< 創世記 50 >

1 ヨセフは父の顔に伏して泣き、口づけした。
Yosef tow ne ho hwee nʼagya so suu no, na ofew nʼano.
2 そしてヨセフは彼のしもべである医者たちに、父に薬を塗ることを命じたので、医者たちはイスラエルに薬を塗った。
Ɛno akyi no, Yosef maa ne duruyɛfo bɛhyɛɛ nʼagya Israel akyenkyennuru, sɛnea ɛbɛyɛ a, ɔrensɛe. Enti oduruyɛfo no hyɛɛ no akyenkyennuru.
3 このために四十日を費した。薬を塗るにはこれほどの日数を要するのである。エジプトびとは七十日の間、彼のために泣いた。
Wɔde adaduanan na ɛhyɛɛ Israel akyenkyennuru no, efisɛ saa nna dodow no na ɛsɛ sɛ wɔde hyɛ no aduru no. Misraimfo suu no nnafua aduɔson.
4 彼のために泣く日が過ぎて、ヨセフはパロの家の者に言った、「今もしわたしがあなたがたの前に恵みを得るなら、どうかパロに伝えてください。
Wosuu no wiee no, Yosef kasa kyerɛɛ Farao fifo se, “Sɛ manya mo anim anuonyam a, monka nkyerɛ Farao mma me se,
5 『わたしの父はわたしに誓わせて言いました「わたしはやがて死にます。カナンの地に、わたしが掘って置いた墓に葬ってください」。それで、どうかわたしを上って行かせ、父を葬らせてください。そうすれば、わたしはまた帰ってきます』」。
‘Mʼagya ma mekaa ntam,’ na ɔkae se: Hwɛ, aka kakra na mawu. Enti sɛ miwu a, ɔboda a mʼankasa mitwaa wɔ Kanaan asase so no mu na munkosie me. ‘Enti momma me kwan mma minkosie mʼagya, na mɛsan aba.’”
6 パロは言った、「あなたの父があなたに誓わせたように上って行って彼を葬りなさい」。
Farao penee akwansrɛ no so, kae se, “Kɔ na kosie wʼagya, sɛnea ɔmaa wo kaa no ntam no.”
7 そこでヨセフは父を葬るために上って行った。彼と共に上った者はパロのもろもろの家来たち、パロの家の長老たち、エジプトの国のもろもろの長老たち、
Enti Yosef kɔ kosiee nʼagya. Farao asomfo nyinaa ne ne mpanyimfo ne nʼatenankongua ne Misraim nnipa titiriw nyinaa kogyaa Yosef ayi
8 ヨセフの全家とその兄弟たち及びその父の家族であった。ただ子供と羊と牛はゴセンの地に残した。
kaa Yosef fifo nyinaa a ne nuabarimanom ne nʼagya fifo no ho. Wɔn mma ne wɔn nguan ne wɔn anantwi nko ara na wogyaw wɔn wɔ Gosen asase so hɔ.
9 また戦車と騎兵も彼と共に上ったので、その行列はたいそう盛んであった。
Nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo nso kaa wɔn ho kɔɔ ayi no bi. Nnipadɔm pa ara na wɔkɔe.
10 彼らはヨルダンの向こうのアタデの打ち場に行き着いて、そこで大いに嘆き、非常に悲しんだ。そしてヨセフは七日の間父のために嘆いた。
Woduu Atad a ne nkyerɛase ne baabi a wɔpo atoko, a ɛbɛn Asubɔnten Yordan no, wɔde nnanson twaa agyaadwo, yɛɛ Yosef agya Israel ayi kɛse wɔ hɔ.
11 その地の住民、カナンびとがアタデの打ち場の嘆きを見て、「これはエジプトびとの大いなる嘆きだ」と言ったので、その所の名はアベル・ミツライムと呼ばれた。これはヨルダンの向こうにある。
Bere a Kanaanfo a na wɔte asase no so huu sɛnea wosi yɛɛ ayi no wɔ Atad no, wɔkae se, “Eyi yɛ ayi kɛse bi a Misraimfo ayɛ.” Ɛno nti, Kanaanfo a wɔte asase no so no too hɔ din Abel-Misraim, a ne nkyerɛase ne Misraimfo reyɛ ayi kɛse.
12 ヤコブの子らは命じられたようにヤコブにおこなった。
Enti Yakob mmabarima no yɛɛ sɛnea wɔn agya kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no pɛpɛɛpɛ.
13 すなわちその子らは彼をカナンの地へ運んで行って、マクペラの畑のほら穴に葬った。このほら穴はマムレの東にあって、アブラハムがヘテびとエフロンから畑と共に買って、所有の墓地としたものである。
Wɔsoaa no, de no kɔɔ Kanaan asase so, kosiee no wɔ ɔboda a ɛwɔ Makpela a ɛbɛn Mamrɛ afuw a na Abraham atɔ afi Hetini Efron nkyɛn de ayɛ amusiei no mu.
14 ヨセフは父を葬った後、その兄弟たち及びすべて父を葬るために一緒に上った者と共にエジプトに帰った。
Yosef siee nʼagya wiee no, ɔne ne nuanom ne wɔn a wokogyaa no ayi no nyinaa san baa Misraim.
15 ヨセフの兄弟たちは父の死んだのを見て言った、「ヨセフはことによるとわれわれを憎んで、われわれが彼にしたすべての悪に、仕返しするに違いない」。
Yosef agya wu akyi no, ne nuanom no de ehu ka kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho se, “Sɛ ɛba sɛ Yosef da so wɔ yɛn ho menasepɔw, na otua yɛn bɔne ahorow a yɛayɛ no nyinaa so ka a, na yɛreyɛ no dɛn?”
16 そこで彼らはことづけしてヨセフに言った、「あなたの父は死ぬ前に命じて言われました、
Enti wotuu nnipa kɔɔ Yosef hɔ kɔka kyerɛɛ no se, “Wʼagya kaa saa asɛm yi ansa na ɔrewu.
17 『おまえたちはヨセフに言いなさい、「あなたの兄弟たちはあなたに悪をおこなったが、どうかそのとがと罪をゆるしてやってください」』。今どうかあなたの父の神に仕えるしもべらのとがをゆるしてください」。ヨセフはこの言葉を聞いて泣いた。
‘Asɛm yi na ɛsɛ sɛ moka kyerɛ Yosef: Mesrɛ wo, fa bɔne ahorow a wo nuanom ayɛ wo no nyinaa kyɛ wɔn.’ Enti afei mesrɛ wo, fa Onyankopɔn a wʼagya som no no nkoa bɔne kyɛ wɔn.” Bere a Yosef tee asɛm a ne nuanom no kae no, osui.
18 やがて兄弟たちもきて、彼の前に伏して言った、「このとおり、わたしたちはあなたのしもべです」。
Yosef nuabarimanom no bɛtotow wɔn ho guguu nʼanim, kae se, “Yɛyɛ wo nkoa.”
19 ヨセフは彼らに言った、「恐れることはいりません。わたしが神に代ることができましょうか。
Nanso Yosef ka kyerɛɛ wɔn se, “Munnsuro me! Meyɛ Onyankopɔn a metumi abu mo atɛn, atwe mo aso ana?
20 あなたがたはわたしに対して悪をたくらんだが、神はそれを良きに変らせて、今日のように多くの民の命を救おうと計らわれました。
Ɛwɔ mu sɛ moyɛɛ mo adwene sɛ mobɛyɛ me bɔne de, nanso na Onyankopɔn adwene ne sɛ, ɛbɛdan ade pa, sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi agye nnipa dodow nkwa, sɛnea ɔreyɛ no nnɛ yi.
21 それゆえ恐れることはいりません。わたしはあなたがたとあなたがたの子供たちを養いましょう」。彼は彼らを慰めて、親切に語った。
Enti munnsuro! Mʼankasa mede biribiara a ehia mo ne mo mma nyinaa bɛma mo.” Yosef nam saa kasakyerɛ yi so hyɛɛ wɔn bɔ sɛ, ɔrenyɛ wɔn bɔne biara.
22 このようにしてヨセフは父の家族と共にエジプトに住んだ。そしてヨセフは百十年生きながらえた。
Yosef ankasa ne ne nuanom ne nʼagya abusuafo nyinaa tenaa Misraim asase so. Odii mfe ɔha ne du ansa na ɔrewu.
23 ヨセフはエフライムの三代の子孫を見た。マナセの子マキルの子らも生れてヨセフのひざの上に置かれた。
Yosef huu Efraim mma nena ne Manase ba Makir mma nso. Wɔwoo wɔn guu ne srɛ so.
24 ヨセフは兄弟たちに言った、「わたしはやがて死にます。神は必ずあなたがたを顧みて、この国から連れ出し、アブラハム、イサク、ヤコブに誓われた地に導き上られるでしょう」。
Na, Yosef ka kyerɛɛ ne nuabarimanom no se, “Ɛrenkyɛ biara na mawu. Nanso Onyankopɔn bɛboa mo, ayi mo afi saa asase yi so, de mo akɔ bɔhyɛ asase a ɔkaa ho ntam sɛ ɔde bɛma Abraham, Isak ne Yakob no so.”
25 さらにヨセフは、「神は必ずあなたがたを顧みられる。その時、あなたがたはわたしの骨をここから携え上りなさい」と言ってイスラエルの子らに誓わせた。
Yosef maa Israel mmabarima no kaa ntam, na Yosef kae se, “Nokware, Onyankopɔn bedi aboa mo. Sɛ miwu nso a, monsoa me nnompe mfi ha nkɔ Kanaan asase so.”
26 こうしてヨセフは百十歳で死んだ。彼らはこれに薬を塗り、棺に納めて、エジプトに置いた。
Yosef dii mfe ɔha ne du, na owui. Wɔhyɛɛ no akyenkyennuru de no too funnaka mu wɔ Misraim.

< 創世記 50 >