< エゼキエル書 6 >

1 主の言葉が、わたしに臨んで言った、
Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ,
2 「人の子よ、あなたの顔をイスラエルの山々に向け、預言して、
“Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Israel mmepɔ, na hyɛ nkɔm tia wɔn,
3 言え。イスラエルの山々よ、主なる神の言葉を聞け。主なる神は山と丘と、谷と川に向かって、こう言われる、見よ、わたしはつるぎをあなたがたに送り、あなたがたの高き所を滅ぼす。
na ka sɛ, ‘Ao Israel mmepɔ montie Otumfoɔ Awurade asɛm. Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade ka kyerɛ mmepɔ ne nkokoɔ, abon ne mmɔnhwa: Merebɛtwe mo so akofena na masɛe mo sorɔnsorɔmmea.
4 あなたがたの祭壇は荒され、あなたがたの香の祭壇はこわされる。わたしはあなたがたの偶像の前に、あなたがたの殺された者を投げ出す。
Wɔbɛbubu mo afɔrebukyia ahodoɔ no na wɔasɛe nnuhwam adum; na mɛkunkum mo nkurɔfoɔ wɔ mo ahoni anim.
5 わたしはイスラエルの民の死体を彼らの偶像の前に置き、骨をあなたがたの祭壇のまわりに散らす。
Mede Israelfoɔ afunu bɛgugu wɔn ahoni anim, na mede mo nnompe apete mo afɔrebukyia ahodoɔ ho.
6 すべてあなたがたの住む所で町々は滅ぼされ、高き所は荒される。こうしてあなたがたの祭壇はこわし荒され、あなたがたの偶像は砕かれて滅び、あなたがたの香の祭壇は倒され、あなたがたのわざは消し去られる。
Baabiara a moteɛ no, nkuro no bɛda mpan, na ne sorɔnsorɔmmea bɛsɛe, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mo afɔrebukyia ahodoɔ no bɛda mpan na ayɛ afo. Mo ahoni bɛbubu na asɛe. Mo nnuhwam adum bɛbubu agu fam, na deɛ moayɛ nso bɛhwere mo.
7 また殺された者はあなたがたのうちに倒れる。これによって、あなたがたはわたしが主であることを知るようになる。
Mo nkurɔfoɔ bɛtotɔ wɔ mo mu, na mobɛhunu sɛ me ne Awurade.
8 わたしは、あなたがたのある者を生かしておく。あなたがたが、つるぎをのがれて国々の中におり、国々に散らされる時、
“‘Nanso mɛgya mo mu bi, ɛfiri sɛ ebinom bɛdwane akofena ano wɔ ɛberɛ a moahwete wɔ nsase ne amanaman so.
9 あなたがたのうちののがれた者は、その捕え移された国々の中でわたしを思い出す。これはわたしが、彼らのわたしを離れた姦淫の心と、偶像を慕って姦淫を行う目をくじくからである。そして彼らはそのもろもろの憎むべきことと、その犯した悪のために、みずからをいとうようになる。
Na afei wɔ amanaman a wɔfaa wɔn nnommum kɔɔ mu no, wɔn a wɔnyaa wɔn ho firii mu no bɛkae me, sɛdeɛ madi awerɛhoɔ wɔ wɔn awaresɛeɛ akoma a wɔde twee wɔn ho firii me nkyɛn, ne wɔn ani a wɔde nyaa akɔnnɔ bɔne maa wɔn ahoni. Wɔn ho bɛyɛ wɔn nwunu wɔ bɔne ne akyiwadeɛ a wɔayɛ enti.
10 そして彼らはわたしが主であることを知る。この災を彼らに対して下すと、わたしが言ったのは決してむなしい事ではない」。
Wɔbɛhunu sɛ me ne Awurade, na mammɔ wɔn hu kwa sɛ mede saa ɔhaw yi bɛba wɔn so.
11 主なる神はこう言われる、「あなたは手を打ち、足を踏みならして言え。ああ、イスラエルの家のすべての悪しき憎むべき者はわざわいだ。彼らはつるぎと、ききんと、疫病に倒れるからである。
“‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Mommɔ mo nsam na momfa mo nan mpempem fam na monteam sɛ, “A!” Esiane Israel efie amumuyɛ ne akyiwadeɛ nyinaa enti, wɔbɛwuwu akofena, ɛkɔm ne ɔyaredɔm ano.
12 遠くにいる者は疫病で死に、近くにいる者はつるぎに倒れる。生き残って身を全うする者はききんによって死ぬ。このようにわたしはわが憤りを彼らの上に漏らし尽す。
Ɔyaredɔm bɛkum deɛ ɔwɔ akyirikyiri. Deɛ ɔbɛn no bɛtɔ akofena ano na deɛ ɔbɛfiri mu na waka no, ɛkɔm bɛkum no. Saa na mede mʼabufuhyeɛ bɛyɛ wɔn.
13 彼らの殺される者がその偶像の中にあり、その祭壇のまわりにあり、すべての高き丘の上にあり、すべての山の頂にあり、すべての青木の下にあり、すべての茂ったかしの木の下にあり、彼らがこうばしいかおりを、すべての偶像にささげた所にある時、あなたがたはわたしが主であることを知るのである。
Na wɔbɛhunu sɛ me ne Awurade, ɛberɛ a wɔn nkurɔfoɔ a wɔatotɔ afunu deda wɔn ahoni ntam atwa wɔn afɔrebukyia ho ahyia, wɔ nkokoɔ a ɛkorɔn nyinaa so, mmepɔ atifi nyinaa ne nnua a adendan ne odum frɔmfrɔm ase, mmea mmea a wɔde nnuhwam bɔ afɔdeɛ ma wɔn ahoni nyinaa.
14 わたしはまた手を彼らの上に伸べて、その地を荒し、すべて彼らの住む所を、荒野からリブラまで荒れ地とする。これによって彼らはわたしが主であることを知るようになる」。
Afei mɛtene me nsa wɔ wɔn so na mama asase no ada mpan afiri anweatam no akɔsi Ribla, baabiara a wɔtete. Na wɔbɛhunu sɛ me ne Awurade.’”

< エゼキエル書 6 >