< エゼキエル書 5 >
1 人の子よ、鋭いつるぎを取り、それを理髪師のかみそりとして、あなたの頭と、ひげとをそり、はかりで量って、その毛を分けなさい。
“Afei onipa ba, fa afoa nnamnam yi yɛ sɛ obi a oyi ti oyiwan na fa yi wo tinwi ne wʼabogyesɛ. Fa nsania na kyekyɛ nwi no mu.
2 その三分の一は包囲の期間の終る時、町の中で火で焼き、また三分の一を取り、つるぎで町のまわりでこれを打ち、さらに三分の一を風に散らしなさい。わたしはつるぎを抜いて、彼らのあとを追う。
Sɛ wo bere a wɔatua mo ano nna no ba awiei a, fa ogya hyew nwi no nkyɛmu abiɛsa mu baako wɔ kuropɔn no mu. Fa afoa twitwa nkyɛmu abiɛsa no mu baako wɔ kuropɔn no afanan nyinaa. Na hwete nkyɛmu abiɛsa mu baako wɔ mframa mu, efisɛ mɛtwe afoa ataa wɔn.
Nanso fa nwi no kakra bi kyekyere wʼatade ano.
4 またそのうちから少しを取って火の中に投げ入れ、火でこれを焼きなさい。火はその中から出て、イスラエルの全家に及ぶ。
Afei nso, fa saa nwi no kakra bi na tow gu ogya mu na hyew. Ogya no bɛterɛw afi hɔ akɔ Israelfi nyinaa.
5 主なる神はこう言われる、わたしはこのエルサレムを万国の中に置き、国々をそのまわりに置いた。
“Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Eyi ne Yerusalem a mede asi amanaman no ntam na nsase atwa ho ahyia.
6 エルサレムは他の国々よりも悪しく、わたしのおきてにそむき、そのまわりの国々よりもわたしの定めにそむいた。すなわち彼らはわたしのおきてを捨て、わたしの定めに歩まなかった。
Nanso nʼamumɔyɛ mu, wayɛ dɔm atia me mmara ne me nhyehyɛe asen aman ne nsase a atwa ne ho ahyia no. Wapo me mmara na wanni mʼahyɛde so.
7 それゆえ主はこう言われる、あなたがたはそのまわりにいる異邦人よりも狂暴であって、わたしの定めに歩まず、わたしのおきてを行わず、むしろ、あなたがたの回りにいる異邦人のおきてを守っていた。
“Enti sɛɛ na Otumfo Awurade se: Woayɛ asoɔden asen amanaman a wɔatwa wo ho ahyia na woanni mʼahyɛde anaa me mmara so no. Woanyɛ sɛnea aman a atwa wo ho ahyia no yɛ mpo.
8 それゆえ主なる神はこう言われる、見よ、わたしはあなたを攻め、異邦人の目の前で、あなたの中にさばきを行う。
“Enti sɛɛ na Otumfo Awurade se: Me ne woanya, Yerusalem, na mede asotwe bɛba wo so wɔ amanaman no anim.
9 あなたのもろもろの憎むべき事のために、わたしがまだした事のないような事、またこの後ふたたびしないような事をあなたに対してする。
Esiane wʼahoni nyinaa a ɛyɛ akyiwade no nti, mɛyɛ wo nea menyɛɛ bi da na merenyɛ bi bio nso da.
10 それゆえ、あなたのうちで父はその子を食い、子はその父を食う。わたしはあなたに対してさばきを行い、あなたのうちの残りの者をことごとく四方の風に散らす。
Enti mo mu no, agyanom bedi wɔn mma nam na mma adi wɔn agyanom nam. Mɛtwe wʼaso na mahwete wo nkae akɔ mmaa nyinaa.
11 それゆえ、主なる神は言われる、わたしは生きている。あなたはその忌むべき物と、その憎むべき事とをもって、わたしの聖所を汚したので、わたしは必ずあなたの数を減らす。わたしの目はあなたを惜しみ見ず、またわたしはあなたをあわれまない。
Enti sɛ mete ase yi, Otumfo Awurade na ose, esiane sɛ wode nsɛsode tantan ne akyiwade nneyɛe agu me kronkronbea ho fi nti, mʼankasa meyi mʼadom afi wo so; merenhu wo mmɔbɔ na meremfa wo ho nkyɛ wo.
12 あなたの三分の一はあなたの中で疫病で死に、ききんで滅び、三分の一はあなたのまわりでつるぎに倒れ、三分の一は四方の風に散らされる。わたしはつるぎを抜いてそのあとを追う。
Wo nkurɔfo no mu nkyɛmu abiɛsa mu baako bewuwu wɔ ɔyaredɔm no mu, anaasɛ ɔkɔm bekunkum wɔn; nkyɛmu abiɛsa mu baako bɛtotɔ wɔ afoa ano wɔ wʼafasu akyi na mabɔ nkyɛmu abiɛsa mu baako nso ahwete mmaa nyinaa na matwe afoa ataa wɔn.
13 こうしてわたしは怒りを漏らし尽し、憤りを彼らの上に漏らして、満足する。こうして、わたしの憤りを彼らの上に漏らし尽した時、彼らは主であるわたしが熱心に語ったことを知るであろう。
“Afei me bo bedwo na mʼabufuwhyew a etia wɔn no nso ano bɛbrɛ ase na matɔ were. Na sɛ meda mʼabufuwhyew adi kyerɛ wɔn a, wobehu sɛ ɛyɛ me Awurade na makasa wɔ me tumi mu.
14 わたしはまわりにある国々の中と、すべてそばを通る者の目の前であなたを滅亡とあざけりに渡す。
“Mɛyɛ wo nnwiriwii ne ahohora wɔ amanaman a atwa wo ho ahyia no mu, ne wɔn a wotwa mu wɔ hɔ no ani so.
15 わたしが怒りと、憤りと、重い懲罰とをもって、あなたに対してさばきを行う時、あなたはそのまわりにある国々のあざけりとなり、そしりとなり、戒めとなり、驚きとなる。これは主であるわたしが語るのである。
Wobɛyɛ ahohora ne fɛwdi, kɔkɔbɔ ne aninyanne ama amanaman a wɔatwa wo ho ahyia no, bere a mede abufuw ne abufuwhyew ne animka a ano yɛ den retwe wʼaso. Me Awurade na maka.
16 すなわち、わたしがあなたを滅ぼすききんの矢、滅亡の矢をあなたに放つ時、わたしはあなたを滅ぼすために放つのだ。わたしはあなたの上にききんを増し加え、あなたがつえとするパンを打ち砕く。
Sɛ metow me kɔm agyan a bɔre wɔ ano na ɛsɛe ade wɔ wo a, ɛbɛsɛe wo. Mede ɔkɔm a emu yɛ den bɛba wo so na masiw wʼaduan a wunya no ho kwan.
17 わたしはあなたにききんと野獣を送って、あなたの子を奪い取り、また疫病と流血にあなたの中を通らせ、またつるぎをあなたに送る。主であるわたしがこれを言う」。
Mede ɔkɔm ne nkekaboa bɛba wo mu, na wo mma bɛsa ama woayɛ sɛ obi a na onni mma. Ɔyaredɔm ne mogyahwiegu bɛfa wo mu, na mɛtwe afoa wɔ wo so. Me Awurade na maka.”