< 伝道者の書 7 >

1 良き名は良き油にまさり、死ぬる日は生るる日にまさる。
Edin pa yɛ sene aduhwam papa, na owuda yɛ sene awoda.
2 悲しみの家にはいるのは、宴会の家にはいるのにまさる。死はすべての人の終りだからである。生きている者は、これを心にとめる。
Ɛyɛ sɛ obi bɛkɔ ayie ase sene sɛ ɔbɛkɔ apontoɔ ase, ɛfiri sɛ owuo yɛ onipa biara hyɛberɛ na ɛsɛ sɛ ateasefoɔ hyɛ yei nso.
3 悲しみは笑いにまさる。顔に憂いをもつことによって、心は良くなるからである。
Awerɛhoɔ yɛ sene ɔsereɛ, ɛfiri sɛ, anim a ayɛ mmɔbɔ mmɔbɔ de akoma mu nsiesie pa ba.
4 賢い者の心は悲しみの家にあり、愚かな者の心は楽しみの家にある。
Onyansafoɔ akoma wɔ ayie ase, nanso nkwaseafoɔ akoma wɔ ahosɛpɛfoɔ fie.
5 賢い者の戒めを聞くのは、愚かな者の歌を聞くのにまさる。
Ɛyɛ sɛ wɔbɛtie onyansafoɔ animka sene sɛ wɔbɛtie nkwaseafoɔ dwom.
6 愚かな者の笑いはかまの下に燃えるいばらの音のようである。これもまた空である。
Sɛdeɛ nkasɛɛ turituri wɔ ɛsɛn ase no saa ara na nkwaseafoɔ sereɛ teɛ. Yei nso yɛ ahuhudeɛ.
7 たしかに、しえたげは賢い人を愚かにし、まいないは人の心をそこなう。
Nsisie ma onyansafoɔ dane ɔkwasea, na kɛtɛasehyɛ sɛe akoma.
8 事の終りはその初めよりも良い。耐え忍ぶ心は、おごり高ぶる心にまさる。
Asɛm awieeɛ yɛ sene ne ahyɛaseɛ, na ntoboaseɛ yɛ sene ahantan.
9 気をせきたてて怒るな。怒りは愚かな者の胸に宿るからである。
Mma wʼakoma nsɔre ntɛm ntɛm na abufuo da wo nso sɛ ɔkwasea.
10 「昔が今よりもよかったのはなぜか」と言うな。あなたがこれを問うのは知恵から出るのではない。
Ɛnka sɛ, “Adɛn enti na tete nna no yɛ sene ɛnnɛ mmerɛ yi?” Onyansafoɔ mmisa nsɛm sei.
11 知恵に財産が伴うのは良い。それは日を見る者どもに益がある。
Nimdeɛ, sɛ agyapadeɛ no, yɛ adepa. Ɛho wɔ mfasoɔ ma wɔn a wɔhunu owia.
12 知恵が身を守るのは、金銭が身を守るようである。しかし、知恵はこれを持つ者に生命を保たせる。これが知識のすぐれた所である。
Sɛdeɛ nimdeɛ yɛ banbɔ no saa ara na sika nso teɛ, nanso nhunumu ho adeɛ a ɛyɛ ne sɛ: deɛ ɔwɔ nimdeɛ no bɔ ne nkwa ho ban.
13 神のみわざを考えみよ。神の曲げられたものを、だれがまっすぐにすることができるか。
Dwene deɛ Onyankopɔn ayɛ ho: Hwan na ɔbɛtumi atene deɛ wayɛ ama akyea?
14 順境の日には楽しめ、逆境の日には考えよ。神は人に将来どういう事があるかを、知らせないために、彼とこれとを等しく造られたのである。
Mmere pa mu, ma wʼani nnye; nanso mmere bɔne mu, hunu sɛ Onyankopɔn na wayɛ ne nyinaa. Ɛno enti onipa ntumi nhunu deɛ ɛbɛto no daakye.
15 わたしはこのむなしい人生において、もろもろの事を見た。そこには義人がその義によって滅びることがあり、悪人がその悪によって長生きすることがある。
Me nkwa nna a ɛyɛ ahuhudeɛ yi mu, mahunu nneɛma mmienu: Ɔteneneeni a ɔwu wɔ ne tenenee mu, ne omumuyɛfoɔ a ɔtena ase kyɛ wɔ nʼamumuyɛ mu.
16 あなたは義に過ぎてはならない。また賢きに過ぎてはならない。あなたはどうして自分を滅ぼしてよかろうか。
Ɛnyɛ wo ho ɔteneneeni ntra so, na ɛnyɛ wo ho onyansafoɔ mmoro so, adɛn enti na wosɛe wo ho?
17 悪に過ぎてはならない。また愚かであってはならない。あなたはどうして、自分の時のこないのに、死んでよかろうか。
Ɛnyɛ omumuyɛfoɔ ntra so, na ɛnyɛ ɔkwasea nso, adɛn enti na ɛsɛ sɛ wowu ansa na wo berɛ aso?
18 あなたがこれを執るのはよい、また彼から手を引いてはならない。神をかしこむ者は、このすべてからのがれ出るのである。
Ɛyɛ sɛ wobɛsɔ baako mu nanso nnyaa deɛ aka no mu. Onipa a ɔsuro Onyankopɔn no bɛsi adeyɛ mmorosoɔ biara ano.
19 知恵が知者を強くするのは、十人のつかさが町におるのにまさる。
Nimdeɛ ma onyansafoɔ baako tumi bebree sene kuropɔn mu sodifoɔ edu.
20 善を行い、罪を犯さない正しい人は世にいない。
Onipa teneneeni biara nni asase so a ɔyɛ papa na ɔnyɛ bɔne da.
21 人の語るすべての事に心をとめてはならない。これはあなたが、自分のしもべのあなたをのろう言葉を聞かないためである。
Mfa deɛ nnipa ka nyinaa nyɛ asɛm, anyɛ saa a, wobɛte sɛ wo ɔsomfoɔ redome wo,
22 あなたもまた、しばしば他人をのろったのを自分の心に知っているからである。
na wonim wɔ wʼakoma sɛ, wo nso woadome nkurɔfoɔ mpɛn bebree.
23 わたしは知恵をもってこのすべての事を試みて、「わたしは知者となろう」と言ったが、遠く及ばなかった。
Mede nimdeɛ asɔ yeinom nyinaa ahwɛ, na mekaa sɛ, “Masi mʼadwene pi sɛ mɛyɛ onyansafoɔ” nanso na yei boro me so.
24 物事の理は遠く、また、はなはだ深い。だれがこれを見いだすことができよう。
Sɛdeɛ nimdeɛ teɛ biara, ɛwɔ akyiri, na emu dɔ, hwan na ɔbɛtumi ahwehwɛ ahunu?
25 わたしは、心を転じて、物を知り、事を探り、知恵と道理を求めようとし、また悪の愚かなこと、愚痴の狂気であることを知ろうとした。
Afei meyɛɛ mʼadwene sɛ mɛte aseɛ, ayɛ nhwehwɛmu na mapɛɛpɛɛ nimdeɛ ne sɛdeɛ nneɛma nhyehyɛeɛ teɛ na mate amumuyɛ mu agyimisɛm ase ne nkwaseasɛm mu abɔdamsɛm nso.
26 わたしは、その心が、わなと網のような女、その手が、かせのような女は、死よりも苦い者であることを見いだした。神を喜ばす者は彼女からのがれる。しかし罪びとは彼女に捕えられる。
Mahunu deɛ ɛyɛ nwono sene owuo ɔbaa a ɔyɛ afidie; nʼakoma yɛ nnaadaa na ne nsa yɛ mpɔkyerɛ. Onipa a ɔsɔ Onyankopɔn ani no renkɔ ne ho nanso ɔbɔnefoɔ deɛ, ɔbɛtɔ nʼafidie mu.
27 伝道者は言う、見よ、その数を知ろうとして、いちいち数えて、わたしが得たものはこれである。
Ɔsɛnkafoɔ no sɛ, “Hwɛ yei ne deɛ mahwehwɛ ahunu: “Mekekaa nneɛma bobɔɔ so pɛɛ sɛ mehunu sɛdeɛ nneɛma nhyehyɛeɛ teɛ.
28 わたしはなおこれを求めたけれども、得なかった。わたしは千人のうちにひとりの男子を得たけれども、そのすべてのうちに、ひとりの女子をも得なかった。
Mereyɛ nhwehwɛ mu na menhunu hwee no, mehunuu ɔbarima teneneeni baako wɔ mmarima apem mu, nanso manhunu ɔbaa teneneeni biara wɔ wɔn mu.
29 見よ、わたしが得た事は、ただこれだけである。すなわち、神は人を正しい者に造られたけれども、人は多くの計略を考え出した事である。
Yei nko ara na mahunu: Onyankopɔn yɛɛ adasamma teneneefoɔ, nanso nnipa adane wɔn ho hwehwɛ nhyehyɛeɛ foforɔ.”

< 伝道者の書 7 >