< 創世記 43 >

1 ききんはその地に激しかった。
Saa ɛberɛ no mu no, na ɛkɔm no ano da so yɛ den wɔ asase no so nyinaa.
2 彼らがエジプトから携えてきた穀物を食い尽した時、父は彼らに言った、「また行って、われわれのために少しの食糧を買ってきなさい」。
Enti, ɛberɛ a aduane a wɔkɔtɔ firii Misraim baeɛ no reyɛ asa no, wɔn agya Yakob ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monsane nkɔ, nkɔtɔ aduane kakra mmra bio.”
3 ユダは父に答えて言った、「あの人はわれわれをきびしく戒めて、弟が一緒でなければ、わたしの顔を見てはならないと言いました。
Nanso, Yuda ka kyerɛɛ nʼagya Yakob sɛ, “Owura no suae kyerɛɛ yɛn dendeenden sɛ, ‘Sɛ moamfa mo nua kumaa no anka mo ho amma a, monnsi mʼanim ha bio.’
4 もしあなたが弟をわれわれと一緒にやってくださるなら、われわれは下って行って、あなたのために食糧を買ってきましょう。
Sɛ wobɛma yɛne yɛn nua kumaa no akɔ deɛ a, ɛnneɛ, yɛbɛsane akɔ akɔtɔ aduane no bi abrɛ wo.
5 しかし、もし彼をやられないなら、われわれは下って行きません。あの人がわれわれに、弟が一緒でなければわたしの顔を見てはならないと言ったのですから」。
Nanso, sɛ woamma yɛamfa no ankɔ deɛ a, yɛrenkɔ, ɛfiri sɛ, owura no suaee dendeenden sɛ, ‘Sɛ mo nua kumaa no nka mo ho a, monnsi mʼanim bio.’”
6 イスラエルは言った、「なぜ、もうひとりの弟があるとあの人に言って、わたしを苦しめるのか」。
Israel bisaa ne mma no sɛ, “Adɛn enti na moka kyerɛɛ owura no sɛ mowɔ nua kumaa bi wɔ hɔ, na mode saa ɔhaw yi abɛto me so?”
7 彼らは言った、「あの人がわれわれと一族とのことを問いただして、父はまだ生きているか、もうひとりの弟があるかと言ったので、問われるままに答えましたが、その人が、弟を連れてこいと言おうとは、どうして知ることができたでしょう」。
Anuanom no buaa wɔn agya Israel sɛ, “Owura no nyaa adagyeɛ, too ne bo ara bisaa yɛn ne yɛn abusuafoɔ ho nsɛm nyinaa sɛ, ‘Mo agya da so te ase anaa? Mowɔ onua foforɔ bi ka mo ho?’ Nsɛm a ɔbisaa yɛn no na yɛbuaa no. Na yɛnnim sɛ ɔbɛka se, ‘Momfa mo nua kumaa no mmra.’”
8 ユダは父イスラエルに言った、「あの子をわたしと一緒にやってくだされば、われわれは立って行きましょう。そしてわれわれもあなたも、われわれの子供らも生きながらえ、死を免れましょう。
Ɛhɔ na Yuda ka kyerɛɛ nʼagya Israel sɛ, “Fa yɛn nua no hyɛ me nsa, na yɛnsi mu nkɔ ntɛm nkɔtɔ aduane no bi mmra, na ɛkɔm ankum yɛn ne wo ne yɛn mma.
9 わたしが彼の身を請け合います。わたしの手から彼を求めなさい。もしわたしが彼をあなたのもとに連れ帰って、あなたの前に置かなかったら、わたしはあなたに対して永久に罪を負いましょう。
Mʼankasa mɛhwɛ abɔfra no so. Sɛ mamfa no amma a, bisa me. Sɛ mamfa no amma, ammɛgyina wʼanim ha, amma woanhunu sɛ wo ba no ni a, saa asodie no nna me so me nkwanna nyinaa.
10 もしわれわれがこんなにためらわなかったら、今ごろは二度も行ってきたでしょう」。
Sɛ yɛantwentwɛn yɛn nan ase a, anka saa ɛberɛ yi, yɛakɔ aba bɛyɛ mprenu.”
11 父イスラエルは彼らに言った、「それではこうしなさい。この国の名産を器に入れ、携え下ってその人に贈り物にしなさい。すなわち少しの乳香、少しの蜜、香料、もつやく、ふすだしう、あめんどう。
Afei, wɔn agya Israel ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ meyɛ ho hwee na ɛrenyɛ yie deɛ a, ɛnneɛ, momfa asase yi so nnepa a ebi ne akyenkyennuro kakra, ɛwoɔ kakra, aduhwam, kurobo, nkateɛ ne sorɔno aba nhyɛ mo nkotokuo mu, nkɔyɛ owura no ayɛ.
12 そしてその上に、倍額の銀を手に持って行きなさい。また袋の口に返してあった銀は持って行って返しなさい。たぶんそれは誤りであったのでしょう。
Sika a mode rekɔ no nso, monyɛ no mmɔho mmienu, ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ mosane de sika a kane no mode kɔeɛ na ɔsane de hyɛɛ mo nnesoa mu baeɛ no kɔma no. Ebia, na ɛyɛɛ no anifasoɔ.
13 弟も連れ、立って、またその人の所へ行きなさい。
Momfa mo nua no nso nka mo ho, na monsim ntɛm ntɛm nkɔ.
14 どうか全能の神がその人の前であなたがたをあわれみ、もうひとりの兄弟とベニヤミンとを、返させてくださるように。もしわたしが子を失わなければならないのなら、失ってもよい」。
Otumfoɔ Onyankopɔn nnyina mo akyiri, na owura no nhunu mo mmɔbɔ, na ɔnnyaa mo nua panin Simeon, na ɔmfa Benyamin nso nka mo ho, na mo nyinaa nsane mmra. Sɛ ɛsɛ sɛ medi wɔn wuo ho awerɛhoɔ nso a, menni asɛm biara ka.”
15 そこでその人々は贈り物を取り、また倍額の銀を携え、ベニヤミンを連れ、立ってエジプトへ下り、ヨセフの前に立った。
Enti, Israel mma no faa akyɛdeɛ ahodoɔ a wɔde rekɔ akɔyɛ owura no ayɛ no, ne wɔn sika mmɔho mmienu, ne wɔn nua kumaa Benyamin kaa wɔn ho, siim kɔeɛ. Wɔduruu Misraim no, wɔkɔyii wɔn ho adi kyerɛɛ Yosef.
16 ヨセフはベニヤミンが彼らと共にいるのを見て、家づかさに言った、「この人々を家に連れて行き、獣をほふって、したくするように。この人々は昼、わたしと一緒に食事をします」。
Ɛberɛ a Yosef hunuu sɛ Benyamin ka wɔn ho no, ɔka kyerɛɛ ne fie ɔsomfoɔ panin no sɛ, “Fa nkurɔfoɔ no kɔ me fie, na kum aboa bi, na wɔmfa nnoa aduane, na awia me ne wɔn bɛdidi.”
17 その人はヨセフの言ったようにして、この人々をヨセフの家へ連れて行った。
Ɔsomfoɔ panin no yɛɛ sɛdeɛ Yosef kaeɛ no pɛpɛɛpɛ. Ɔde nkurɔfoɔ no kɔɔ Yosef fie.
18 ところがこの人々はヨセフの家へ連れて行かれたので恐れて言った、「初めの時に袋に返してあったあの銀のゆえに、われわれを引き入れたのです。そしてわれわれを襲い、攻め、捕えて奴隷とし、われわれのろばをも奪うのです」。
Ɔde wɔn duruu Yosef fie no, wɔsuroeɛ. Wɔkaa sɛ, “Gyama ɛsiane dwetɛ a wɔde hyehyɛɛ yɛn nkotokuo mu no enti na ɔde yɛn aba ha. Ɔpɛ sɛ ɔde korɔno to yɛn so, na ɔfa yɛn sɛ ne nkoa, na ɔsane fa yɛn mfunumu no nyinaa.”
19 彼らはヨセフの家づかさに近づいて、家の入口で、言った、
Wɔduruu Yosef fie kwan no ano no, wɔkɔɔ Yosef ɔsomfoɔ panin no nkyɛn.
20 「ああ、わが主よ、われわれは最初、食糧を買うために下ってきたのです。
Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛn wura, yɛsrɛ wo, yɛbaa ha ɛberɛ bi a atwam bɛtɔɔ aduane.
21 ところが宿に行って袋をあけて見ると、めいめいの銀は袋の口にあって、銀の重さは元のままでした。それでわれわれはそれを持って参りました。
Ɛberɛ a yɛresane akɔ yɛn kurom a adeɛ saeɛ, na yɛsoɛsoɛɛ no, asoeɛ hɔ na yɛbuebuee yɛn nkotokuo ano, na yɛhunuu sɛ obiara sika a ɛkura no a anka ɔde rekɔtɔ aburoo no hyɛ ne kotokuo no mu pɛpɛɛpɛ. Ɛno enti, yɛasane de aba.
22 そして食糧を買うために、ほかの銀をも持って下ってきました。われわれの銀を袋に入れた者が、だれであるかは分りません」。
Yɛasane de sika foforɔ aba sɛ yɛde rebɛtɔ aduane. Yɛnnim onipa ko a ɔde saa sika no hyehyɛɛ yɛn nkotokuo no mu.”
23 彼は言った、「安心しなさい。恐れてはいけません。その宝はあなたがたの神、あなたがたの父の神が、あなたがたの袋に入れてあなたがたに賜わったのです。あなたがたの銀はわたしが受け取りました」。そして彼はシメオンを彼らの所へ連れてきた。
Ɔsomfoɔ panin no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛnyɛ asɛm biara. Monnsuro. Onyame a mosom no ne mo agya Onyame a ɔsom no na ɔde saa sika no hyehyɛɛ mo nkotokuo no mu maa mo. Na mo sika no deɛ, yɛgyeeɛ.” Afei, ɔyii Simeon firii afiase hɔ de no brɛɛ wɔn.
24 こうしてその人はこの人々をヨセフの家へ導き、水を与えて足を洗わせ、また、ろばに飼葉を与えた。
Ɔsomfoɔ panin no de wɔn kɔɔ Yosef fie, maa wɔn nsuo hohoroo wɔn nan ase, ɛnna ɔmaa wɔn mfunumu no nso aduane diiɛ.
25 彼らはその所で食事をするのだと聞き、贈り物を整えて、昼にヨセフの来るのを待った。
Wɔboaboaa akyɛdeɛ a wɔde bɛma Yosef no ano de twɛn no, ɛfiri sɛ, na wɔate sɛ wɔbɛdidi wɔ efie hɔ awia no.
26 さてヨセフが家に帰ってきたので、彼らはその家に携えてきた贈り物をヨセフにささげ、地に伏して、彼を拝した。
Ɛberɛ a Yosef baeɛ no, anuanom no buu no nkotodwe, de wɔn akyɛdeɛ no maa no.
27 ヨセフは彼らの安否を問うて言った、「あなたがたの父、あなたがたがさきに話していたその老人は無事ですか。なお生きながらえておられますか」。
Yosef bisaa wɔn sɛdeɛ wɔn ho te. Ɔtoaa so sɛ, “Mo agya akɔkoraa a mokaa ne ho asɛm no ho te sɛn? Ɔda so te ase anaa?”
28 彼らは答えた、「あなたのしもべ、われわれの父は無事で、なお生きながらえています」。そして彼らは、頭をさげて拝した。
Wɔbuaa no sɛ, “Wʼakoa a ɔyɛ yɛn agya no ho yɛ. Ɔda so te ase.” Wɔde obuo ne anidie bɔɔ wɔn mu ase wɔ nʼanim.
29 ヨセフは目をあげて同じ母の子である弟ベニヤミンを見て言った、「これはあなたがたが前にわたしに話した末の弟ですか」。また言った、「わが子よ、どうか神があなたを恵まれるように」。
Ɛberɛ a nʼani tɔɔ ne maame ba Benyamin anim no, ɔbisaa sɛ, “Yei ne mo nua kumaa a mokaa ne ho asɛm kyerɛɛ me no anaa?” Ɔtoaa so sɛ, “Me ba, Onyankopɔn nnom wo!”
30 ヨセフは弟なつかしさに心がせまり、急いで泣く場所をたずね、へやにはいって泣いた。
Yosef hunuu ne nua kumaa Benyamin no, ne werɛ hoeɛ enti, ɔyɛɛ ntɛm firii adi kɔhyɛɛ ne piam, kɔsuiɛ.
31 やがて彼は顔を洗って出てきた。そして自分を制して言った、「食事にしよう」。
Ɔsu wieeɛ no, ɔhohoroo nʼanim, sane baeɛ de animia kaa sɛ, “Momma yɛnnidi!”
32 そこでヨセフはヨセフ、彼らは彼ら、陪食のエジプトびとはエジプトびと、と別々に席に着いた。エジプトびとはヘブルびとと共に食事することができなかった。それはエジプトびとの忌むところであったからである。
Wɔtoo Yosef ɛpono wɔ baabi, ɛnna wɔtoo anuanom no nso ɛpono wɔ baabi wɔ ɛdan korɔ no ara mu. Misraimfoɔ a wɔyɛ Yosef asomfoɔ no nso didii wɔ baabi foforɔ, ɛfiri sɛ, Misraimfoɔ ne Hebrifoɔ nto nsa nnidi, ɛyɛ wɔn akyiwadeɛ.
33 こうして彼らはヨセフの前に、長子は長子として、弟は弟としてすわらせられたので、その人々は互に驚いた。
Wɔde Yosef nuanom no tenatenaa ase mpanin mu. Ɛyɛɛ saa maa anuanom no de ahodwirie hwehwɛhwehwɛɛ wɔn ho wɔn ho anim.
34 またヨセフの前から、めいめいの分が運ばれたが、ベニヤミンの分は他のいずれの者の分よりも五倍多かった。こうして彼らは飲み、ヨセフと共に楽しんだ。
Wɔtetee nnuane no firi Yosef ɛpono so kɔmaa wɔn, nanso Benyamin deɛ, na ne deɛ no dɔɔso sene ne nua biara deɛ mprenum. Ɛmaa wɔne Yosef de anigyeɛ ne ahosɛpɛ didi nomeeɛ.

< 創世記 43 >