< エゼキエル書 43 >

1 その後、彼はわたしを門に導いた。門は東に面していた。
Na ɔbarima no de me baa apueeɛ fam ɛpono no ano,
2 その時、見よ、イスラエルの神の栄光が、東の方から来たが、その来る響きは、大水の響きのようで、地はその栄光で輝いた。
na mehunuu Israel Onyankopɔn animuonyam sɛ apue wɔ apueeɛ fam reba. Na ne nne te sɛ nsusenee nworosoɔ ano den, na asase no so hyerɛnee wɔ nʼanimuonyam no mu.
3 わたしが見た幻の様は、彼がこの町を滅ぼしに来た時に、わたしが見た幻と同様で、これはまたわたしがケバル川のほとりで見た幻のようであった。それでわたしは顔を伏せた。
Anisoadehunu a menyaeɛ no te sɛ deɛ menyaa no ɛberɛ a ɔba bɛsɛee kuropɔn no ne deɛ menyaa wɔ Asubɔnten Kebar ho no, na mede mʼanim butuu fam.
4 主の栄光が、東の方に面した門の道から宮にはいった時、
Awurade animuonyam faa ɛpono a ani kyerɛ apueeɛ fam no mu hyɛnee asɔredan no mu.
5 霊がわたしを引き上げて、内庭に導き入れると、見よ、主の栄光が宮に満ちた。
Na honhom no pagyaa me de me baa mfimfini adihɔ hɔ na Awurade animuonyam hyɛɛ asɔredan no ma.
6 その人がわたしのかたわらに立った時、わたしはひとりの人が、宮の中からわたしに語るのを聞いた。
Ɛberɛ a ɔbarima no gyina me ho no, metee sɛ obi rekasa firi asɔredan no mu kyerɛ me.
7 彼はわたしに言った、「人の子よ、これはわたしの位のある所、わたしの足の裏の踏む所、わたしが永久にイスラエルの人々の中に住む所である。またイスラエルの家は、民もその王たちも、再び姦淫と、王たちの死体とをもって、わが聖なる名を汚さない。
Ɔkaa sɛ, “Onipa ba, ɛha ne mʼahennwa siberɛ ne me nan ntiasoɔ. Ɛha na mɛtena wɔ Israelfoɔ mu afebɔɔ. Israel efie rengu me din ho fi bio da; wɔn anaa wɔn ahemfo remfa wɔn adwamammɔ ne ahemfo no ahoni a nkwa nni mu a wɔwɔ wɔn sorɔnsorɔmmea no rengu me din ho fi.
8 彼らはその敷居を、わが敷居のかたわらに設け、その門柱を、わが門柱のかたわらに設けたので、わたしと彼らとの間には、わずかに壁があるのみである。そして彼らは、その犯した憎むべき事をもって、わが聖なる名を汚したので、わたしは怒りをもって、これを滅ぼした。
Ɛberɛ a wɔmaa wɔn aboboano bɛnee me deɛ, na wɔn aponnwa nso bɛnee me deɛ a na ɔfasuo na ɛtwa yɛn ntam no, wɔde wɔn akyiwadeɛ guu me din kronkron ho fi. Ɛno enti mesɛee wɔn wɔ mʼabufuo mu.
9 今彼らに命じて姦淫と、その王たちの死体を、わたしから遠く取り除かせよ。そうしたら、わたしは永久に彼らの中に住む。
Afei ma wɔnyi wɔn adwamammɔ ne ahemfo no ahoni a wɔnni nkwa no mfiri mʼani so, na mɛtena wɔn mu afebɔɔ.
10 人の子よ、宮と、その外形と、設計とをイスラエルの家に示せ。彼らはその悪を恥じるであろう。
“Onipa ba, kyerɛkyerɛ Israelfoɔ sɛdeɛ asɔredan no teɛ na wɔn ani nwu wɔ wɔn bɔne ho. Ma wɔnsusu ne sie mfoni ho,
11 彼らがその犯したすべての事を恥じたら、彼らに、この宮の建て方、設備、出口、入口、すべての形式、すべてのおきて、すべての規定を示せ。これを彼らの目の前に書き、彼らにそのすべての規定と、おきてとを守り行わせよ。
na sɛ wɔn ani wu deɛ wɔayɛ ho a, twa asɔredan no mfoni kyerɛ wɔn; ne ntotoeɛ, apono a wɔfa mu pue ne deɛ wɔfa kɔ mu, ne mfoni nyinaa, ne ɛho akwankyerɛ nyinaa ne mmara. Twerɛ saa nneɛma yi wɔ wɔn anim na wɔadi me ntotoeɛ ne ne sie no mfoni no so.
12 宮の規定はこれである。山の頂の四方の地域はみな最も聖である。見よ、これは宮の規定である。
“Asɔredan no ho mmara nie: Asase a ɛda ho wɔ bepɔ no so nyinaa yɛ kronkron. Sei na asɔredan no ho mmara teɛ.
13 祭壇の寸法はキュビトですれば、次のようである。(そのキュビトは一キュビトと一手幅である。)土台は高さ一キュビト、幅一キュビト、その周囲の縁は半キュビトである。
“Afɔrebukyia no nsusuiɛ na ɛdidi soɔ yi. Ne nsuka mu dɔ yɛ anammɔn ne fa na ne tɛtrɛtɛ nso saa ara, na anoano hini a ɛtwa ho hyia no nso tɛtrɛtɛ bɛyɛ nsateakwaa nkron. Na yei nso ne afɔrebukyia no tentene:
14 祭壇の高さは、次のとおりである。地面の土台から下のかさねまで二キュビト、幅は一キュビト、また小さいかさねから大きいかさねまで四キュビト、その幅は一キュビトである。
Ɛfiri ne nnyinasoɔ a ɛsi nsuka no so kɔ ne soro yɛ anammɔn mmiɛnsa, na ne pipiripie nso yɛ ɔnamɔn ne fa, na apa ketewa no ne apa kɛseɛ no ntam yɛ anammɔn nsia, na apa no pipiripie nso yɛ ɔnamɔn ne fa.
15 祭壇の炉は四キュビトで、祭壇の炉から高さ一キュビトの角が四本出ていた。
Afɔrebukyia no wisie tokuro no ɔsorokɔ yɛ anammɔn nsia na mmɛn ɛnan a ano hwɛ soro tuatua ho.
16 炉は長さ十二キュビト、幅十二キュビトの四角形である。
Afɔrebukyia wisie tokuro no yɛ ahinanan, na ɛfa biara yɛ anammɔn dunwɔtwe.
17 そのかさねは四方とも長さ十四キュビト、幅十四キュビトの四角形、その周囲の縁は幅半キュビト、その台は四方一キュビト、その階段は東に面する」。
Afɔrebukyia no apa a ɛwɔ soro no nso yɛ ahinanan a afanan no mu biara yɛ anammɔn aduonu baako, na kawa a ɛyɛ nsateakwaa nkron da apa no ano na nsuka a atwa ho ahyia yɛ ɔnamɔn ne fa. Atwedeɛ a ɛkɔ afɔrebukyia no so no ani hwɛ apueeɛ fam.”
18 彼はわたしに言った、「人の子よ、主なる神はこう言われる、祭壇を建て、その上に燔祭をささげ、これに血を注ぐ日には、次のことを祭壇の定めとせよ。
Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Yeinom na ɛbɛyɛ nhyehyɛeɛ a wɔbɛfa so abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛkwan a, sɛ wɔsi afɔrebukyia no wie a wɔbɛfa so de mogya apete ho:
19 すなわち主なる神は言われる、ザドクの子孫で、わたしに近く仕えるレビびとである祭司には、罪祭のために雄牛の子を与えよ。
Ɛsɛ sɛ wode nantwie ba ma asɔfoɔ a wɔyɛ Lewifoɔ na wɔfiri Sadok abusua mu na wɔba mʼanim bɛsom me no, sɛ bɔne afɔrebɔdeɛ, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.
20 またその血をとって、これを祭壇の四つの角と、かさねの四すみと、周囲の縁に塗って、祭壇を清め、これをあがなえ。
Ɛsɛ sɛ wofa nantwie ba no mogya no bi na wode keka afɔrebukyia mmɛn ɛnan no ho. Wode bi bɛkeka apa a ɛwɔ soro no ntwɛtwɛaso ne anoano kawa a atwa ho ahyia no ho na wɔnam so ate afɔrebukyia no ho de ayɛ mpata nso.
21 あなたはまた罪祭の牛をとって、これを聖所の外、宮のうちの定められた所で焼け。
Ɛsɛ sɛ wofa bɔne afɔrebɔdeɛ nantwie no na wokɔhye no wɔ asɔredan no ho beaeɛ a wɔayi ato hɔ, wɔ kronkronbea no akyi.
22 第二日に、あなたは無傷の雄やぎを、罪祭としてささげよ。すなわち雄牛で清めたように、これで祭壇を清めよ。
“Ɛda a ɛtɔ so mmienu no, ɛsɛ sɛ wode ɔpapo a ɔnni dɛm ma sɛ bɔne afɔrebɔdeɛ, na ɛsɛ sɛ wɔdwira afɔrebukyia no ho sɛdeɛ wɔde nantwie no yɛeɛ no.
23 清めごとを終えたなら、無傷の雄牛の子と、群れの中の無傷の雄羊とをささげよ。
Sɛ wowie ɛho dwira a, ɛsɛ sɛ wode nantwie ba ne nnwennini a wɔfiri ebuo no mu a wɔnni dɛm bɛbɔ afɔdeɛ.
24 これを主の前に持ってきて、祭司らはその上に塩をまき、これらを燔祭として主にささげよ。
Ɛsɛ sɛ wode wɔn ba Awurade anim, na asɔfoɔ de nkyene pete wɔn so na wɔde bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma Awurade.
25 七日の間、あなたは日々雄やぎを罪祭とせよ。また雄牛の子と、群れの中の雄羊との無傷のものをととのえ、
“Ɛsɛ sɛ wode ɔpapo ba sɛ bɔne afɔrebɔdeɛ nnanson. Afei ɛsɛ sɛ wode nantwie ba ne nnwennini a wɔfiri ebuo mu na wɔnni dɛm nso ba.
26 七日の間、彼らは祭壇をあがない、これを清め、これを聖別しなければならない。
Wɔbɛyɛ mpatadeɛ ama afɔrebukyia no nnanson de ate ho; sei na wɔbɛyɛ de asi hɔ ama dwumadie.
27 彼らがこれらの日を満たしたとき、八日目から後は、祭司たちは、あなたがたの燔祭と、酬恩祭とを祭壇の上に供える。そうすれば、わたしは、あなたがたを受けいれると、主なる神は言われる」。
Saa nna yi akyi, ɛfiri ɛda a ɛtɔ so nnwɔtwe de rekorɔ no, ɛsɛ sɛ asɔfoɔ no de mo ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ no ba afɔrebukyia no so. Afei mɛgye mo atom, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.”

< エゼキエル書 43 >