< エゼキエル書 18 >

1 主の言葉がわたしに臨んだ、
Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ,
2 「あなたがたがイスラエルの地について、このことわざを用い、『父たちが、酢いぶどうを食べたので子供たちの歯がうく』というのはどんなわけか。
“Sɛ mo saa nkurɔfoɔ yi bu saa bɛ a ɛfa Israel asase yi ho a, na mopɛ sɛ mokyerɛ ɛdeɛn: “‘Agyanom adi bobe bunu, nanso wɔn mma mmom se afem anaa?’
3 主なる神は言われる、わたしは生きている、あなたがたは再びイスラエルでこのことわざを用いることはない。
“Nokorɛm, sɛ mete ase yi, sei na Awurade seɛ, moremmu saa bɛ yi bio wɔ Israel.
4 見よ、すべての魂はわたしのものである。父の魂も子の魂もわたしのものである。罪を犯した魂は必ず死ぬ。
Ɔkra teasefoɔ biara wɔ me, agya ne ɔba barima nyinaa, wɔn nyinaa wɔ me. Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ne deɛ ɔbɛwuo.
5 人がもし正しくあって、公道と正義とを行い、
“Sɛ ɛba sɛ onipa tenenee bi wɔ hɔ a ɔyɛ deɛ ɛtene na ɛyɛ pɛ;
6 山の上で食事をせず、また目をあげてイスラエルの家の偶像を仰がず、隣り人の妻を犯さず、汚れの時にある女に近づかず、
ɔnnidi wɔ mmepɔ so abosonnan mu na ɔnsom ahoni a wɔwɔ Israel efie. Ɔngu ne yɔnko yere ho fi na ɔne ɔbaa a wabu ne nsa nna.
7 だれをもしえたげず、質物を返し、決して奪わず、食物を飢えた者に与え、裸の者に衣服を着せ、
Ɔnhyɛ obiara so, na ɔde boseagyeni awowasideɛ sane ma no. Ɔmmɔ korɔno mmom ɔde nʼaduane ma deɛ ɛkɔm de no na ɔfira deɛ ɔda adagya no ntoma.
8 利息や高利をとって貸さず、手をひいて悪を行わず、人と人との間に真実のさばきを行い、
Ɔmmɔ bosea nye nsiho na ɔnnye mfɛntom mmorosoɔ. Ɔtwe ne ho firi mfomsoɔyɛ ho na ɔbu nnipa baanu ntam atɛntenenee.
9 わたしの定めに歩み、わたしのおきてを忠実に守るならば、彼は正しい人である。彼は必ず生きることができると、主なる神は言われる。
Ɔdi mʼahyɛdeɛ so na ɔdi me mmara so nokorɛm. Saa onipa no na ɔtene; na ampa ara ɔbɛnya nkwa Awurade asɛm nie.
10 しかし彼が子を生み、その子が荒い者で、人の血を流し、これらの義務の一つをも行わず、
“Sɛ ɛba sɛ ɔwɔ ɔba barima a ɔdi akakabensɛm na ɔhwie mogya gu anaasɛ ɔyɛ saa nneɛma yi mu biara a
11 かえって山の上で食事をし、隣り人の妻を犯し、
(bɔne a nʼagya mpo anyɛ bi da): “Ɔdidi wɔ mmepɔ so abosonnan mu. Ɔgu ne yɔnko yere ho fi.
12 乏しい者や貧しい者をしえたげ、物を奪い、質物を返さず、目をあげて偶像を仰ぎ、憎むべき事をおこない、
Ɔhyɛ ahiafoɔ ne mmɔborɔfoɔ so. Ɔbɔ korɔno. Ɔmmfa boseagyeni awowasideɛ mma no. Ɔde ne ho to abosom so. Ɔyɛ akyiwadeɛ.
13 利息や高利をとって貸すならば、その子は生きるであろうか。彼は生きることはできない。彼はこれらの憎むべき事をしたので、必ず死に、その血は彼自身に帰する。
Ɔbɔ bosea gye nsiho na ɔgye mfɛntom mmorosoɔ. Saa onipa yi bɛnya nkwa anaa? Dabi! Esiane sɛ wayɛ saa akyiwadeɛ yi nyinaa enti, ampa ara, wɔbɛkum no na ne mogya bɛbɔ nʼankasa tiri so.
14 しかし彼が子を生み、その子が父の行ったすべての罪を見て、恐れ、そのようなことを行わず、
“Nanso sɛ ɛba sɛ saa ɔbabarima yi wɔ ɔbabarima a ɔhunu bɔne a nʼagya yɛ no nyinaa nanso ɔnnyɛ saa nneɛma no bi:
15 山の上で食事せず、目をあげてイスラエルの家の偶像を仰がず、隣り人の妻を犯さず、
“Ɔnnidi wɔ mmepɔ so abosonnan mu na ɔmfa ne ho nto ahoni a ɛwɔ Israel efie so. Ɔngu ne yɔnko yere ho fi.
16 だれをもしえたげず、質物をひき留めず、物を奪わず、かえって自分の食物を飢えた者に与え、裸の者に衣服を着せ、
Ɔnhyɛ obiara so na ɔnnye boseagyeni hɔ awowasideɛ. Ɔmmɔ korɔno, mmom ɔde nʼaduane ma deɛ ɛkɔm de noɔ na ɔfira deɛ ɔda adagya no ntoma.
17 その手をひいて悪を行わず、利息や高利をとらず、わたしのおきてを行い、わたしの定めに歩むならば、彼はその父の悪のために死なず、必ず生きる。
Ɔtwe ne ho firi bɔne ho, na ɔnnye nsiho anaa mfɛntom mmorosoɔ. Ɔdi me mmara ne mʼahyɛdeɛ so. Ɔrenwu wɔ nʼagya no bɔne nti; ampa ara ɔbɛnya nkwa.
18 しかしその父は人をかすめ、その兄弟の物を奪い、その民の中で良くない事を行ったゆえ、見よ、彼はその悪のために死ぬ。
Nanso nʼagya no bɛwu wɔ ɔno ara bɔne enti, ɛfiri sɛ ɔsisii nnipa, bɔɔ ne yɔnko korɔno, na ɔyɛɛ bɔne wɔ ne nkurɔfoɔ mu.
19 しかしあなたがたは、『なぜ、子は父の悪を負わないのか』と言う。子は公道と正義とを行い、わたしのすべての定めを守っておこなったので、必ず生きるのである。
“Nanso mobisa sɛ, ‘Adɛn enti na ɔbabarima no nnya nʼagya afɔdie no bi ho asotwe?’ Esiane sɛ ɔbabarima no ayɛ deɛ ɛtene na ɛyɛ pɛ na wahwɛ yie adi mʼahyɛdeɛ nyinaa so enti, ampa ara ɔbɛnya nkwa.
20 罪を犯す魂は死ぬ。子は父の悪を負わない。父は子の悪を負わない。義人の義はその人に帰し、悪人の悪はその人に帰する。
Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ne deɛ ɔbɛwuo. Ɔbabarima no rennya nʼagya afɔdie no ho asotwe bi, saa ara na agya no nso rennya ɔbabarima no afɔdie ho asotwe no bi. Ɔteneneeni adeteneneeyɛ no bɛdi ama no, na wɔde omumuyɛfoɔ amumuyɛsɛm bɛbu atia no.
21 しかし、悪人がもしその行ったもろもろの罪を離れ、わたしのすべての定めを守り、公道と正義とを行うならば、彼は必ず生きる。死ぬことはない。
“Na sɛ omumuyɛfoɔ twe ne ho firi bɔne a wayɛ nyinaa ho, na ɔdi mʼahyɛdeɛ so, na afei ɔyɛ deɛ ɛtene ne deɛ ɛyɛ papa a, ampa ara ɔbɛnya nkwa na ɔrenwu.
22 その犯したもろもろのとがは、彼に対して覚えられない。彼はそのなした正しい事のために生きる。
Wɔrennyina bɔne a wayɛ no mu biara so mmu no atɛn. Ne tenenee nneyɛɛ enti, ɔbɛnya nkwa.
23 主なる神は言われる、わたしは悪人の死を好むであろうか。むしろ彼がそのおこないを離れて生きることを好んでいるではないか。
Mʼani gye amumuyɛfoɔ wuo ho anaa? Otumfoɔ Awurade bisa. Sɛ wɔtwe wɔn ho firi wɔn akwammɔne ho na wɔnya nkwa a, mʼani nnye anaa?
24 しかし義人がもしその義を離れて悪を行い、悪人のなすもろもろの憎むべき事を行うならば、生きるであろうか。彼が行ったもろもろの正しい事は覚えられない。彼はその犯したとがと、その犯した罪とのために死ぬ。
“Na sɛ ɔteneneeni twe ne ho firi ne tenenee adeyɛ ho, kɔyɛ bɔne, na ɔyɛ akyiwadeɛ a amumuyɛfoɔ yɛ a, ɔbɛnya nkwa anaa? Wɔrenkae ne tenenee nneyɛɛ no. Esiane sɛ ɔdi nokorɛdie ho fɔ na wayɛ bɔne enti, ɔbɛwu.
25 しかしあなたがたは、『主のおこないは正しくない』と言う。イスラエルの家よ、聞け。わたしのおこないは正しくないのか。正しくないのは、あなたがたのおこないではないか。
“Nanso moka sɛ, ‘Awurade ɛkwan ntene.’ Montie, Israel efie, Me ɛkwan ntene anaa? Ɛnyɛ mo akwan mmom na ɛntene?
26 義人がその義を離れて悪を行い、そのために死ぬならば、彼は自分の行った悪のために死ぬのである。
Sɛ ɔteneneeni twe ne ho firi ne tenenee nneyɛɛ ho na ɔkɔyɛ bɔne a, ɛno enti ɔbɛwu, bɔne a wayɛ enti, ɔbɛwu.
27 しかし悪人がその行った悪を離れて、公道と正義とを行うならば、彼は自分の命を救うことができる。
Nanso sɛ omumuyɛfoɔ twe ne ho firi amumuyɛsɛm a wayɛ ho, na ɔyɛ deɛ ɛtene ne deɛ ɛyɛ papa a, ɔbɛgye ne kra nkwa.
28 彼は省みて、その犯したすべてのとがを離れたのだから必ず生きる。死ぬことはない。
Esiane sɛ wahunu ne mmarato na watwe ne ho afiri ho enti, ɔbɛnya nkwa na ɔrenwu.
29 しかしイスラエルの家は『主のおこないは正しくない』と言う。イスラエルの家よ、わたしのおこないは、はたして正しくないのか。正しくないのは、あなたがたのおこないではないか。
Nanso, Israel efie ka sɛ, ‘Awurade ɛkwan ntene.’ Mʼakwan ntene? Israel efie, ɛnyɛ mo akwan mmom na ɛntene anaa?
30 それゆえ、イスラエルの家よ、わたしはあなたがたを、おのおのそのおこないに従ってさばくと、主なる神は言われる。悔い改めて、あなたがたのすべてのとがを離れよ。さもないと悪はあなたがたを滅ぼす。
“Ɛno enti, Israel efie, mɛbu mo mu biara atɛn sɛdeɛ nʼakwan teɛ, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ. Monsakra mo adwene! Montwe mo ho mfiri mo mmaratoɔ nyinaa ho; na afei bɔne remfa mo nkɔ asehweɛ mu bio.
31 あなたがたがわたしに対しておこなったすべてのとがを捨て去り、新しい心と、新しい霊とを得よ。イスラエルの家よ、あなたがたはどうして死んでよかろうか。
Monto mfomsoɔ a moayɛ nyinaa ngu na moanya akoma foforɔ ne honhom foforɔ. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mowuo, Ao Israel efie?
32 わたしは何人との死をも喜ばないのであると、主なる神は言われる。それゆえ、あなたがたは翻って生きよ」。
Mʼani nnye obiara owuo ho, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ. ‘Monsakra mo adwene na moanya nkwa!’

< エゼキエル書 18 >