< エゼキエル書 30 >

1 主の言葉がわたしに臨んだ、
Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
2 「人の子よ、預言して言え、主なる神はこう言われる、嘆け、その日はわざわいだ。
“Onipa ba, hyɛ nkɔm na ka sɛ: ‘Sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: “‘Twa adwo na ka sɛ, “Ao ɛda no!”
3 その日は近い、主の日は近い。これは雲の日、異邦人の滅びの時である。
Na ɛda no abɛn, Awurade ɛda no abɛn, omununkum ɛda, amanaman no atemmuo berɛ.
4 つるぎがエジプトに臨む。エジプトで殺される者の倒れる時、エチオピヤには苦しみがあり、その財宝は奪い去られ、その基は破られる。
Akofena bi bɛba abɛtia Misraim, na ahoyera bɛba Kus so. Sɛ apirafoɔ totɔ wɔ Misraim a wɔbɛsoa nʼahonyadeɛ akɔ na wɔabubu ne fapem agu fam.
5 エチオピヤ、プテ、ルデ、アラビヤ、リビヤおよび同盟国の人々は、彼らと共につるぎに倒れる。
Kus ne Put, Lidia ne Arabia nyinaa, Libia ne bɔhyɛ asase no so nnipa ne Misraim bɛtotɔ wɔ akofena ano.
6 主はこう言われる、エジプトを助ける者は倒れ、その誇る力はうせる。ミグドルからスエネまで、人々はつるぎによってそのうちに倒れると主なる神が言われる。
“‘Yei ne deɛ Awurade seɛ: “‘Misraim apamfoɔ bɛhwehwe ase na nʼahomasoɔ ahoɔden bɛdi no hwammɔ. Ɛfiri Migdol kɔsi Aswan wɔbɛtotɔ wɔ akofena a ɛwɔ ne mu no ano, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.
7 それは荒れて、荒れはてた国々のうちにあり、その町々は荒れた町々のうちにある。
Wɔbɛdeda mpan wɔ nsase a ada mpan mu, na wɔn nkuropɔn bɛbubu aka nkuropɔn a abubu ho.
8 わたしがエジプトに火を送り、これを助ける者が皆滅びる時、彼らはわたしが主であることを知る。
Afei wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no, ɛberɛ a mede ogya ato Misraim mu na madwerɛ nʼaboafoɔ nyinaa.
9 その日、早足の使者がわたしから出て、何事も知らぬエチオピヤびとを恐れさせる。そしてかのエジプトの滅びの日に、彼らに苦しみが来る。見よ、これはかならず来る。
“‘Saa ɛda no, asomafoɔ de ahyɛn bɛfiri me nkyɛn akɔhunahuna Kus a ne tirim yɛ no dɛ no. Ne ho bɛyera no wɔ Misraim Atemmuo da no, na ampa ara ɛbɛba mu.
10 主なる神はこう言われる、わたしはバビロンの王ネブカデレザルの手によってエジプトの富を滅ぼす。
“‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: “‘Mede Misraim dɔm bebrebe no bɛba awieeɛ mɛfa Babiloniahene Nebukadnessar so.
11 彼と彼に従うその民、すなわち国民のうちの最も恐るべき者がきて、その地を滅ぼす。彼らはつるぎを抜いて、エジプトを攻め、殺した者を国に満たす。
Ɔno ne nʼakodɔm; amanaman no mu aniɛdenfoɔ, wɔde wɔn bɛba abɛsɛe asase no. Wɔbɛtwe wɔn akofena atia Misraim na wɔde afunu ahyɛ asase no so ma.
12 わたしはナイル川をからし、その国を悪しき者の手に売り、異邦人の手によって国とその中のものとを荒す。主なるわたしはこれを言った。
Mɛma Nil ho asutene awewe na matɔn asase no ama nipabɔne; menam ananafoɔ so bɛsɛe asase no ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa. Me Awurade na maka.
13 主なる神はこう言われる、わたしは偶像をこわし、メンピスで偶像を滅ぼす。エジプトの国には、もはや君たる者がなくなる。わたしはエジプトの国に恐れを与える。
“‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: “‘Mɛsɛe ahoni no na mede Memfis nsɛsodeɛ ahodoɔ aba awieeɛ. Misraim renya mmapɔmma bio, na mɛma ehu aba asase no so nyinaa.
14 わたしはパテロスを荒し、ゾアンに火を放ち、テーベにさばきをおこない、
Mɛsɛe Misraim Atifi, ato Soan mu ogya na matwe Tebes aso.
15 わたしの怒りを、エジプトの要害であるペルシゥムに注ぎ、テーベの群衆を断ち、
Mehwie mʼabufuhyeɛ agu Pɛlusum so Misraim banbɔ denden no, na matwa Tebes nnipa bebrebe no agu.
16 エジプトに火を下す。ペルシゥムはいたく苦しみ、テーベは打ち破られ、その城壁は破壊され、
Mɛto Misraim mu ogya; Pɛlusum de ɔyea bɛnukanuka ne mu. Ahum bɛbu afa Tebes so; na Memfis bɛdi abooboo ɛda biara.
17 オンとピベセテの若者はつるぎに倒れ、女たちは捕え移される。
Heliopolis ne Bubastis mmeranteɛ bɛtotɔ wɔ akofena ano, na nkuropɔn no ankasa bɛkɔ nnommumfa mu.
18 わたしがエジプトの支配を砕く時、テパネスでは日は暗くなり、その誇る力は絶え、雲はこれをおおい、その娘たちは捕え移される。
Esum kabii bɛduru Tapanhes ɛda no, sɛ mebubu Misraim kɔnnua no a; ɛhɔ na nʼahomasoɔ ahoɔden bɛba awieeɛ. Omununkum bɛkata ne so, na ne nkuraase bɛkɔ nnommumfa mu.
19 このようにわたしはエジプトにさばきを行う。そのとき彼らはわたしが主であることを知る」。
Ɛno enti mɛtwe Misraim aso, na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.’”
20 第十一年の一月七日に主の言葉がわたしに臨んだ、
Afe a ɛtɔ so dubaako no bosome a ɛdi ɛkan no ɛda a ɛtɔ so nson no, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
21 「人の子よ、わたしはエジプトの王パロの腕を折った。見よ、これは包まれず、いやされず、ほうたいをも施されない。それは強くなって、つるぎを執ることができない。
“Onipa ba, mabu Misraimhene Farao abasa mu. Wɔnkyekyereeɛ na atoa bio; na wɔmmfa nhyɛɛ ntoma bamma mu na anya ahoɔden a ɔde bɛsɔ akofena mu.
22 それゆえ、主なる神はこう言われる、見よ、わたしはエジプトの王パロを攻め、その強い腕と、折れた腕とを共に折り、その手からつるぎを落させる。
Ɛno enti, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ: Mene Misraimhene Farao anya, mɛbu nʼabasa mmienu no mu; abasa a ɛyɛ ne deɛ a emu abuo no, na mama akofena afiri ne nsam atɔ fam.
23 わたしはエジプトびとを、もろもろの国民の中に散らし、国々に散らす。
Mede Misraimfoɔ bɛkokɔ amanaman mu na mahwete wɔn agu nsase so.
24 わたしはバビロンの王の腕を強くし、わたしのつるぎを、その手に与える。しかしわたしはパロの腕を折るゆえ、彼は深手を負った者のように、彼の前にうめく。
Mɛhyɛ Babiloniahene basa mu den na mede mʼakofena ahyɛ ne nsa, nanso Farao deɛ, mɛbu nʼabasa mu, na wasi apinie wɔ nʼanim sɛ obi a wapira pirabɔne.
25 わたしがバビロンの王の腕を強くし、パロの腕がたれる時、彼らはわたしが主であることを知る。わたしがわたしのつるぎを、バビロンの王に授け、これをエジプトの国に向かって伸べさせ、
Mɛma Babiloniahene abasa mu ayɛ den, nanso Farao abasa bɛdwodwo asensɛn ne ho. Sɛ mede mʼakofena hyɛ Babiloniahene nsa na ɔma so tia Misraim a, wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.
26 わたしがエジプトびとを、もろもろの国民の中に散らし、国々に散らす時、彼らはわたしが主であることを知る」。
Mede Misraimfoɔ bɛkokɔ amanaman mu na mahwete wɔn agu nsase no so. Ɛno na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.”

< エゼキエル書 30 >