの手のわざに向かって『われわれの神』とは言いません。みなしごはあなたによって、あわれみを得るでしょう」。
Asiria rentumi nnye yɛn; yɛrentena akofoɔ apɔnkɔ so. Yɛrenka bio da sɛ, ‘Yɛn anyame’ nkyerɛ deɛ yɛn ara de yɛn nsa ayɛ, na wo mu na nwisiaa nya ahummɔborɔ.”
4 わたしは彼らのそむきをいやし、喜んでこれを愛する。わたしの怒りは彼らを離れ去ったからである。
“Mɛsa wɔn asobrakyeɛ yadeɛ. Mɛfiri mʼakoma mu adɔ wɔn, ɛfiri sɛ mʼabufuo nni wɔn so bio.
5 わたしはイスラエルに対しては露のようになる。彼はゆりのように花咲き、ポプラのように根を張り、
Mɛyɛ sɛ obosuo ama Israel. Ɔbɛfefɛ ayɛ frɔmm te sɛ sukooko. Te sɛ Lebanon ntweneduro no ɔde ne nhini bɛtim fam;
6 その枝は茂りひろがり、その麗しさはオリブの木のように、そのかんばしさはレバノンのようになる。
ne mman bɛdennan. Nʼahoɔfɛ bɛyɛ sɛ ngo dua, na ne hwa ayɛ sɛ Lebanon ntweneduro.
7 彼らは帰って来て、わが陰に住み、園のように栄え、ぶどうの木のように花咲き、そのかんばしさはレバノンの酒のようになる。
Nnipa bɛtena ne nwunu ase bio. Ɔbɛnyini ayɛ frɔmm te sɛ aburoo. Ɔbɛfefɛ ayɛ frɔmm te sɛ bobe, na ne din a ahyeta bɛyɛ sɛ nsã a ɛfiri Lebanon.
8 エフライムよ、わたしは偶像となんの係わりがあろうか。あなたに答え、あなたを顧みる者はわたしである。わたしは緑のいとすぎのようだ。あなたはわたしから実を得る。
Ao, Efraim ɛdeɛn na me ne ahoni wɔ yɛ bio? Mɛgye no so na mʼani aku ne ho. Mete sɛ dua a nʼahahan mpo; sɛ wobɛso aba a, ɛgyina me so.”
9 知恵のある者はだれか。その人にこれらのことを悟らせよ。悟りある者はだれか。その人にこれらのことを知らせよ。主の道は直く、正しき者はこれを歩む。しかし罪びとはこれにつまずく。
Hwan ne onyansafoɔ? Ɔbɛhunu yeinom mu. Hwan na ɔwɔ nhunumu? Ɔbɛte yeinom ase. Awurade akwan tene. Ateneneefoɔ nante so, nanso asoɔdenfoɔ sunti so.