< 出エジプト記 18 >

1 さて、モーセのしゅうと、ミデアンの祭司エテロは、神がモーセと、み民イスラエルとにされたすべての事、主がイスラエルをエジプトから導き出されたことを聞いた。
Ankyɛre biara na Mose ase, Midian ɔsɔfoɔ Yetro, tee anwanwadeɛ a Onyankopɔn ayɛ ama ne nkurɔfoɔ Israelfoɔ ne Mose, ne sɛdeɛ Awurade ayi wɔn afiri Misraim asase so no.
2 それでモーセのしゅうと、エテロは、さきに送り返されていたモーセの妻チッポラと、
Mose de ne yere Sipora kɔeɛ no, nʼase Yetro gyee no
3 そのふたりの子とを連れてきた。そのひとりの名はゲルショムといった。モーセが、「わたしは外国で寄留者となっている」と言ったからである。
a na ne mmammarima baanu ka ne ho. Mose too ne babarima a na ɔyɛ nʼabakan no edin Gersom a ɔkyerɛ aseɛ sɛ, “Mabɛyɛ ɔhɔhoɔ ananafoɔ asase so.”
4 ほかのひとりの名はエリエゼルといった。「わたしの父の神はわたしの助けであって、パロのつるぎからわたしを救われた」と言ったからである。
Na ne babarima a ɔtɔ so mmienu no nso, ɔtoo ne edin Elieser a ɔkyerɛ aseɛ sɛ “Mʼagyanom Onyankopɔn no yɛ me ɔboafoɔ. Ɔgyee me firii Farao akofena ano.”
5 こうしてモーセのしゅうと、エテロは、モーセの妻子を伴って、荒野に行き、神の山に宿営しているモーセの所にきた。
Yetro kɔsraa Mose. Ɔde Mose yere ne ne mmammarima baanu no kaa ne ho. Wɔduruiɛ no, na Mose ne nnipa no abɔ atenaeɛ wɔ Onyankopɔn bepɔ no ho.
6 その時、ある人がモーセに言った、「ごらんなさい。あなたのしゅうと、エテロは、あなたの妻とそのふたりの子を連れて、あなたの所にこられます」。
Wɔka kyerɛɛ Mose sɛ, “Wʼase Yetro reba abɛsra wo. Wo yere ne wo mmammarima baanu no ka ne ho.”
7 そこでモーセはしゅうとを出迎えて、身をかがめ、彼に口づけして、互に安否を問い、共に天幕にはいった。
Mose sɔre kɔhyiaa nʼase. Ɔkotoo no anidie mu gyee no fɛ so. Wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛdeɛ wɔn apɔ mu te. Afei, wɔkɔɔ Mose ntomadan no mu kɔtoaa wɔn amanneɛdie so.
8 そしてモーセは、主がイスラエルのために、パロとエジプトびととにされたすべての事、道で出会ったすべての苦しみ、また主が彼らを救われたことを、しゅうとに物語ったので、
Mose kaa nsɛm a asisie nyinaa kyerɛɛ nʼase no. Ɔkaa deɛ Awurade ayɛ atia Farao ne Misraimfoɔ a ɔnam so agye Israelfoɔ, ayi wɔn afiri Misraim, asane ayi wɔn afiri ɔhaw ne abɛbrɛsɛ mu no nso kyerɛɛ no.
9 エテロは主がイスラエルをエジプトびとの手から救い出して、もろもろの恵みを賜わったことを喜んだ。
Yetro tee deɛ Awurade ayɛ ama Israel, ne titire no, sɛdeɛ ɔyii wɔn firii Misraim no, nʼani gyee yie.
10 そしてエテロは言った、「主はほむべきかな。主はあなたがたをエジプトびとの手と、パロの手から救い出し、民をエジプトびとの手の下から救い出された。
Yetro kaa sɛ, “Nhyira nka Awurade sɛ wagye mo afiri Misraimfoɔ ne Farao nsam, na wagye ɔman Israel nso.
11 今こそわたしは知った。実に彼らはイスラエルびとにむかって高慢にふるまったが、主はあらゆる神々にまさって大いにいますことを」。
Afei, mahunu sɛ Awurade yɛ kɛse sene onyame biara, ɛfiri sɛ, wagye ne nkurɔfoɔ afiri Misraimfoɔ ahantanfoɔ ne atirimuɔdenfoɔ nsam.”
12 そしてモーセのしゅうとエテロは燔祭と犠牲を神に供え、アロンとイスラエルの長老たちもみなきて、モーセのしゅうとと共に神の前で食事をした。
Yetro de ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ baeɛ na ɔbɔɔ afɔdeɛ maa Onyankopɔn. Akyire no, Aaron ne Israel mpanimfoɔ no baa Yetro nkyɛn. Wɔn nyinaa too nsa dii afɔreduane no wɔ Awurade anim.
13 あくる日モーセは座して民をさばいたが、民は朝から晩まで、モーセのまわりに立っていた。
Adeɛ kyeeɛ no, Mose tenaa ase firii anɔpa kɔsii anwummerɛ tiee nsɛmpɔ a asisi wɔ nnipa no mu.
14 モーセのしゅうとは、彼がすべて民にしていることを見て、言った、「あなたが民にしているこのことはなんですか。あなたひとりが座し、民はみな朝から晩まで、あなたのまわりに立っているのはなぜですか」。
Mose ase no hunuu brɛ a ɔrebrɛ nnipa no ho no, ɔbisaa no sɛ, “Adɛn enti na wopɛ sɛ wo nko ara wodi dwuma kɛseɛ yi a enti nnipa gyina wo so saa ara firi anɔpa kɔsi anwummerɛ yi?”
15 モーセはしゅうとに言った、「民が神に伺おうとして、わたしの所に来るからです。
Mose buaa sɛ, “Nnipa no de akasakasa bi a asisi wɔn ntam bɛtoo mʼanim sɛ memmisa Onyankopɔn akwankyerɛ.
16 彼らは事があれば、わたしの所にきます。わたしは相互の間をさばいて、神の定めと判決を知らせるのです」。
Sɛ akyinnyeɛ bi ba wɔn ntam a, wɔba ma mesiesie. Mekyerɛ wɔn Onyankopɔn mmara ne nʼapɛdeɛ.”
17 モーセのしゅうとは彼に言った、「あなたのしていることは良くない。
Nʼase no kaa sɛ, “Deɛ woreyɛ no nyɛ.
18 あなたも、あなたと一緒にいるこの民も、必ず疲れ果てるであろう。このことはあなたに重過ぎるから、ひとりですることができない。
Worekum wo ho na sɛ wowu a, nnipa yi bɛyɛ dɛn? Mose, adwuma yi so dodo sɛ wo nko ara wobɛyɛ.
19 今わたしの言うことを聞きなさい。わたしはあなたに助言する。どうか神があなたと共にいますように。あなたは民のために神の前にいて、事件を神に述べなさい。
Tie fo a merebɛtu wo yi na Onyankopɔn bɛhyira wo. Kɔ so ara si nnipa no anan wɔ Onyankopɔn anim na fa wɔn haw to nʼanim.
20 あなたは彼らに定めと判決を教え、彼らの歩むべき道と、なすべき事を彼らに知らせなさい。
Kyerɛ wɔn Onyankopɔn akwan a wɔmfa so ntena ase.
21 また、すべての民のうちから、有能な人で、神を恐れ、誠実で不義の利を憎む人を選び、それを民の上に立てて、千人の長、百人の長、五十人の長、十人の長としなさい。
Na hwehwɛ nnipa bi a wɔyɛ nyamesurofoɔ na wɔyɛ nokwafoɔ a wɔmpɛ adanmudegyeɛ, na wɔn mu baako biara nyɛ nnipa apem so ɔtemmufoɔ. Ɛsɛ sɛ saa onipa no nya atemmufoɔ edu hyɛ nʼase na wɔn mu baako biara ahwɛ nnipa ɔha so. Na wɔn ase no, wɔbɛyi atemmufoɔ baanu a wɔbɛhwɛ nnipa aduonum so, na wɔn nso, atemmufoɔ baanum bɛhyɛ wɔn mu biara ase na wɔatu nnipa edu fo.
22 平素は彼らに民をさばかせ、大事件はすべてあなたの所に持ってこさせ、小事件はすべて彼らにさばかせなさい。こうしてあなたを身軽にし、あなたと共に彼らに、荷を負わせなさい。
Ma saa nnipa yi nni wɔn ho ni na wɔnni nokorɛ daa. Asɛm biara a ɛho hia anaa ɛkyere adwene no, wɔmfa mmra wʼanim. Wɔn ankasa nhwɛ nka nsɛm nketenkete a ɛbɛba wɔn anim. Sɛ wofa saa ɛkwan yi so a, adwuma no bɛyɛ mmerɛ ama wo, ɛfiri sɛ, woakyekyɛ nnwuma no ama wɔn.
23 あなたが、もしこの事を行い、神もまたあなたに命じられるならば、あなたは耐えることができ、この民もまた、みな安んじてその所に帰ることができよう」。
Sɛ wotie afotuo no na Onyankopɔn nso pene so a, wobɛtumi agyina asɛm biara ano na asomdwoeɛ aba.”
24 モーセはしゅうとの言葉に従い、すべて言われたようにした。
Mose tiee nʼase afotuo no dii so pɛpɛɛpɛ.
25 すなわち、モーセはすべてのイスラエルのうちから有能な人を選んで、民の上に長として立て、千人の長、百人の長、五十人の長、十人の長とした。
Ɔyiyii nnipa pa a wɔwɔ Israelman mu nyinaa de wɔn yɛɛ atemmufoɔ—apem apem, ɔha ɔha, aduonum aduonum ne edu edu.
26 平素は彼らが民をさばき、むずかしい事件はモーセに持ってきたが、小さい事件はすべて彼らみずからさばいた。
Na wɔbuu ɔman no atɛn berɛ nyinaa mu. Wɔde nsɛm akɛseɛ no maa Mose na wɔn nso dii nsɛm nketewa no.
27 こうしてモーセはしゅうとを送り返したので、その国に帰って行った。
Akyire no, Mose gyaa nʼase ɛkwan ma ɔkɔɔ ne kurom.

< 出エジプト記 18 >