< 伝道者の書 11 >

1 あなたのパンを水の上に投げよ、多くの日の後、あなたはそれを得るからである。
To wo burodo gu nsuo ani, na daakye bi wo nsa bɛka bio.
2 あなたは一つの分を七つまた八つに分けよ、あなたは、どんな災が地に起るかを知らないからだ。
Kyekyɛ mu ma nnipa baason, mpo nnipa baawɔtwe, ɛfiri sɛ, wonnim amanehunu a ɛbɛba asase no so.
3 雲がもし雨で満ちるならば、地にそれを注ぐ、また木がもし南か北に倒れるならば、その木は倒れた所に横たわる。
Sɛ omununkum mu wɔ nsuo a, ɛtɔ gu asase so. Sɛ dua bi bu hwe anafoɔ fam anaa atifi fam a, deɛ ɛhweeɛ no, ɛhɔ ara na ɛbɛda.
4 風を警戒する者は種をまかない、雲を観測する者は刈ることをしない。
Obiara a ɔtwɛn ewiem nsakraeɛ no rennua, na deɛ ɔhwɛ omununkum no nso rentwa.
5 あなたは、身ごもった女の胎の中で、どうして霊が骨にはいるかを知らない。そのようにあなたは、すべての事をなされる神のわざを知らない。
Sɛdeɛ wonhunu ɛkwan a mframa nam soɔ, anaa sɛdeɛ wɔnwono onipadua wɔ yafunu mu no, saa ara na worentumi nte Onyankopɔn nnwuma ase. Adeɛ nyinaa Yɛfoɔ no.
6 朝のうちに種をまけ、夕まで手を休めてはならない。実るのは、これであるか、あれであるか、あるいは二つともに良いのであるか、あなたは知らないからである。
Dua wʼaba anɔpa, na anwummerɛ nso ma wo nsa nna ho, na wonnim deɛ ɛbɛyɛ yie, sɛ yei anaa yei anaasɛ ebia mmienu no nyinaa bɛyɛ yie.
7 光は快いものである。目に太陽を見るのは楽しいことである。
Hann yɛ fɛ; na ɛyɛ aniwa dɛ sɛ ɔhunu owia.
8 人が多くの年、生きながらえ、そのすべてにおいて自分を楽しませても、暗い日の多くあるべきことを忘れてはならない。すべて、きたらんとする事は皆空である。
Mfeɛ dodoɔ a onipa bɛtena nkwa yi mu nyinaa ɛsɛ sɛ ɔnya ahotɔ. Nanso ɛsɛ sɛ ɔkae nnabɔne na ɛbɛdɔɔso. Biribiara a ɛbɛba no yɛ ahuhudeɛ.
9 若い者よ、あなたの若い時に楽しめ。あなたの若い日にあなたの心を喜ばせよ。あなたの心の道に歩み、あなたの目の見るところに歩め。ただし、そのすべての事のために、神はあなたをさばかれることを知れ。
Ma wʼani nnye, aberanteɛ, ɛberɛ a woyɛ ɔbabunu, ma wʼakoma mma wo anigyeɛ wɔ wo mmeranteberɛ mu. Di deɛ wʼakoma pɛ ne deɛ wʼaniwa hunu akyi, nanso hunu sɛ yeinom nyinaa ho Onyankopɔn de wo bɛba atemmuo mu.
10 あなたの心から悩みを去り、あなたのからだから痛みを除け。若い時と盛んな時はともに空だからである。
Enti yi adwendwene biara firi wʼakoma mu na to ɔhaw biara a ɛwɔ wo mu no gu, ɛfiri sɛ mmeranteyɛ ne ahoɔden yɛ ahuhudeɛ.

< 伝道者の書 11 >